1 Samuel 15 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

Saul asoɔden

1 1 Sa 10.1 Na Samuel ka kyerɛɛ Saul sɛ: Me na AWURADE somaa me sɛ memmɛsra wo ngo minsi wo ne man so hene; na afei tie AWURADE nsɛm:

2Eks 17.8-16; Deut 25.17-19 Sɛɛ na asafo AWURADE se: Mahu nea Amalek yɛɛ Israel, sɛnea wofi Misraim reba no wobetwaree wɔn ɔkwan mu.

3Num 21.2 Na afei kɔ na kokum Amalek, na monsɛe nea wɔwɔ nyinaa pasaa, na nkyɛe wɔn so, na kum mmarima ne mmea, mmofra ne nkokoaa, anantwi ne nguan, yoma ne mfurum.

4Ɛnna Saul maa ɔman no tee, na ɔkan wɔn wɔ Telaim, mmarima a wɔnam anammɔn mu ɔpehanu ne Yuda mmarima ɔpedu.

5Na Saul duu Amalek kurokɛse no so, na ɔde atɛwfo sisii obon no mu.

6Ate 1.16 Na Saul ka kyerɛɛ Kenifo no sɛ: Monkɔ, mumfi Amalek mu nsian nkɔ, na mampra wo mamfra wɔn; na wo de, woyɛɛ Israelfo nyinaa adɔe bere a wofi Misraim reba no. Ɛnna Kenifo fii Amalek mu kɔe.

7Na Saul kunkum Amalek fii Hawila de kosii baabi a w’ani kyerɛ Sur a ɛda Misraim apuei fam no.

8Na ɔkyeree Amalek hene Agag animono, na ɔman no nyinaa de, ɔde nkrante sɛee wɔn pasaa.

9Na Saul ne dɔm no kyɛe Agag ne nguan ne anantwi a woye ne wɔn a wɔadodɔ srade ne nguammuruwa ne nea eye no nyinaa so, na wɔampɛ sɛ wɔsɛe wɔn; na ade biara a wommu na enye mma hwee no de, wɔsɛee no pasaa.

10Ɛnna AWURADE asɛm baa Samuel nkyɛn sɛ:

11Manu me ho sɛ misii Saul hene, efisɛ wasan afi m’akyi, na wamma me nsɛm annyina. Na ɛyɛɛ Samuel awerɛhow, na osu frɛɛ AWURADE anadwo no nyinaa.

12Na Samuel tuaa ahema sɛ okohyia Saul anɔpa; na wɔka kyerɛɛ Samuel sɛ: Saul aba Karmel, na hwɛ, wasi ne nkaedum, na wadan ne ho atwam asian rekɔ Gilgal.

13Na Samuel duu Saul nkyɛn no, Saul ka kyerɛɛ no sɛ: AWURADE nhyira nka wo. Mama AWURADE asɛm no atim.

14Na Samuel kae sɛ: Na ɛdɛn ne nguan su a egu m’asom yi ne anantwi su a mete yi?

15Na Saul se: Amalekfo mu na wɔde fi bae, efisɛ ɔman no kyɛe nguan ne anantwi a eye no so, sɛ wɔde rebɛbɔ afɔre ama AWURADE wo Nyankopɔn, na nkae no de, yɛasɛe wɔn pasaa.

16Ɛnna Samuel ka kyerɛɛ Saul sɛ: Gyae, ma menka nea AWURADE ka kyerɛɛ me anadwo yi menkyerɛ wo. Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Kasa ɛ!

17 1 Sa 9.21 Na Samuel kae sɛ: Ɛwom sɛ woyɛ wo ara w’ani so ketewa de, nanso wone Israel mmusuakuw ti, AWURADE sraa wo sɛ di Israel so hene;

18na AWURADE somaa wo akwankɔ bi sɛ: Kɔ na kɔsɛe Amalekfo nnebɔneyɛfo no pasaa, na wo ne wɔn nko nkosi sɛ wobɛhyew wɔn.

19Ɛdɛn nti na woantie AWURADE, na woatow ahyɛ asade so, na woayɛ nea ɛyɛ AWURADE ani so bɔne yi?

20Ɛnna Saul ka kyerɛɛ Samuel sɛ: Sɛ matie AWURADE, na makɔ ɔkwan a AWURADE somaa me no, na mede Amalek hene Agag maba, na masɛe Amalek pasaa!

21Na ɔman no faa asade no mu nguan ne anantwi, ahyirade no mu adikanne, sɛ wɔde rebɛbɔ AWURADE wo Nyankopɔn afɔre Gilgal.

22Hos 6.6; Yes 1.11; Mat 9.13; 12.7 Na Samuel kae sɛ:

So AWURADE pɛ ɔhyew afɔre ne okum afɔre

sɛ otie a wotie AWURADE anaa?

Hwɛ, osetie ye sen afɔre,

na asoyɛ kyɛn adwennini srade.

23 1 Sa 16.1 Na atuatew te sɛ woakɔ abisa,

na asoɔden te sɛ amumɔyɛ ne ahonisom!

Esiane sɛ woapo AWURADE asɛm nti,

ɔno nso apa wo afi ahenni no so.

24Ɛnna Saul ka kyerɛɛ Samuel sɛ: Mayɛ bɔne sɛ mafom AWURADE anom asɛm ne wo nsɛm so, sɛ misuroo ɔman no na mitiee wɔn.

25Na afei fa me bɔne firi me, na wo ne me nsan na menkɔsɔre AWURADE.

26Na Samuel ka kyerɛɛ Saul sɛ: Me ne wo rensan nkɔ, efisɛ woapa AWURADE asɛm, na AWURADE nso apa wo sɛ nni Israel so hene.

27Na Samuel dan ne ho rekɔ no, Saul soo ne batakari ano, na esuanee.

281 Sa 28.17 Na Samuel ka kyerɛɛ no sɛ: Osuan na AWURADE asuan Israel ahenni afi wo nsam nnɛ, na ɔde ama wo yɔnko a oye sen wo.

29Num 23.19 Nso Israel Tumfo no renni atoro na ɔrennu ne ho, efisɛ ɔnyɛ onipa na wanu ne ho.

30Ɛnna ose: Mayɛ bɔne de, nanso afei di me ni me man mpanyin ne Israel anim: Wo ne me nsan nkɔ, na menkɔsɔre AWURADE wo Nyankopɔn.

31Ɛnna Samuel san kodii Saul akyi; na Saul kɔsɔree AWURADE.

32Na Samuel se: Momfa Amalek hene Agag mmrɛ me ha. Na Agag baa ne nkyɛn anigye so. Na Agag se: Ampa, owuyaw atwam kɔ.

33Na Samuel se: Sɛ wo nkrante maa mmea dii mmasigyaw no, saa ara nso na wo na bedi basigyaw mmea mu. Na Samuel twitwaa Agag AWURADE anim wɔ Gilgal.

34Ɛnna Samuel siim kɔɔ Rama. Na Saul nso foro kɔɔ ne fi Gibea-saul.

35Na Samuel ammɛhwɛ Saul bio kosii ne wuda, na Samuel gyam Saul; na AWURADE nuu ne ho sɛ ɔde Saul dii Israel so hene.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help