Yosua 24 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

Mmusuakuw no ti wɔn apam no mu

1Na Yosua boaboaa Israel mmusuakuw no nyinaa ano baa Sekem, na ɔfrɛɛ Israel mpanyimfo ne wɔn atitiriw ne wɔn atemmufo ne wɔn ahwɛfo no hyiae, na wobegyinaa Onyankopɔn anim.

2Gye 11.26; 31.19; 35.2 Na Yosua ka kyerɛɛ ɔman no nyinaa sɛ: Sɛ AWURADE Israel Nyankopɔn no se ni: Asuogya na mo agyanom, Abraham n’agya ne Nahor agya Tera tenae fi teteete, na wɔsom anyame foforo.

3Na mefaa mo agya Abraham mifii asuogya hɔ, na mema okyin Kanaan asase nyinaa so, na memaa n’asefo dɔe, na memaa no Isak.

4Gye 32.4; 46.6 Na Isak nso, memaa no Yakob ne Esau; na mede Seir bepɔw memaa Esau sɛ onni so; na Yakob ne ne mma sian kɔɔ Misraim.

5Eks 3.10 Na mesomaa Mose ne Aaron, na mehaw Misraim, sɛnea meyɛɛ wɔ mu no, na akyiri no miyii mo fii hɔ.

6Eks 12.33 Na miyii mo agyanom fii Misraim no, mobaa po no ano; na Misraimfo de nteaseɛnam ne apɔnkɔfo tiw mo agyanom baa Mmɛw-Po no ho;

7Eks 14.10 na wosu frɛɛ AWURADE, na ɔde esum kabii too mo ne Misraimfo no ntam, na ɔmaa ɛpo no baa wɔn so bɛkataa wɔn so. Na mo aniwa huu nea meyɛɛ Misraim, na motenaa sare so nna pii.

8Num 21.25, 31 Na mede mo baa Amorifo a wɔte Yordan agya no asase so, na wɔne mo koe, na mede wɔn mehyɛɛ mo nsa, na mudii wɔn asase no so, na mesɛee wɔn fii mo anim.

9Num 22 Ɛnna Moab hene Sipor ba Balak sɔree ne Israel bɛkoe, na ɔsoma kohyiaa Beor ba Bileam sɛ ɔmmɛdome mo;

10Num 23.11, 20 na mampene sɛ metie Bileam, na nhyira na ohyiraa mo, na miyii mo ne nsam.

11Yos 3.14; 6.1 Na mutwaa Yordan baa Yeriko, na Yerikofo ne mo koe, ne Amorifo ne Perisifo ne Kanaanfo ne Hetifo ne Girgasifo ne Hewifo ne Yebusifo; na mede wɔn mehyɛɛ mo nsa.

12Eks 23.28 Na mesomaa nkotokurodu dii mo anim ma wɔpam wɔn fii mo anim, Amorifo ahene baanu no, ɛnyɛ wo nkrante so na ɛnyɛ wo tadua so.

13Deut 6.10-11 Na memaa mo asase a moammrɛ ho ne nkurow a moankyekye, na motenaa mu; bobe nturo ne ngodua nturo nso a moantɛw na mudi yi.

Apam no ntimu

14 Yos 24.2; Eks 32 Na afei munsuro AWURADE na monsom no mudi ne nokware mu, na mompa anyame a mo agyanom somee, asuogya ne Misraim no, na monsom AWURADE.

15Mat 6.24 Na sɛ ɛnyɛ mo pɛ sɛ mobɛsom AWURADE a, ɛnne ɛnnɛ mompaw nea mobɛsom no mfa: Sɛ anyame a mo agyanom somee a wɔwɔ asuogya no oo, sɛ Amorifo a mote wɔn asase so yi anyame oo, na me ne me fi de, yɛbɛsom AWURADE.

16Na ɔman no gyee so sɛ: Eyi mpare yɛn sɛ yebegyaw AWURADE akɔsom anyame foforo.

17Efisɛ AWURADE ne yɛn Nyankopɔn, ɔno ne nea oyii yɛn ne yɛn agyanom Misraim asase so fii nkoafi bae, na ɔyɛɛ nsɛnkyerɛnne akɛse yi yɛn anim, na ɔhwɛɛ yɛn ɔkwan a yɛnam so no nyinaa mu ne aman a yɛfaa wɔn mu no nyinaa mu.

18Na AWURADE apam aman no nyinaa ne Amorifo a wɔte asase no so no afi yɛn anim: Yɛn nso yɛbɛsom AWURADE, na ɔno ne yɛn Nyankopɔn.

19 Deut 5.26; Eks 20.5 Na Yosua ka kyerɛɛ ɔman no sɛ: Morentumi nsom AWURADE, efisɛ ɔyɛ Onyankopɔn kronkron, Onyankopɔn ninkufo ne no, ɔremfa mo mmarato ne mo bɔne nkyɛ mo.

20Sɛ mugyaw AWURADE na mokɔsom ananafo anyame a, ɔbɛdan ayɛ mo bɔne na wama moahyew, sɛ ɔyɛɛ mo yiye kan no.

21Na ɔman no ka kyerɛɛ Yosua sɛ: Daabi, na AWURADE ara na yɛbɛsom no.

22Na Yosua ka kyerɛɛ ɔman no sɛ: Mo ara ne mo ho adansefo sɛ mo ara moapaw AWURADE afa sɛ mobɛsom no. Na wɔkae sɛ: Adansefo ne yɛn.

23Gye 35.2 Na afei montotow amannɔne anyame a ɛwɔ mo mu no ngu, na monnannan mo koma mma AWURADE mo Nyankopɔn.

24Na ɔman no ka kyerɛɛ Yosua sɛ: AWURADE yɛn Nyankopɔn na yɛbɛsom no, na ne nne na yebetie.

252 Ah 23.2 Ɛnna Yosua ne ɔman no pamee da no ara, na ɔmaa wɔn ahyɛde ne atemmude wɔ Sekem.

26Gye 35.4; Ate 9.6 Na Yosua kyerɛw nsɛm yi hyɛɛ Onyankopɔn mmara nhoma no mu, na ɔde ɔbo kokuroo sii hɔ wɔ okum dua a esi AWURADE kronkronbea no ase.

27Yos 22.27; Gye 31.48 Na Yosua ka kyerɛɛ ɔman no nyinaa sɛ: Hwɛ, ɔbo yi nni yɛn adanse, na ɛno na ate AWURADE nsɛm a ɔne yɛn kaa no nyinaa; na enni mo adanse, na moampa mo Nyankopɔn akyi.

28Ɛnna Yosua gyaa ɔman no kwan maa wɔn nyinaa kokɔɔ wɔn agyapade so.

Yosua ne Eleasar wu

29Na nsɛm no akyi no, Nun ba Yosua, AWURADE akoa no, wui, na wadi mfirihyia ɔha ne du.

30Yos 19.50 Na wosiee no n’asase mu, Timnat-sera a ɛwɔ Efraim bepɔw so wɔ Gaas bepɔw benkum fam.

31 Ate 2.7 Na Israel somm AWURADE. Yosua nna nyinaa, ne nna a mpanyimfo a wonyin kyɛe Yosua akyi nyinaa na wohuu AWURADE nnwuma a ɔyɛ maa Israel no nyinaa wɔ hɔ.

32 Gye 50.25; 33.19 Na Yosef nnompe a Israelfo de fi Misraim bae no, wɔkoraa wɔ Sekem, asase a Yakob tɔ fii Sekem agya Hamor mma nsam maa nnwetɛbona ɔha no mu, na ɛyɛɛ Yosef mma agyapade.

33Na Aaron ba Eleasar nso wui, na wɔkoraa no Gibea, ne ba Pinehas kurow a wɔde maa no, Efraim bepɔw so no mu.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help