1Awurade, wo na woayɛ yɛn guankɔbea,
awo ntoatoaso nyinaa mu.
2Wo de, wonnya nwoo mmepɔw
na wunnya nyii asase ne wiase adi no,
na wufi tete akyirikyiri
kosi daakye akyirikyiri yɛ Onyankopɔn.
3 Ɔsɛ 1.4; 12.7 Woma ɔdesani dan mfutuma, na wuse:
Onipa mma, monsan mmra mo dɔte mu.
4 2 Pe 3.8 Na mfirihyia apem yɛ w’ani so sɛ nnɛra da a etwaa mu
ne anadwo mu dasu.
5 Nnw 102.11; 103.15; Hiob 14.2; Yes 40.6-7 Woma wɔsen kɔ sɛ sunsuansu,
wɔte sɛ adaeso, anɔpa wɔfefɛw sɛ wura,
6anɔpa ɛyɛ frɔmfrɔm na ɛfefɛw,
anwummere wotwa, na atwintwam.
7Na yɛresa w’abufuw mu,
na yɛahyew w’abufuhyew no ano.
8Wode yɛn amumɔyɛ asi w’anim,
wode yɛn kokoam bɔne aba w’anim hann no mu.
9Na yɛn nna nyinaa twam kɔ w’abufuw mu,
yɛhwere yɛn mfe sɛ asutu bi.
10 Ɔsɛ 1.3, 8 Yɛn mfirihyiam nna, emu wɔ mfe aduɔsɔn,
na sɛ ɛboro so a, na ɛredu aduɔwɔtwe,
na emu ahohoahoade yɛ ɔbrɛ ne ahuhude,
na etwam ntɛm so, na yetu kɔ.
11Hena na ohu w’abufuw ano den a ɛyɛ,
ne w’anibere, sɛ wo ho suro te?
12 Nnw 39.4 Ma yenhu yɛn nna kan sɛ ɛte,
na yɛanya nyansa koma.
13AWURADE, san w’akyi,
ɛno, da bɛn ara?
Na ma wo nkoa ade nyɛ wo mmɔbɔ.
14Fa w’adɔe ma yɛmmee nhema,
na yɛadi ahurusi,
na yɛn ani agye yɛn nna nyinaa mu.
15Ma yɛn ho nsan yɛn,
sɛ nna a wobrɛɛ yɛn ase wɔ mu
ne mfe a yehuu mu bɔne no.
16Ma w’adwuma nna adi mma wo nkoa,
na w’anuonyam nna adi wɔn mma so.
17Na Awurade yɛn Nyankopɔn animtew mmra yɛn so,
na yɛn nsa ano adwuma no,
ma ɛnyɛ yiye mma yɛn,
yiw, yɛn nsa ano adwuma na ma ɛnyɛ yiye.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
