Sirak 35 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

Mmara no ne afɔrebɔ

1Nea odi mmara so no bɔ afɔre pii;

nea ɔdwene mmra no ho no, bɔ asomdwoe afɔre.

3Nea ɔde papa tua papa so ka no, de esam a eye bɔ afɔre,

4na nea ɔyɛ adɔe no, bɔ nnaase afɔre.

5Awurade ani gye sɛ mobefi amumɔyɛ ho,

na ɛyɛ mpatade sɛ yebeyi nea ɛnteɛ no afi hɔ.

6Mfa nsapan mpue Awurade anim,

7efisɛ nea woma nyinaa no yɛ mmara no so di.

8Onipa trenee afɔrebɔ siesie afɔremuka no,

na ne hua dɛdɛ no foro kɔ soro Ɔsorosoroni no anim.

9Ɔtreneeni afɔrebɔ sɔ Awurade ani,

na ne werɛ remfi da.

10Yɛ adɔe bere a woresom Awurade,

na nyi wo aduankan mfi ne nsam.

11fa animtew ma w'akyɛde nyinaa

na fa anigye ma wo ntotoso du du.

12Sɛnea Ɔsorosoroni no adom wo no

hwɛ ho fa saa bi ma no,

sɛnea wobetumi.

13Na Awurade yɛ obi a otua ka,

na ɔbɛbɔ ho mpɛn ason atua ka.

14Mma Awurade ademmude bi, efisɛ ɔrennye.

15na mfa wo werɛ nhyɛ afɔre a ɛho ntew mu,

efisɛ Awurade yɛ ɔtemmufo,

na ommu ntɛnkyew.

16Ɔremmu ntɛnkyew wɔ ohiani asɛm ho,

na obetie nea wɔafom no mpaebɔ.

17Ɔremmu n’ani ngu ayisaa mpaebɔ so

ne okunafo asɛm so.

18So okunafo nnusu nsen mfa n’afono so

19bere a ɔresu atia nea ɔma ɔhwee ase no?

20Nea ne som yɛ Awurade fɛ no, obegye no,

na ne mpaebɔ bedu soro.

21Ɔhobrɛasefo mpaebɔ pue wɔ soro,

na ɛrennyina kosi sɛ ebedu ne botae ho.

Ɔrempa abaw kosi sɛ, Ɔsorosoro ni no bɛma ho mmuae;

22so ɔtreneeni no papayɛ, bebu no bem?

Yiw, Awurade renkyɛ,

ɔte sɛ ɔkofo, ɔrenya abotare

kosi sɛ obebubu otirimmɔdenfo no asen.

23na watɔ were amanaman no so;

na watua wɔn ka,

na wasɛe asoɔdenfo dodow no,

na wabubu wɔn a wonsuro nyame no akofena;

24Enkosi sɛ obetua nnipa ka sɛnea wɔn nneyɛe te,

ne obiara sɛnea n'adwuma ne ne n'adwene te;

25kosi sɛ obebua ne nkurɔfo asɛm

na wama wadi dɛ wɔ n'ahummɔbɔ ho.

26N'ahummɔbɔ no, hyia ɔhaw bere,

sɛnea omununkum tue nsu, ɔpɛ bere.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help