Sirak NHYƐNMU - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

NHYƐNMUNyansa a ɛfiri Yesu a n’agya ne Sirak a wɔsan frɛ no Eklesiastikus no, ɔbarima bi a wɔfrɛ no Yosua (anaasɛ Yesu) na ɔkyerɛw no Hebri kasa mu, na akyiri yi no, ne nana kyerɛɛ ase kɔɔ Hela kasa mu. Nsɛm a ɛwɔ mu bi yɛ Yudafo nyansa nsɛm a ɛbɔ Yudasom ho ban sɛ, Onyankopɔn de nokware nyansa ama ne nkurɔfo. Wɔaka nsɛm bi a ɛfa nyamesom, esu ne nea ɛfa abɔde ho, wɔ abebu mu a ebi yɛ tenten na ebi nso yɛ tiawa.EMU NSƐMNea wɔde kamfo nyansa (Ɔfa a edi kan) 1.1—23.271. Asodi, akatua ne afotu a wɔde di dwuma 1.1—16.23

2. Nyankopɔn nyansa ne onipa mmuae 16.24—23.27

Nyansa ho ayeyi (Ɔfa a ɛtɔ so abien) 24.1—50.21

1. Nyansa ne papa 24.1—32.13

2. Nyankopɔn nyansa ne onipa som ne n’adwuma 32.14—42.14

3. Nyankopɔn animuonyam wɔ abɔde mu 42.15—43.33

4 Nea wɔde kamfo agyanom 44.1—50.21

Nea etwa to ne nkekaho 50.22—51.30

KasakanWɔnam Mmara ne Adiyifo ne afoforo a edi wɔ akyi no so ama yɛn nkyerɛkyerɛ akɛse, na ɛsɛ sɛ yɛda Israel ase wɔ nkyerɛkyerɛ ne nyansa eyinom ho. Afei, wɔn a wɔkenkan akyerɛw no, ɛnyɛ ntease nko ara na ɛsɛ sɛ wɔnya, na mmom sɛ wɔdɔ adesua yi, ɛsɛ sɛ wɔtumi fa asɛm no ka ne kyerɛw so boa wɔn a wɔwɔ akyiri. Ɛno nti, me nana Yesu a watu ne ho asi hɔ titiriw sɛ ɔbɛkenkan yɛn agyanom Mmara ne Adiyifo ne nhoma afoforo, na wanya nimdeɛ a ɛso wɔ mu, na ɔno ankasa nam so akyerɛw biribi a ɛfa nkyerɛkyerɛ ne nyansa ho, sɛnea ɛbɛyɛ na wɔn a wɔn ani bɛka ne nhoma no ho na wɔpɛ adesua no mpo bɛnya nkɔso kɛse wɔ asetena mu, sɛnea mmara no kyerɛ no.Ɛnne wɔrefrɛ wo sɛ nya adagyew fa anigye kenkan, bu w’ani gu kasasin binom a mpo yɛn mmɔdemmɔ a yɛbɔɔ wɔ ne nkyerɛase mu no anwie mudi no so. Ɛfi sɛ nea wɔdii kan kae wɔ Hebri kasa mu no nni nkyerɛase pɛpɛɛpɛ bere a wɔbɛkyerɛ ase akɔ kasa foforo mu. Ɛnyɛ nhoma yi nko, na mmom Mmara, Nkɔmhyɛ, ne nhoma nkae no ankasa nso, sɛ wokenkan nea edi kan no a ɛbɔ abira a ɛnyɛ ketewa.Bere a mebaa Misraim wɔ Euergetes ahenni afe a ɛto so aduasa awɔtwe a metenaa hɔ mmere kakra no, menyaa kwan nyaa nkyerɛkyerɛ kakra. Na ehia pa ara sɛ mede me ho si hɔ yɛ adwuma den de kyerɛ nhoma yi ase. Bere no mu, awia ne anadwo na mede me nimdeɛ yɛɛ sɛ mewie na matintim nhoma no ama wɔn a wɔtete amannɔne a wɔpɛ sɛ wɔnya nimdeɛ na wɔpɛ sɛ wɔbɔ bra sɛnea mmara no kyerɛ no.
Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help