Hiob 4 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

Elifas asɛnka a edi kan: So Onyankopɔn twe nea odi bem aso

1Ɛnna Temanni Elifas bua kae sɛ:

2Sɛ obi ka asɛm yi ho bi kyerɛ wo a,

ɛbɛyɛ wo ahometew anaa?

Nanso etwa sɛ mekasa ara?

3Hwɛ, wo na woateɛteɛ nnipa bebree so,

na nsa a agow no, woahyɛ no den;

4wo nsɛm ama nea ɔrebɛhwe ase agyina,

na nankoroma a agurow no, woahyɛ no den.

5Na afei ɛtoo wo yi, woagyigya,

ɛkaa wo yi, woayɛ basaa.

6So ɛnyɛ wo nyamesuro ne nea wode wo ho to so,

na w’akwan a ɛteɛ ne w’anidaso?

7Kae ɛ, hena na ɔnyɛɛ bɔne bi na wɔasɛe no,

anaa ɛhe na wɔapopa atreneefo pɛn?

8 Mmb 22.8 Manya no nhui sɛ wɔn a wɔfɛntɛm amumɔyɛ

na wogu mmusu no, ɛno ara na wotwa.

9Onyankopɔn home sɛe wɔn,

na wɔhyew, n’abufuw mframa ano.

10Sɛnea Gyata mmobɔm ne ɔsebɔ nne gyae,

na gyataforo sebɔmmɔfo tutu no, saa ara

11na gyataforo nnya hanam nti owu,

na gyatabere mma bɔ pete.

12Na me de, asɛm bi wiawiaa ne ho baa me nkyɛn,

na m’aso tee ɛho asutu bi.

13Ɔdadwen a efi anadwo adehu mu mu,

bere a nnahɔɔ atɔ nnipa so no,

14 Gye 15.12 ehu ne ahopopo kaa me,

na ɛmaa me nnompe nyinaa wosowee.

15Na honhom bi twaam faa m’ani so,

me ho nwi nyinaa sɔre gyinagyinae,

16egyinae, nanso manhu ne su,

suban bi gyinagyina m’ani so,

metee nne bɔkɔɔ bi sɛ:

17So ɔdesani teɛ sen Onyankopɔn,

anaa onipa ho tew sen ne yɛfo?

18 Hiob 15.15 Hwɛ, ne nkoa po, ɔmfa ne ho nto wɔn so,

na n’abɔfo no, obu wɔn sɛ wɔtɔ mu;

19 2 Ko 5.1 na menne wɔn a wɔte dɔte adan mu,

na wɔn nnyinaso wɔ mfutuma mu,

na wofurofurow wɔn sɛ abubummabaa.

20Efi anɔpa kosi anwummere na wɔaposaw wɔn;

wɔyera korakora a obi nnwen ho.

21Sɛ wɔtetew wɔn ho ntamadan hama a,

so ɛnyɛ owu na wowu a wɔanhu nyansa bi?

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help