Hiob 37 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

1Yiw, eyi ho na me koma tutu,

na ɛpopo fi n’afa.

2 Nnw 29.3 Otie na muntie ne nne huuyɛ,

ne mmobom a efi n’anom no.

3Ogyaa mu ɔsoro nyinaa ase,

na n’anyinam kodu asase anoano.

4Ɔprannaa bobom di akyiri,

ɔde ne kɛseyɛ nne no bobom.

Sɛ wɔte ne nne a, onsianka wɔn.

5Onyankopɔn de ne prannaa bobom ma ɛyɛ nwonwa,

ɔyɛ ade akɛse a yenhu mu,

6 Nnw 147.16; Hiob 38.28 na ɔka kyerɛ sukyerɛma sɛ: Tɔ gu asase so!

Ne osukɛse nso saa ara sɛ: Tue!

Ne n’ahoɔden su akɛse no.

7Ɔsɔ nnipa nyinaa nsa ano,

sɛ nnipa a ɔbɔɔ wɔn nyinaa nhu de.

8 Nnw 104.22 Ɛnna mmoadoma kɔ wɔn atu mu,

na wɔtenatena wɔn tenabea.

9Ahum fi mpiakyiri hɔ ba,

na awɔw nso fi atifi fam.

10Onyankopɔn home na ɛma nsu nkyenkyenee,

na ɛma nsu a ɛtrɛw nso kyenkyen.

11Nsu ara nko na ɔde soa omununkum,

ɔtrɛw ne hann mununkum no mu.

12Na ɔma edi kyinhyia sɛ n’akwankyerɛ te,

sɛ ɛnkɔyɛ nea ɔhyɛ no nyinaa,

wiase nyinaa ne asase ani;

13Sɛ ɛyɛ nteɛso nti oo,

sɛ ɛyɛ n’asase nti oo,

sɛ ɛyɛ adɔe so oo, ɔma ɛba ara.

14Hiob, yɛ aso wɔ eyi ho,

gyina hɔ dwen Onyankopɔn anwonwade ho.

15 Hiob 38 So wunim bere a Onyankopɔn susuw ho,

na ɔma ne mununkum mu hann hyerɛn?

16So wunim omununkum nkarii,

nimdeɛ mu mudifo no anwonwade no?

17Sɛnea wo ntade mu yɛ hyew,

bere a anafo mframa ma asase yɛ dinn no?

18So wo ne no na ɛde wim tɔnn a ɛwɔ hɔ pintinn

sɛ ahwehwɛ a wɔagu no trɛw hɔ?

19Ma yenhu nea yɛnka nkyerɛ no;

esum nti yɛrenhu nea yɛnka.

20So wɔnka nkyerɛ no sɛ mɛkasa?

Anaasɛ obi bɛpɛ sɛ wɔmene no?

21Na afei wonhu hann sɛ ɛhyerɛn hyɛnn ewim tɔnn,

na mframa twam a, ɛma wim hɔ tew.

22Atifi fam asase so na sika fi ba,

Onyankopɔn ho na anuonyam a ɛyɛ hu wɔ.

23 Hiob 28.12-28 Otumfo de, yenhu no,

ɔyɛ tumi mu ɔkɛse,

na ɔrenkyea atemmu ne trenee a ɛdɔɔso.

24Enti nnipa suro no,

ommu komam nyansafo biara.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help