Sirak 38 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

Ɔyare, ne ano aduru

1Hyɛ nnuruyɛfo anuonyam, esiane wɔn dwumadi nti,

efisɛ Awurade na ɔbɔɔ wɔn;

2na wɔn ayaresa dom akyɛde no fi Ɔsorosoroni no hɔ,

na wobenya akyɛde afi ɔhene hɔ.

3Nnuruyɛfo nimdeɛ ma wɔda nsow,

na wonya anuonyam wɔ akɛsefo anim.

4Awurade bɔɔ nnuru fii asase mu,

na onipa a ɔwɔ adwene no remmu no ade teta.

5 Eks 15.23-25 Anaa ɛyɛ dua na wɔde maa nsu yɛɛ dɛ,

nea ɛbɛyɛ a wobehu ne tumi?

6Na ɔmaa nnipa nimdeɛ

nea ɛbɛyɛ a wɔbɛhyɛ no anuonyam wɔ n’anwonwa nnwuma ho.

7Ɔnam nnuruyɛfo yi so na ɔde sa nyarewa na otu yaw ase;

8Odufrafrafo no de yɛ nnuru mfrafrae fi mu.

Onyankopɔn nnwuma remma awiei da;

na efi ne mu na apɔwmuden baa asase nyinaa so.

9Me ba, sɛ woyare a, ntwentwɛn wo nan ase,

mmom bɔ Awurade mpae na ɔbɛsa wo yare.

10Gyaw wo mfomso hɔ na yɛ w'ade yiye,

na ma wo komam ntew mfi bɔne nyinaa ho.

11Bɔ afɔre a ɛho tew, ne asikresam a wo ara de bɛkae

na fa ngo gu w’afɔre no so sɛnea wobetumi.

12Na afei ma oduruyɛfo no kwan nyɛ n'adwuma efisɛ Awurade na ɔbɔɔ no;

mma omfi wo nkyɛn nkɔ, efisɛ wohia no.

13Bere bi wɔ hɔ a na w'ahoɔdenya wɔ oduruyɛfo no nsam,

14efisɛ wɔn nso bɔ Awurade mpae

sɛ ɔma wɔn nkonimdi, a wɔde behu yare no,

ne ayaresa mu yiye, na wɔde agye nkwa.

15Nea ɔyɛ bɔne tia ne Bɔfo no,

rentie oduruyɛfo no asɛm.

Awufo ho Awerɛhowdi

16Me ba, su ma owufo,

sɛnea obi wɔ yaw kɛse mu fi ase to kwadwom no.

Deda amu no nidi so, sɛnea amanne te,

na mmu w'ani nngu ne sie no so.

17Ma wo nusu nyɛ nwene na wo benabɔ nyɛ den;

ma w'awerɛhowdi mfata ayiyɛ no,

ma dakoro anaa nnaanu, na obi ammu wo fɔ;

na kyekye wo werɛ wɔ yawdi no ho.

18Efisɛ yawdi tumi kum nnipa,

na komam awerɛhow tew onipa ahoɔden so.

19Sɛ wɔma amu so a, awerɛhow to atwa,

nanso ohiani abrabɔ, kum ne koma.

20Nni komam awerɛhow,

yi fi hɔ, na kae w'ankasa wo nkwa awiei.

21Mma wo werɛ mfi sɛ ɔrensan mma bio;

ɛnyɛ adepa bi mma owufo no, na wokum wo ho kɛkɛ.

22Kae sɛ ne hyɛbea te sɛ wode ara pɛ;

nnɛra na ɛyɛ ne de, na nnɛ nso yɛ wo de.

23Sɛ owufo kɔ n'ahomegye mu a,

ma ne ho nkae mmrɛ ase,

nya ne ho awerɛkyekye,

bere a ne honhom atu kɔ no.

Aguadi ne Nsaanodwuma

24Ɔkyerɛwfo nyansa gyina n'adagyew so;

gye nea n’adwuma sua no na otumi hu nyansa.

25Ɛbɛyɛ dɛn na nea okura funtumdade no behu nyansa,

na hena na ɔde nantwi kɔn mu abaa bɛhoahoa ne ho;

nea ɔka anantwi no adwuma ho dadwen da no so,

na ne kasa nyinaa fa anantwi ho?

26Ne koma da nkofi ntam adɔw so

na n’ani ku anantwi mma adidi ho.

27Saa ara na ɛte wɔ odwumfo ne odwumfo panyin ho,

wɔyɛ adwuma adesae ne adekyee;

wɔn a wɔyɛ dade mpɛtea no

wɔn mu biara nim nyansa a wɔde yɛ nneɛma pii;

wofi wɔn komam yɛ mfonini a ɛsɛ dekode no kann,

na wɔde anidahɔ wie wɔn adwuma no.

28Saa ara na ɛte wɔ ɔtomfo a ɔwɔ n'atommo anim,

n’ani ku ne dadedwuma ho,

gya no ano hyew no biri ne honam ani,

na fononoo no mu hyew ne no pere;

na ne hamerɛ no dede no siw n’aso

na n'aniwa tim ade a ɔreyɛ no so.

Ɔde n'aniwa akari bere a ɔde bewie n’adwuma no,

na ɔbɔ mmɔden sɛ obedi ho adwinni no awie.

29Saa ara na ɔwemfo a ɔwɔ n’adwuma mu no nso te,

ɔde ne nan ntwa nkyimii no;

daa nyinaa n'ani ku n’adwuma ho,

na ɔyɛ ne nneɛma no ma ɛdɔɔso.

30Ɔde ne nsa na ɔde dannan dɔte no

na ɔde n’anan yɛ ma ɛyɛ twann;

ne koma da bere a ɔde bewie ɛho hyerɛn no,

na ɔde ahwɛyie de hyɛ fononoo mu to.

31Eyinom nyinaa wɔn nsa na wɔde yɛ,

na obiara nim n’adwuma yiye.

32Sɛ wonni hɔ, a anka nnipa ntumi ntena ahenkurow biara mu,

na beae biara a wɔte no ɔkɔm renne wɔn da.

Nanso nnipa nhwehwɛ wɔn akyi kwan nnye wɔn hɔ afotu.

33Afei wɔnhwehwɛ wɔn akyi kwan wɔ ɔman nhyiam ase,

wɔntena atemmufo agua so,

na wɔnte atemmu ase;

Wontumi nkyerɛkyerɛ nhyehyɛe a ɛwɔ atemmu mu,

wonhu wɔn wɔ atitiriwfo mu sɛ wobu mmɛ.

34Nanso wokura wiase no fa bi mu.

na wɔbɔ mpae wɔ wɔn adwinni ho.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help