Numeri 33 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

Israel akwantu

1Eyinom ne akwan a Israelfo twae bere a Mose ne Aaron dii wɔn anim de wɔn fii Misraim asase so no, sɛ wɔn dɔm ahorow no te.

2Mose kyerɛw faako a wotu fii ne akwan a wotwae, sɛnea AWURADE hyɛɛ no no; na eyinom ne wɔn akwantu mu asoɛe fi faako a wotutu fii no:

3Eks 1.11; 14.8 ɔsram a edi kan no mu wotu fii Rameses; ɔsram a edi kan no da a ɛto so dunum, Twam no akyi adekyee na Israelfo de ahosɛpɛw kɛse fi kɔe, Misraimfo nyinaa anim;

4Eks 12.12 na Misraimfo resie wɔn mmakan a AWURADE kunkum wɔn mu no nyinaa; na wɔn anyame no nso, AWURADE buu wɔn atɛn.

5 Eks 12.37 Na Israelfo tu fii Rameses kɔbɔɔ nsra Sukot.

6Eks 13.20 Na wotu fii Sukot kɔbɔɔ nsra Etam a ɛwɔ sare so.

7Eks 14.2 Na wotu fii Etam dan baa Pi-hahirot a ɛwɔ Baal-sefon anim, na wɔbɔɔ nsra Migdol anim.

8Eks 14.22; 15.23 Na wotu fii Pi-hahirot anim kotwaa ɛpo no kɔɔ sare so, na wɔnantew Etam sare so nnansa kwan kɔbɔɔ nsra Mara.

9Eks 15.27 Na wotu fii Mara baa Elim; na Elim na nsuaniwa dumien ne mmɛten aduɔson wɔ, na wɔbɔɔ hɔ nsra.

10Na wotu fii Elim kɔbɔɔ nsra mmɛw po ano.

11Eks 16.1 Na wotu fii mmɛw po ano kɔbɔɔ nsra Sin sare so.

12Na wotu fii Sin sare so kɔbɔɔ nsra Dofka.

13Na wotu fii Dofka kɔbɔɔ nsra Alus.

14Eks 17.1 Na wotu fii Alus kɔbɔɔ nsra Refidim; na ɛhɔ na ɔman no annya nsu annom.

15Eks 19.1 Na wotu fii Refidim kɔbɔɔ nsra Sinai sare so.

16Num 11.34 Na wotu fii Sinai sare so kɔbɔɔ nsra Kibrot-hataawa.

17Num 11.35 Na wotu fii Kibrot-hataawa kɔbɔɔ nsra Haserot.

18Deut 12.16 Na wotu fii Haserot kɔbɔɔ nsra Ritma.

19Na wotu fii Ritma kɔbɔɔ nsra Rimon-peres.

20Na wotu fii Rimon-peres kɔbɔɔ nsra Libna.

21Na wotu fii Libna kɔbɔɔ nsra Risa.

22Na wotu fii Risa kɔbɔɔ nsra Kehelata.

23Na wotu fii Kehelata kɔbɔɔ nsra Sefer bepɔw so.

24Na wotu fii Sefer bepɔw so kɔbɔɔ nsra Harada.

25Na wotu fii Harada kɔbɔɔ nsra Makhelot.

26Na wotu fii Makhelot kɔbɔɔ nsra Tahat.

27Na wotu fii Tahat kɔbɔɔ nsra Tara.

28Na wotu fii Tara kɔbɔɔ nsra Mitka.

29Na wotu fii Mitka kɔbɔɔ nsra Hasmona.

30Na wotu fii Hasmona kɔbɔɔ nsra Moserot.

31Deut 10.6 Na wotu fii Moserot kɔbɔɔ nsra Bene-yaakan.

32Na wotu fii Bene-yaakan kɔbɔɔ nsra Hor-hagidgad.

33Deut 10.7 Na wotu fii Hor-hagidgad kɔbɔɔ nsra Yotbata.

34Na wotu fii Yotbata kɔbɔɔ nsra Abrona.

35Na wotu fii Abrona kɔbɔɔ nsra Esion-geber.

36Deut 20.1 Na wotu fii Esion-geber kɔbɔɔ nsra Sin sare so, ɛne Kades.

37Num 20.22-29 Na wotu fii Kades kɔbɔɔ nsra Hor bepɔw ho, Edom asase ano.

38Na ɔsɔfo Aaron foro kɔɔ Hor bepɔw so, sɛnea AWURADE hyɛɛ no no, kowui wɔ hɔ Israelfo Misraim asase so fi afe a ɛto so aduanan so, ɔsram a ɛto so anum no da a edi kan.

39Na Aaron wui Hor bepɔw so no, na wadi mfirihyia ɔha aduonu abiɛsa.

40 Deut 21.1 Na Kanaanhene Arad a ɔte Kanaan asase no anafo fam tee sɛ Israelfo no reba.

41Na wotu fii Hor bepɔw ho kɔbɔɔ nsra Salmona.

42Na wotu fii Salmona kɔbɔɔ nsra Punon.

43Deut 21.10 Na wotu fii Punon kɔbɔɔ nsra Obot.

44Deut 21.11 Na wotu fii Obot kɔbɔɔ nsra Iye-abarim, Moab hye so.

45Na wotu fii Iyim kɔbɔɔ nsra Dibon-gad.

46Na wotu fii Dibon-gad kɔbɔɔ nsra Almon-diblataim.

47Deut 21.20 Na wotu fii Almon-diblataim kɔbɔɔ nsra Abarim mmepɔw so, Nebo ntentenso.

48Deut 22.1; Deut 32.49 Na wotu fii Abarim mmepɔw so kɔbɔɔ nsra Moab tataw so, Yordan fa a ɛbɛn Yeriko no.

49Deut 25.1 Na wɔbɔɔ Yordan so nsra fi Bet-yesimot kosii Habel-sitim, Moab tataw so.

Ahyɛde wɔ Kanaanfo ho

50Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose Moab tataw so, Yordan fa a ɛbɛn Yeriko no sɛ:

51Kasa kyerɛ Israelfo no sɛ: Sɛ mutwa Yordan kɔ Kanaan asase so a,

52ɛnne mompam asase no sotefo nyinaa mfi mo anim, na monsɛe wɔn abo ahoni nyinaa, na wɔn ahoni a wɔagu no, monsɛe ne nyinaa, na monsɛe wɔn sorɔnsorɔmmea nyinaa.

53Na momfa asase no ntena so, na mo na mede asase no mama mo sɛ munni so.

54Num 26.55 Na momfa ntontobɔ so nkyɛ asase no mu mma mo mmusuakuw no: abusuakuw a ɛso no, momma ne kyɛfa nso, na nea osua no, momma ne kyɛfa nsua; nea obiara ntonto bɛbɔ no, ɛhɔ na ɛnyɛ ne de; munnyigye mo kyɛfa sɛnea mo agyanom mmusuakuw te.

55Yos 23.13 Na sɛ moampam asase no sotefo amfi mo anim a, ɛnne wɔn a mubegyaw wɔn no bɛdan mo aniwa mu nsɔe ne mo mfe mu nnunsin, na wɔahiahia mo ho, asase a mote so no so.

56Na sɛnea misusuwii sɛ mɛyɛ wɔn no, saa ara na mɛyɛ mo.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help