Nnwom mu dwom 5 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

Ayeforo no nnae

1 Nmd 6.2 Maba me turo mu, me nua, ayeforo,

meretetew me kurobow ne m’aduhuam,

meredi me wokyɛm ne me wo,

merenom me nsa ne me nufusu.

Nnamfonom, munnidi,

adɔfonom, monnom na mommee.

2 Nmd 6.9 Me de, mereda no,

na me koma nyanee.

Me dɔfo nne ni, ɔpem se:

Hiɛ me, me nua, m’adamfowaa,

m’aborɔnoma a wudi mu;

na obosu ayɛ m’atifi ma,

anadwo nsosɔe ayɛ me mpɛsɛmpɛsɛ ma.

3Mayi m’atade, mɛyɛ dɛn mahyɛ?

Mahohoro me nan ho, mɛyɛ dɛn mayɛ no fi?

4Me dɔfo teɛɛ ne nsa faa mfɛnsere mu,

na me yam hyehyee me ne ho.

5Ɛnna meresɔre sɛ mikohiɛ me dɔfo no,

kurobow sosɔɔ me nsa ho,

na kurobow sosɔɔ me nsa so,

apratwom nsomu so.

6 Nmd 3.1 Merehiɛ me dɔfo, na me dɔfo dan ne ho sen kɔe;

ɔrekasa no, me koma tui;

mehwehwɛɛ no, na manhu no,

mefrɛɛ no, na wannye me so.

7Awɛmfo a wokyin kurow mu no bɛtoo me,

wɔbobɔɔ me, wopiraa me,

afasu so awɛmfo gyee me nkataanim.

Ayeforokunu no ahoɔfɛ

8 Nmd 2.5 Meka mo ntam, Yerusalem mmabea,

sɛ muhu me dɔfo a, monka nkyerɛ no

sɛ meyare ɔdɔ.

9Dɛn na wo dɔfo de sen ɔdɔfo bi,

mmea mu ɔhoɔfɛfo?

Dɛn na wo dɔfo de sen ɔdɔfo bi,

sɛ woka ntam gu yɛn so sɛɛ yi?

10Me dɔfo hoa na ɔbere,

ɔdɛnsow nnipa mpem mpem mu.

11Ne ti yɛ sika amapa pa,

ne mpɛsɛmpɛsɛ yɛ kuhaa,

ebiri sɛ anene.

12 Nmd 4.1 N’aniwa te sɛ asuten ho mmorɔnoma

a woguare nufusu,

sisi ne mayɛ so.

13 Nnw 45.2 N’afono te sɛ aduhuam akofi

a nnuhuam yɛ so yiye;

n’anofafa te sɛ sukooko fɛfɛ

a ɛsosɔ kurobow;

14ne nsa yɛ sika nnwinne

a wɔde sikabereɛbo asisi mu;

ne nipadua yɛ asonse dwinne

a wɔde hoabo adura so.

15N’asrɛ yɛ abofufu adum

a esisi amapa nnyinaso so,

ne suban te sɛ Lebanon,

wɔapaw no sɛ kyeneduru nnua.

16N’anom wɔ adɔkɔdɔkɔde,

na ne ho nyinaa yɛ anisɔde ara nko.

Me dɔfo ni, na m’adamfo ni,

Yerusalem mmabea.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help