Hiob 42 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

Onyankopɔn ma Hiob so bio

1Ɛnna Hiob gyee AWURADE so sɛ:

2Mahu sɛ wutumi ade nyinaa yɛ,

na wɔrensiw w’atirimmɔ biara kwan.

3 Hiob 38.2; Mmb 28.13; 1 Yoh 1.9 Hena ne nea onni nimdeɛ,

na ɔfono afotu ani yi?

Enti na mekaa nea mente ase,

anwonwade a ɛsen me a minnim.

4 Hiob 38.3 Tie ɛ, na menkasa.

Mebisa wo, na woakyerɛ me.

5Sɛ aso te nko na metee wo nka,

na afei m’aniwa ahu wo.

6Enti na m’ani wu na minu me ho,

dɔte ne nso mu.

7Na AWURADE kaa nsɛm yi kyerɛɛ Hiob wiei no, AWURADE ka kyerɛɛ Temanni Elifas sɛ: Me bo afuw wo ne wo mfɛfo baanu no, efisɛ moanka me ho asɛm a ɛteɛ sɛnea m’akoa Hiob ayɛ no.

8Hes 14.14 Na afei momfa anantwinini ason ne adwennini asɔn, na monkɔ m’akoa Hiob nkyɛn, na monkɔbɔ ɔhyew afɔre mma mo ho, na m’akoa Hiob mmɔ mo ti so mpae, na ne nko anim na mɛhwɛ, na me ne mo anni no mo nkwaseasɛm so, efisɛ moanka me ho asɛm tee sɛ m’akoa Hiob.

9Ɛnna Temanni Elifas ne Suhini Bildad ne Naamani Sofar siim kɔe kɔyɛe sɛnea AWURADE ka kyerɛɛ wɔn no; na AWURADE tiee Hiob mpaebɔ.

10 Hiob 8.7 Na Hiob bɔɔ ne nnamfo no ti so mpae no, AWURADE dan ne duamda no, na AWURADE de ade a Hiob nyae no nyinaa mmɔho abien maa no.

11Ɛnna ne nuanom mmarima nyinaa ne ne nuanom mmea nyinaa ne wɔn a wonim no kan nyinaa baa ne nkyɛn, na wɔne no bedidii wɔ ne fi, na wogyam no, na wɔkyekyee ne werɛ, amane a AWURADE ma ɛbaa no so nyinaa ho, na wɔn mu biara maa no sika dwetɛbona biako ne sika kaa biako.

12Na AWURADE hyiraa Hiob awiei sen ne mfiase, na onyaa nguan ɔpeduanan ne yoma mpemnsia ne anantwi mpamho apem ne mfurum abere apem.

13Na onyaa mmammarima baasɔn ne mmammea baasa.

14Na ɔtoo ɔbea a odi kan no din Yemima, na nea odi so no de Kesia, na nea ɔto so abiɛsa no de Keren-hapuk.

15Num 27.8-11 Na wɔanhu mmea ahoɔfɛfo sɛ Hiob mmammea no asase no nyinaa so; na wɔn agya momaa wɔn agyapade wɔn nuanom mu.

16Na eyi akyi no, Hiob dii mfirihyia ɔha aduanan, na ohuu ne mma ne ne mma mma awo ntoatoaso anan.

17Gye 25.8 Na Hiob wui, na wabɔ akora pa ara.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help