1 Samuel 30 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

Dawid tɔ Amalekfo so were

1 1 Sa 25.42-43 Na Dawid ne ne mmarima no duu Siklag da a ɛto so abiɛsa no, na Amalekfo abetua atifi fam ne Siklag, na wɔabɔ Siklag, na wɔde gya ahyew.

2Na wɔafa mmea a wɔwɔ mu no nnommum, fi mmofra so kosi mpanyin so, wɔankum obiara, na wɔsoaa wɔn sii kwan so kɔe.

3Na Dawid ne ne mmarima no duu kurow no mu no, na hwɛ, wɔde gya ahyew, na wɔn yerenom ne wɔn mmammarima ne wɔn mmabea no, wɔafa wɔn nnommum kɔ.

4Ɛnna Dawid ne dɔm a wɔka ne ho no momaa wɔn nne so sui ara kosii sɛ wonnya ahoɔden nsu bio.

5Na Dawid yerenom baanu no, Yesreelni Ahinoam ne Karmelni Abigail, Nabal yere no, nso, wɔafa wɔn nnommum bi.

6Na Dawid ho kyeree no papaapa, efisɛ ɛdɔm no kae sɛ wobesiw no abo, na dɔm no nyinaa kra botowee, wɔn mmammarima ne wɔn mmabea nti; nanso Dawid hyɛɛ ne ho den AWURADE ne Nyankopɔn mu.

7 1 Sa 23.9 Na Dawid ka kyerɛɛ ɔsɔfo Ahimelek ba Abiatar sɛ: Fa asɔfotade no brɛ me. Na Abiatar de asɔfotade no brɛɛ Dawid.

8Na Dawid bisaa AWURADE sɛ: Mintiw dɔm yi anaa? So mɛto wɔn? Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Tiw wɔn, na wobɛto wɔn, na ogye nso wubegye.

9Ɛnna Dawid siim kɔe, ɔno ne mmarima ahansia a wɔka ne ho no. Na woduu Besor subon ho no, wɔn a wɔkaa akyiri no soo hɔ.

10Na Dawid ne mmarima ahanan tiw wɔn, na ahanu a wɔabrɛ a wɔantumi antwa Besor subon no soo hɔ.

11Na wohuu Misraimni bi wuram hɔ, na wɔde no brɛɛ Dawid; na wɔmaa no abodoo dii, na wɔmaa no nsu nomee,

12Ate 15.19 na wɔmaa no borɔdɔma tɔw sin ne bobe aba atɔw abien; na odii no, n’ani so baee no, efisɛ nnansa, awia ne anadwo, na onnidii na ɔnnomee.

13Na Dawid ka kyerɛɛ no sɛ: Hena ba ne wo, na ɛhe na wufi? Na ose: Meyɛ Misraimni ba, Amalekni bi akoa, na me wura gyaw me, efisɛ ɔyare bɔɔ me nnɛ nnansa.

142 Sa 8.18; Yos 14.13 Yekotuaa Keretifo nifa ne nea ɛyɛ Yuda dea no ne Kaleb nifa, na yɛde gya hyew Siklag.

15Na Dawid ka kyerɛɛ no sɛ: So wode me besian akɔ dɔm no nkyɛn? Na ose: Ka me Onyankopɔn sɛ worenkum me, nso woremfa me nhyɛ me wura nsa, na mede wo mesian makɔ dɔm no nkyɛn.

16Na ɔde no sian kɔe; na hwɛ, asade bebree a wɔakɔfa Filistifo asase so ne Yuda asase so no nti, wɔboaboa fam hɔ nyinaa redidi na wɔrenom na wɔresaw.

17Na Dawid kunkum wɔn fi ahemadakye kosii da a edi so no anwummere; na wɔn mu biara amfi mu gye mmerante ahanan a wɔtenatenaa yoma so guanee.

18Na Dawid gyee nea Amalekfo fae no nyinaa; ne yerenom baanu no nso, Dawid gyee wɔn;

19na anka wɔn biribiara, ketewa oo, kɛse oo, mmammarima oo, mmabea oo, asade a wɔbɛfae no mu biara oo, Dawid de ne nyinaa san bae.

20Na Dawid faa nguan ne anantwi no nyinaa, na wɔde mmoa no dii n’anim bae, na wɔkae sɛ: Eyi de, Dawid asade ni.

21Na Dawid duu mmarima ahanu a wɔabrɛ a wɔantumi anni Dawid akyi a wogyaw wɔn tenaa Besor subon ho no nkyɛn. Na wofii adi behyiaa Dawid ne dɔm a wɔne no nam no, na Dawid bɛn dɔm no kyiaa wɔn.

22Ɛnna mmarima a wɔne Dawid kɔe no mu nnipa bɔne ne ahuhufo bi buae sɛ: Sɛ wɔne yɛn ankɔ nti, wɔremma wɔn asade a yɛakogye no bi, gye wɔn yerenom ne wɔn mma na wɔmfa wɔn nkɔ.

23Na Dawid kae sɛ: Anuanom, monnyɛ sa, nea AWURADE de ama yɛn, na wahwɛ yɛn so, na ɔde dɔm a wɔbaa yɛn so no ahyɛ yɛn nsa.

24Num 31.27 Na hena na obetie mo, asɛm yi mu? Na sɛnea ɔkɔ akono kyɛfa te no, saa ara na nea ɔtena nneɛma ho no nso kyɛfa te: Wɔnkyɛ mu pɛ.

25Na efi da no ara de rekɔ no, ɔde too hɔ yɛɛ ahyɛde ne atemmude maa Israel de besi nnɛ.

26Na Dawid duu Siklag no, ɔsomae ma wɔde asade no bi kɔmaa Yuda mpanyin a wɔyɛ ne nnamfo kae sɛ: Hwɛ, AWURADE atamfo asade mu akyɛde a wɔde rebrɛ mo ni.

27Ɔde kɔmaa wɔn a wɔwɔ Betel ne wɔn a wɔwɔ Ramot a ɛwɔ nifa ne wɔn a wɔwɔ Yatir,

28ne wɔn a wɔwɔ Aroer ne wɔn a wɔwɔ Sifmot ne wɔn a wɔwɔ Estemoa,

29ne wɔn a wɔwɔ Rakal ne wɔn a wɔwɔ Yerahmeelifo nkurow mu, ne wɔn a wɔwɔ Kenifo nkurow mu,

30ne wɔn a wɔwɔ Horma ne wɔn a wɔwɔ Borasan ne wɔn a wɔwɔ Atak,

31ne wɔn a wɔwɔ Hebron, ne mmeaemmeae a Dawid ne ne nnipa akyinkyin nyinaa.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help