2 Ahene 1 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

Elia ne Ɔhene Ahasia

1 2 Ah 3.5 Na Ahab wu akyi no, Moab tew Israel so atua.

21 Ah 22.51; Yes 19.3 Na Ahasia fii n’abansorodan a ɛwɔ Samaria no mfɛnsere mu hwee ase, na ɔyaree; na ɔsomaa abɔfo, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monkɔ nkobisa Ekron nyame Baalsebub sɛ menya yare yi mu nkwa anaa?

3Yes 8.19 Na AWURADE bɔfo ka kyerɛɛ Tisbini Elia sɛ: Sɔre foro kohyia Samaria hene abɔfo no, na ka kyerɛ wɔn sɛ: So Onyankopɔn bi nni Israel nti na morekɔ akobisa Ekron nyame Baalsebub hɔ ade yi?

4Enti AWURADE se: Mpa a woaforo no, woremfi so nsian, na owu na wubewu! Na Elia kɔe.

5Ɛnna abɔfo no san baa ɔhene nkyɛn, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Ɛdɛn na moasan aba yi?

6Na wɔka kyerɛɛ no sɛ: Ɔbarima bi foro behyiaa yɛn, na ɔka kyerɛɛ yɛn sɛ: Monsan nkɔ ɔhene a ɔsomaa mo no nkyɛn nkɔka nkyerɛ no sɛ: Sɛ AWURADE se ni: So onyame bi nni Israel nti na woasoma rekɔ Ekron nyame Baalsebub hɔ adebisa yi? Enti mpa a woaforo no, woremfi so nsian, na owu na wubewu.

7Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Ɔbarima a ɔforo bae behyiaa mo na ɔkaa mo nsɛm yi no te dɛn?

8Sak 13.4; Mat 3.4 Na wɔka kyerɛɛ no sɛ: Atade a ɔhyɛ no yɛ aboa nwin, na nhoma abɔso bɔ n’asen. Na ose: Ɛyɛ Tisbini Elia.

Elia ne asafohene baasa no

9Na ɔhene somaa aduonum so safohene ne n’aduonum kɔɔ Elia nkyɛn; na wɔforo kɔɔ odiyifo no nkyɛn, na hwɛ, na ɔte bepɔw no atifi. Na ɔsafohene no ka kyerɛɛ odiyifo no sɛ: Onyankopɔn nipa, ɔhene se: Sian bra.

10Luka 9.54; Adi 11.5 Na Elia bua ka kyerɛɛ aduonum so safohene no sɛ: Sɛ Onyankopɔn nipa ne me a, ogya mfi soro nsian mmɛhyew wo ne w’aduonum! Na ogya fi soro duru bɛhyew ɔno ne n’aduonum no.

11Na ɔhene san somaa aduonum so safohene foforo ne n’aduonum kɔɔ ne nkyɛn. Na okosee Elia sɛ: Onyankopɔn nipa, sɛ ɔhene se ni: Yɛ ntɛm sian bra.

12Na Elia bua ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Sɛ Onyankopɔn nipa ne me a, ogya mfi soro nsian mmɛhyew wo ne w’aduonum! Na Onyankopɔn gya fi soro duru bɛhyew ɔno ne n’aduonum no.

13Na ɔhene san somaa aduonum so safohene a ɔto so abiɛsa ne n’aduonum. Na aduonum so safohene a ɔto so abiɛsa no foro kɔe, na ɔkɔkotow ne nankoroma anim Elia anim, na ɔpaa no kyɛw ka kyerɛɛ no sɛ: Onyankopɔn nipa, ma me kra ne wo nkoa aduonum yi kra bo nyɛ den w’ani so.

14Hwɛ, ogya afi soro aduru abɛhyew kan aduonum so asafohene baanu no ne wɔn aduonum aduonum no, na afei ma me kra bo nyɛ den w’ani so.

15Ɛnna AWURADE bɔfo ka kyerɛɛ Elia sɛ: Wo ne no nsian nkɔ, nsuro n’anim. Na ɔsɔree ne no sian kɔɔ ɔhene no nkyɛn.

Ahasia wu

16 2 Ah 1.3-4 Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ AWURADE se ni: Esiane sɛ woasoma abɔfo sɛ wonkobisa Ekron nyame Baalsebub hɔ ade, te sɛnea Onyame bi nni Israel a wokobisa no asɛm nti, mpa a woaforo no, woremfi so nsian, na owu na wubewu.

17 2 Ah 3.1 Na owui, sɛnea AWURADE maa Elia kae no. Na Yehoram sii n’ananmu dii hene, Yuda hene Yehosafat ba Yehoram afe a ɛto so abien so, efisɛ onni ba.

18Na Ahasia ho nsɛm nkae, nea ɔyɛe no, so wɔankyerɛw Israel ahene beresosɛm nhoma no mu?

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help