Mmebusɛm 29 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

Nhyira ne ɔsɛe

1 Mmb 15.10 Animka nipa a osen ne kɔn,

wobebu no mpofirim,

na ano nni aduru.

2 Mmb 11.10 Treneefo redɔɔso a, ɔman ani gye,

na ɔbɔnefo di so a, ɔman si apini.

3 Luka 15.13 Onipa a ɔdɔ nyansa ma n’agya ani gye,

na nea ɔne nguamamfo bɔ bɛsɛe n’ade.

4 Yes 32.7 Ɔhene de atemmu ma ɔman gyina,

na akyɛdepɛfo bɔ no.

5Onipa a ɔdɛfɛdɛfɛ ne yɔnko no,

osum n’anammɔn afiri.

6Onipa bɔne mmarato mu wɔ afiri,

na ɔtreneeni bɛto ahurusi dwom, na n’ani agye.

7Ɔtreneeni hu abrɛfo asɛm di,

ɔbɔnefo nhu saa nimdeɛ yi.

8Fɛwdifo sɔ kurow mu gya,

na anyansafo sianka abufuw.

9 Mat 11.17 Ɔba nyansafo ne ogyimifo di apere a,

ɔyɛ hoo oo, ɔserew oo, ɔhome nni mu.

10Mogyapɛfo tan pɛyɛfo,

na teefo hwehwɛ ne kra agye no.

11 Mmb 25.28; 12.23 Ɔkwasea yi ne honhom nyinaa adi,

na onyansafo dwudwo no ma ɛka akyiri.

12Ɔpanyin a otie atosɛm no,

n’asomfo nyinaa yɛ abɔnefo.

13Ohiani ne ɔpoobɔni ade biako da nso wɔ ho,

nea ɔtew wɔn baanu nyinaa ani ne AWURADE.

14 Mmb 16.12 Ɔhene a obu nokwatɛn ma abrɛfo no,

n’ahengua betim daa.

15 Mmb 29.17; 22.15 Abaa ne animka ma nyansa,

na abofra a wɔato no sraha gu ne na anim ase.

16 Nnw 37.36 Abɔnefo dɔɔso a, mmarato dɔɔso,

nanso treneefo behu wɔn asehwe.

17 Mmb 23.13 Teɛ wo ba so na wama woahome,

na wama wo kra anika.

18Anisoadehu nni hɔ a, ɔman yɛ bisibasaa,

nanso nea obu mmara no, nhyira ne no.

19Wɔmfa nsɛm nteɛ akoa so,

efisɛ ɔte ase, nso ommu.

20 Ɔsɛ 5.2-3; Yak 1.19 Wuhu onipa a ɔpere ne nsɛm ho a,

anidaso wɔ hɔ ma ɔkwasea sen no.

21Nea ɔkokɔ n’akoa fi ne mmofraase no,

akyiri no ɔbɛyɛ sɛ ɔba.

22 Mmb 15.18; 26.21 Obufufafo hwanyan ntɔkwaw,

na ɔbobɔnefo mmarato dɔɔso.

23 Mat 23.12; 1 Pe 5.5 Onipa ahantan bɛbrɛ no ase,

na honhom mu hobrɛaseni nsa bɛka anuonyam.

24 Lew 5.1 Nea ɔne owifo kyɛ ade no tan ne kra,

ɔte duabɔ no, nso ɔnka.

25Onipa ho suro sum afiri,

na nea ɔde ne ho to AWURADE so no ho bɛyɛ sonn.

26Nnipa pii hwehwɛ ɔman so difo anim anuonyam,

nanso AWURADE na obiara atemmu fi no.

27Treneefo akyide ne onipa busufo,

na ɔbɔnefo akyide ne nea ne kwan yɛ tee.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help