1Asɛm a efi AWURADE nkyɛn baa Yeremia nkyɛn, Yuda hene Yehoiakim a ɔyɛ Yosia ba bere so ni:
2 fi, na wo ne wɔn nkɔkasa, na fa wɔn bra AWURADE fi mpia no biako mu, na ma wɔn nsa nnom.
3Ɛnna mekɔfaa Habasinia ba Yeremia ba Yaasania ne ne nuanom ne ne mmammarima nyinaa ne Rekabfo fifo nyinaa,
4na mede wɔn mebaa AWURADE fi mekɔɔ Onyankopɔn nipa Yigdalia ba Hanan mma pia a ɛwɔ mmapɔmma pia no ho, ɔpon ano hwɛfo Salum ba Maaseia pia atifi no mu,
5na mede nkuruwa a nsa ayeyɛ no amaama ne nkora misisii Rekabfo fi mma no anim, na misee wɔn sɛ: Monnom nsa.
62 Ah 10.15, 23 Na wose: Yɛnnom nsa. Na yɛn agya Rekab ba Yonadab ahyɛ yɛn sɛ: Monnnom nsa, mo ne mo mma nnnom bi da biara da.
7Na munnsisi adan, na munnnua hwee, na monnyɛ bobeturo bi, na mommfa ebi nso nnyɛ mo de; na ntamadan mu na montena mo nna nyinaa, na moadi nna pii, asase a moyɛ so ahɔho no so.
8Na yɛatie yɛn agya Rekab ba Yonadab, nea ɔhyɛɛ yɛn no nyinaa mu, na yɛn nna nyinaa mu yɛnnom nsa, yɛn, yɛn yerenom, yɛn mmabanin ne yɛn mmabea;
9na yensisi adan ntena mu, na yenni bobeturo ne afuw ne ade a wodua bi,
10na yɛtete ntamadan mu; na yetie na yɛyɛ sɛ yɛn agya Yonadab hyɛɛ yɛn no nyinaa.
11Na Babel hene Nebukadnesar tu baa asase yi so no, yɛkae sɛ: Mommra mma yɛnkɔ Yerusalem mfi Kaldeafo dɔm ne Siriafo dɔm no anim; na yɛbɛtenaa Yerusalem.
12Ɛnna AWURADE asɛm baa Yeremia nkyɛn sɛ:
13Sɛ asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn se ni: Kɔ, na kɔka kyerɛ Yuda mmarima ne Yerusalemfo sɛ: So morennye nteɛso sɛ mubetie me nsɛm? AWURADE asɛm ni.
14Wɔama Rekab ba Yonadab nsɛm a ɔhyɛɛ ne mma sɛ wɔnnnom nsa no atim, na wɔnnom bi abesi nnɛ da yi, efisɛ wotie wɔn agya ahyɛde no. Na me de, makasa makyerɛ mo, mitua ahema mekasa mekyerɛ mo, na moantie me.
15Yer 25.4-7 Na masoma me nkoa, adiyifo no, nyinaa maba mo nkyɛn, mitua ahema mesoma wɔn sɛ: Monsan ɛ, mo nyinaa mfifi mo akwammɔne so, na monyɛ mo nsɛnnii yiye, na munnni anyame foforo akyi nnsom wɔn, na montena asase a mede memaa mo ne mo agyanom no so. Na moammrɛ mo aso ase, na moantie me.
16Na Rekab ba Yonadab mma ama wɔn agya ahyɛde a ɔhyɛɛ wɔn no atim; na ɔman yi de, wontie me.
17Yer 7.13 Ɛno nti sɛ AWURADE, asafo Nyankopɔn, Israel Nyankopɔn, se ni: Hwɛ, mede bɔne a meka mitiaa Yuda ne Yerusalemfo no nyinaa mereba wɔn so, esiane sɛ makasa makyerɛ wɔn, na wɔantie, na mafrɛ wɔn, na wɔannye me so nti.
18Na Rekabfo fi no de, Yeremia ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Sɛ asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn, se ni: Esiane sɛ moatie mo agya Yonadab ahyɛde, na moadi ne mmara nsɛm nyinaa so ayɛ sɛ ɔhyɛɛ mo no nyinaa nti,
19sɛ asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn, se ni: Onipa a ogyina m’anim remmɔ Rekab ba Yonadab da biara da.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.