1 Hes 13.2-16; 34; Sak 11.5 Nguanhwɛfo a wɔsɛe me nguankuw bɔ wɔn pete no nnue! AWURADE asɛm ni.
2Enti sɛ AWURADE, Israel Nyankopɔn, se wɔ ahwɛfo a wɔhwɛ me man no ho ni: Mo na moabɔ me nguankuw no apete, na moapansam wɔn, na moanhwɛ wɔn. Hwɛ, merebetua mo, mo nsɛnnii bɔne no so ka, AWURADE asɛm ni.
3Na me ara mɛboa me nguan nkae no ano mafi nsaase a mapam wɔn makɔ hɔ no nyinaa so, na mede wɔn mɛsan maba wɔn adidibea bio, na wɔbɛwowo na wɔadɔ.
4Yer 3.15 Na mesisi wɔn so ahwɛfo na wɔahwɛ wɔn, na wɔrensuro bio, na wɔn koma rentu, na wɔn mu bi renka, AWURADE asɛm ni.
5 Sak 3.8; 6.12; Yes 32.1 Hwɛ, nna bi reba, AWURADE asɛm ni, sɛ mɛma trenee Dubaa bi so mama Dawid, na ɔhene bi abedi hene nimdeɛ so, na wabu atɛntrenee ayɛ adetrenee asase so.
6Yer 33.16 Ne bere so na wobegye Yuda nkwa, na Israel atena ase dwoodwoo, na eyi ne ne din a wɔde bɛfrɛ no: AWURADE yɛn trenee.
7 Yer 16.14-15 Ɛno nti, hwɛ, AWURADE asɛm ni, nna bi reba a wɔrenka bio sɛ: Sɛ AWURADE a oyii Israel fii Misraim asase so bae no te ase yi,
8na mmom: Sɛ AWURADE a okoyii Israel fi asefo, fii atifi fam asase ne nsaase a mepam wɔn kɔɔ hɔ no nyinaa so bae no te ase yi! Na wɔbɛtena wɔn asase so.
Atoro adiyifo no9Adiyifo no ho asɛm ni:
Me koma abubu me yam,
me nnompe nyinaa saw biribiri;
mayɛ sɛ ɔsabofo
ne ɔbarima a nsa afa no so,
esiane AWURADE
ne ne nsɛm kronkron no nti.
10Na awaresɛefo ahyɛ asase no so ma;
na nnome nti asase no di nkɔmmɔ,
sare so adidibea akisa;
na wɔn mmirikatu yɛ bɔne,
na wɔn mmaninyɛ nso nteɛ.
11Na odiyifo ne ɔsɔfo nyinaa som tɔ sin,
me fi mpo, mahu wɔn bɔne,
AWURADE asɛm ni.
12 Yer 13.16; Nnw 35.6 Ɛno nti wɔn kwan bɛyɛ wɔn sɛ
sum kabii mu kwan torotoro,
wobesunsum wɔn, na wɔahwehwe ɛso ase,
efisɛ wɔn asotwe afe no mu,
mede bɔne mɛba wɔn so,
AWURADE asɛm ni.
13Na Samaria adiyifo no mu,
mahu nkwaseasɛm,
wɔde Baal hyɛɛ nkɔm
de maa me man Israel fomee.
14 Hes 13.22; Yes 1.10 Na Yerusalem adiyifo no mu nso,
mahu ahodwiriwde a ɛyɛ hu,
awaresɛe ne atoro mu nantew,
na wɔhyɛ nnebɔneyɛfo nsa den,
nea ɛbɛyɛ na obiara ansan amfi ne bɔne mu;
wɔn nyinaa adan me sɛ Sodom,
na emufo ayɛ sɛ Gomora.
15 Yer 9.15 Enti sɛ asafo AWURADE ka adiyifo no ho ni:
Hwɛ, merema wɔn bɔnwoma adi
na mama wɔn bɔre nsu anom,
efisɛ Yerusalem adiyifo mu
nkɔnkɔnsasɛm afi kɔ asase no nyinaa so.
16 Yer 6.14 Sɛ asafo AWURADE se ni: Munntie adiyifo a wɔhyɛ mo nkɔm no nsɛm, wɔde mo kɔ ahuhude mu. Wɔn komam adehu na wɔka, emfi AWURADE anom.
17Yer 7.24 Wɔka kyerɛ wɔn a wɔpa me no sɛ: AWURADE se: Asomdwoe bɛba ama mo. Na obiara nantew ne koma denyɛ mu a, wose: Bɔne bi remma mo so.
18 Yes 40.13 Na hena na wagyina AWURADE agyina no mu,
na wahu na wate n’asɛm,
anaa hena na wawɛn n’aso atie n’asɛm?
19 Yer 30.23 Hwɛ, AWURADE ahum,
abufuhyew afi adi,
na ahum a edi kyinhyia
betwa ne ho abesi abɔnefo ti so.
20AWURADE abufuw no rensan
kosi sɛ ebewie na ama
ne koma mu adwene agyina;
nna a edi akyiri no mu no na mubehu mu pefee.
21 Yer 14.14 Mansoma adiyifo no,
nso wonyaa asɛm kɔkae;
mankasa mankyerɛ wɔn,
nso wɔhyɛɛ nkɔm.
22Na sɛ wogyinaa m’agyina mu a,
anka wɔmaa me man tiee me nsɛm,
na wɔasan wɔn afi wɔn kwammɔne so
ne wɔn nneyɛe bɔne no ho.
23So meyɛ Onyankopɔn a ɔwɔ mmɛnee mu, AWURADE asɛm ni, na menyɛ Onyankopɔn a ɔwɔ akyirikyiri anaa?
24Sɛ obi de ne ho hintaw hintabea bi a, so merenhu no anaa? AWURADE asɛm ni. So ɛnyɛ ɔsoro ne asase na mehyɛ no mama anaa? AWURADE asɛm ni.
25Mate nea adiyifo a wɔde me din hyɛ nkɔntoro no keka sɛ: Maso dae, maso dae! No.
26Enkosi da bɛn na eyi ntena adiyifo a wɔhyɛ nkɔntoro no komam, adiyifo a wɔka wɔn komam nnaadaasɛm,
27na wodwen sɛnea wɔde wɔn adae a wɔkeka kyerɛkyerɛ wɔn ho no bɛma me man werɛ afi me din, sɛnea Baal nti wɔn agyanom werɛ fii me din no?
28Odiyifo a ɔso dae no, ma ɔnka adaeso, na nea m’asɛm wɔ ne hɔ no, ma ɔnka m’asɛm nokware so.
29Heb 4.12 Dɛn na ntɛtɛwa ne awi wɔ yɛ? AWURADE asɛm ni So m’asɛm nte sɛ ogya? AWURADE asɛm ni, na ɛnte sɛ asae a ɛbobɔ ɔbotan anaa?
30Enti hwɛ, me ne adiyifo no anya, AWURADE asɛm ni, nnipa a wowiawia me nsɛm wɔn yɔnkonom nkyɛn no.
31Hwɛ, me ne adiyifo no anya, AWURADE asɛm ni, wɔn a wɔde wɔn tɛkrɛma keka sɛ: N’asɛm ni no!
32Yer 23.21 Hwɛ, me ne adiyifo a wɔsoso atoro adae no anya, AWURADE asɛm ni; wɔn de, wɔkeka adae no, na wɔde wɔn atosɛm ne wɔn adwenharesɛm daadaa me man no, nanso mensomaa wɔn ɛ, na menhyɛɛ wɔn ɛ, na wɔn ho renyɛ ɔman yi mfaso biara, AWURADE asɛm ni.
33Na sɛ ɔman yi anaa odiyifo anaa ɔsɔfo bi bisa wo sɛ: AWURADE atemmusɛm ne dɛn? A, ɛnne kyerɛ wɔn atemmusɛm ko no, na mesum mo magu, AWURADE asɛm ni.
34Na odiyifo ne ɔsɔfo ne ɔman a wɔka sɛ: AWURADE atemmusɛm no, na mɛba mabɛtwe onii ko no ne ne fi aso.
35Monkeka nkyerɛ mo mfɛfo, na onua nka nkyerɛ ne nua sɛ: Dɛn na AWURADE buae, na dɛn na AWURADE aka?
36Na AWURADE atemmusɛm no de, mommmɔ din bio, na obiara asɛm bɛdan no adesoa, efisɛ moadannan Onyankopɔn teasefo, asafo AWURADE, yɛn Nyankopɔn nsɛm ani.
37Ka kyerɛ odiyifo no sɛ: Dɛn na AWURADE de buaa wo, na dɛn na AWURADE aka?
38Na sɛ moka sɛ: AWURADE atemmusɛm no nti, sɛ AWURADE se ni: Esiane sɛ moka asɛm yi sɛ: AWURADE atemmusɛm no, na mesomaa mo nkyɛn sɛ: Monnka sɛ: AWURADE atemmusɛm no,
39enti, hwɛ, me werɛ befi mo koraa, na matow mo ne kurow a mede memaa mo ne mo agyanom no afi m’anim agu.
40 Yer 20.11 Na mede daa ahohora ne daa nsopa a werɛ remfi da mato mo so.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.