Sirak 14 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

1Onipa a ɔmfa n’ano nyɛ bɔne no ho tɔ no,

na enhia sɛ onya bɔne ho asotwe.

2Onipa a ne koma mmu no fɔ no ho tɔ no,

ɔne nea n'anidaso nsae.

Ahonyade ho ahwɛyie

3Ahonya nye mma onipa a n'adwene sua;

na ahonya ho mfaso ne dɛn ma ɔpɛɛpɛɛfo?

4Nea n'ankasa kyem ho kɔm no

ɔboaboa ano ma afoforo,

ma afoforo nam ne nkyekye so

tena ase wɔ anigye mu.

5Sɛ onipa bi bu ne ho teta a,

so obebue ne nsam ama obi?

Ɔremfa n’ahonya no nyɛ hwee.

6Obiara nyɛ ne ho bɔne nsen nea ɔne ne ho ko,,

na eyi yɛ asotwe kɛse ma nea obu ne ho sɛ ɔmfra.

7Sɛ ɔyɛ papa mpo a,

na ɛyɛ nea ɛfom bae,

na awiei no ɔda ne ho adi sɛ ɔmfra.

8Onipa a ommue ne nsam no, yɛ onipa bɔnefo pa ara,

oyi n’ani to nkyɛn na ommu obiara.

9Nnipa odifudepɛfo no, ani nsɔ ne kyɛfa da,

adifude ne nsisi sɛe ɔkra.

10Onipa a ne nsam yɛ den no, kasakasa n'aduan ho,

nti ebi nni ne pon so.

11Me ba, bɔ bra pa,

sɛnea w’ahonya te,

na bɔ afɔre a ɛfata ma AWURADE.

12Kae sɛ owu nhyɛ da,

na samando mmarasɛm no,

wonyii no adi nkyerɛɛ wo.

13Yɛ papa ma wo nnamfo ansa na woawu,

na teɛ wo nsa ma wɔn,

sɛnea wobetumi biara.

14Mma w'anigye mpare wo da koro mpo;

na mma nea wopɛ no ntwa wo ho nkɔ.

15Wobegyaw wo brɛ so ade ama obi?,

ne nea wode w'ahoɔden nyae no sɛ wɔmmɔ so ntonto anaa?

16Ma na gye, na sɛpɛw wo ho,

esiane sɛ asaman hɔ no anigye biara nni hɔ.

17Ateasefo nyinaa yɛ mmerɛw sɛ atade dedaw,

efisɛ mmara no da hɔ fi tete sɛ:

Etwa sɛ wowu.

18Sɛnea dutan wɔ nhaban pii no,

na ɔporow bi gu na ebi ka no,

saa ara nso na ɔhonam ne mogya te,

obi wu na wɔwo obi nso.

19Adwuma biara pɔrɔw na ɛyera a wonhu bio,

na nea ɔyɛe no nso ne no twam kɔ.

Anigye a ɛwɔ nyansa hwehwɛ mu

20 Mmb 8.32-35 Onyansafo ne onipa a ɔdwendwen nyansa ho,

na osusuw ade ho wɔ nimdeɛ kwan so.

21Ɔdwene ho kɔ akyiri

sɛnea ne nhyehyɛe te,

ɔbɛdwene ho komm wɔ kokoam.

22Otiw nyansa so sɛ ɔbɔmmɔfo,

na ɔtwɛn no komm wɔ n’akwan so.

23Nea ɔde n’aniwa hyɛn mfɛnsre mu,

na ɔyɛ aso tie no wɔ n'abobow ano.

24Nea osi ne ntamadan bɛn ne dan no,

na ɔde ne ntamadan nnua bobɔ n’afasu mu;

25nea ne ntamadan wɔ ne nkyɛn no

tena beae a ɛyɛ tenabea pa;

26Nea ɔde ne mma bɛhyɛ ne suhyɛ ase no

na ɔtena ne nwini ase;

27onwini bɛkata no so afi ɔhyew ase,

na ɔbɛtena n’anuonyam mu.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help