Atemmufo 4 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

Debora ne Barak di Sisera so nkonim

1Ehud wu akyi no Israelfo no kɔɔ so yɛɛ nea ɛyɛ AWURADE ani so bɔne.

2Na AWURADE tɔn wɔn hyɛɛ Kanaan hene Yabin a odi hene wɔ Hasor no nsa; na ne safohempanyin ne Sisera; na ɔte Haroset-hagoyim.

3Na Israelfo su frɛɛ AWURADE, efisɛ ɔwɔ dade nteaseɛnam ahankron, na ɔhyɛɛ Israelfo so dennen mfe aduonu.

4Nso odiyifobea Debora a ɔyɛ Lapidot yere na odi Israel anim saa bere no.

5Na ɔte Debora kyeresia ase, Rama ne Betel ntam, Efraim bepɔw so; na Israelfo foro baa ne nkyɛn sɛ onni wɔn anim.

6Na ɔsoma kohyiaa Abinoam ba Barak fi Kedes-naftali bae, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: So ɛnyɛ ɔhyɛ na AWURADE Israel Nyankopɔn ahyɛ wo sɛ: Twiw kɔ Tabor bepɔw so, na fa Naftalifo ne Sebulonfo mu mmarima ɔpedu ka wo ho?

7Na mɛtwetwe Yabin safohempanyin Sisera ne ne nteaseɛnam ne ne dɔm bebree no aba wo nkyɛn Kison nsunoa, na mede no mahyɛ wo nsa.

8Na Barak ka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ wo ne me bɛkɔ a, ɛnne mɛkɔ; na sɛ wo ne me renkɔ a, ɛnne merenkɔ.

9Na ose: Ɔkɔ de, me ne wo bɛkɔ, nanso ɔkwan a worekɔ yi mu anuonyam renyɛ wo ara wo de, na ɔbea bi nsam na AWURADE atɔn Sisera ahyɛ. Na Debora sɔree, na ɔne Barak kɔɔ Kedes.

10Na Barak ma wɔkɔpae hyiaa Sebulon ne Naftali baa Kedes, na nnipa ɔpedu dii n’akyi foro kɔe; na Debora nso ne no kɔe.

11 Ate 1.16; Num 10.29 Na Kenini Heber atwe ne ho afi Kenifo a wɔyɛ Mose n’ase Hobab mma no ho, na watew mu akodu dupɔn a esi Saananim a ɛbɛn Kedes no ho akosi ne ntamadan.

12Na wɔkɔka kyerɛɛ Sisera sɛ Abinoam ba Barak aforo kɔ Tabor bepɔw so.

13Na Sisera ma wɔkɔpae hyiaa ne nteaseɛnam a ɛyɛ dade nteaseɛnam ahankron no nyinaa ne ɔman a wɔka ne ho nyinaa de fi Haroset-hagoyim baa Kison nsunoa.

14Ɛnna Debora ka kyerɛɛ Barak sɛ: Sɔre, na ɛnnɛ ne da a AWURADE de Sisera ahyɛ wo nsa. So ɛnyɛ AWURADE na atu di wɔn anim yi? Ɛnna Barak sian fii Tabor bepɔw so, na nnipa ɔpedu no dii n’akyi.

15Na AWURADE yɛɛ Sisera ne ne nteaseɛnam nyinaa ne ne dɔm mu no nyinaa basabasa nkrante ano wɔ Barak anim, na Sisera fii ne nteaseɛnam mu sii fam guanee n’ananmu.

16Na Barak tiw nteaseɛnam no ne dɔm no koduu Haroset-hagoyim, na Sisera dɔm nyinaa totɔe nkrante ano, anka obiako pɛ.

17Na Sisera de n’anan guan kɔɔ Kenini Heber yere Yael ntamadan mu, efisɛ asomdwoe wɔ Hasor hene Yabin ne Kenini Heber fi ntam.

18Na Yael fii adi kohyiaa Sisera, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Man ha, me wura! Man bra me nkyɛn, nsuro! Na ɔman baa ne nkyɛn ntamadan no mu, na ɔde kuntu kataa no so.

19Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Ma me nsu kakra mennom ɛ, na osukɔm de me. Na ɔsan nufusu ade ano ma ɔnomee, na ɔkataa no so.

20Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Gyina ntamadan no pon ano, na sɛ obi ba na obisa wo sɛ obi wɔ hɔ anaa a, woaka akyerɛ no sɛ: Dabi.

21Ɛnna Heber yere Yael faa ntamadan no bofunnua, na ɔfaa asae kuraa ne nsam, na ɔkɔɔ ne nkyɛn brɛoo, na ɔde bofunnua no kɔbɔɔ n’asontɔre mu kitaa fam, efisɛ, ɔbrɛ nti, wada hatee, na owui.

22Na hwɛ, Barak retiw Sisera; na Yael fii adi kohyiaa no, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Bra na menkyerɛ wo ɔbarima a worehwehwɛ no no. Na ɔbaa ne nkyɛn; na hwɛ, Sisera da hɔ a wawu, na bofunnua no tua n’asontɔre mu.

23Na Onyankopɔn brɛɛ Kanaan hene Yabin ase da no ara wɔ Israelfo anim;

24na Israelfo nsa kɔɔ so yɛɛ den Kanaan hene Yabin so kosii sɛ wotuu no gui.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help