Sefania 2 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

Monsakra mo adwene. Atemmu no reba

1Mommoaboa mo ho ano, mommoaboa mo ho ano,

ɔman a mo ani nwu ade!

2Mommma ahyɛde no mmma ansa,

da no resen aba sɛ ntɛtɛwa,

mommma Awurade abufuw mu gya no

mmma mo so ansa,

yiw mommma Awurade abufuw da no

mmma mo so ansa.

3Monhwehwɛ Awurade, asase sofo a mobrɛ mo ho ase

na moyɛ n’atemmude nyinaa!

Monhwehwɛ trenee,

monhwehwɛ ahobrɛase;

ebia wɔbɛkora mo so,

Awurade abufuw da no.

4Na Gasa bɛyɛ kurow a wɔagyaw,

na Askelon ayɛ akurofo;

Asdod de, wobetu wɔn awia ketee,

na Ekron ase nso, wobetutu.

5 1 Sa 30.14; Yer 47 Munnue, mpoanofo,

Keretifo man!

Awurade asɛm da mo so,

Kanaan a ɛyɛ Filistifo asase!

Mɛma wɔasɛe wo,

na anka wo mufo bi.

6Na mpoano asase bɛdan adidibea

a nguanhwɛfo funu mu

na nguamman wowɔ hɔ,

7 Sef 3.20 na ayɛ Yuda fi nkae

asase a wɔyɛn so mmoa,

Askelon afi mu na wobebutubutuw anwummere,

na Awurade wɔn Nyankopɔn bɛhwɛ wɔn,

na ɔde wɔn nnommumfa asan aba.

8 Yer 48; 49.1 Mate Moab nsopa ne Amonfo yaw

a wɔde asopa me man

na wɔama wɔn ho so atia wɔn hye no;

9 Gye 19.24 enti, sɛ mete ase yi,

asafo Awurade, Israel Nyankopɔn asɛm ni,

ampa, Moab bɛdan sɛ Sodom,

na Amonfo ayɛ sɛ Gomora,

nsansono sisibea ne nkyemmena ne daapem amamfo;

me man nkae bɛfow wɔn,

na me nkurɔfo a wɔbɛka no afa wɔn adi.

10Wɔn ahantan nti na eyi bɛyɛ wɔn,

efisɛ wɔasopa na wɔama wɔn ho so

ahyɛ asafo Awurade man no.

11Awurade ho bɛyɛ wɔn hu,

efisɛ ɔbɛma asase so anyame nyinaa ayera;

na aman no mu biara befi ne tenabea aba,

nsuano aman nyinaa, na wɔabɛsɔre no.

12 Hes 30.9 Mo Etiopiafo nso,

m’afoa ano na mobɛtotɔ.

13 Nah 1.1 Na ɔbɛteɛ ne nsa akyerɛ benkum fam,

na wasɛe Asiria,

na wadan Niniwe amamfo,

na awo kesee sɛ sare so,

14 Yes 13.21; 34.11 na mmoakuw abutubutuw mu,

mmoadoma nyinaa;

pokupoku ne, apɛsɛe nso bɛtena n’adum no so;

wɔbɛte nnomaa su mfɛnsere mu,

nwura dodow begugu apongua ase,

efisɛ wama ne nkyeneduru no ho ada hɔ.

15 Yes 47.8 Eyi ne kurow a edi ahurusi

a ɛte hɔ anibiannaso so,

na ese ne koma mu sɛ:

Me ara, na obi nni m’akyi bio.

Adan amamfo, mmoa abutuwii, dɛn ara ni!

Obiara a ɔnam ho twam no

bɛbɔ hwirema hwee hwee,

na wawosow ne nsa.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help