Mmebusɛm 1 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

Nyansa frɛ

1 1 Ah 4.29-32 Israel hene Solomon, Dawid ba no, mmebusɛm ni:

2Sɛ wɔmfa nhu nyansa ne nteɛso,

sɛ wɔmfa nhu nhumu nsɛm mu;

3sɛ wɔmfa nnye nimdeɛ nteɛso,

trenee, atemmu ne ade a ɛteɛ;

4sɛ wɔmfa nkyerɛ ntetekwaa anitew,

aberante nso nimdeɛ ne adwempa.

5Na onyansafo ntie,

na n’adenim nnɔɔso,

na onimdefo mfa nnya atɛmpa:

6Sɛ wɔmfa nhu abebusɛm ne akasabebui,

anyansafo nsɛm ne wɔn mmɛ mu.

7 Mmb 9.10; Nnw 111.10; Hiob 28.28 AWURADE suro ne nimdeɛ mfiase;

nkwaseafo bu nyansa ne nteɛso animtiaa.

8 Mmb 6.20 Me ba, tie w’agya nteɛso,

na mpo wo na mmara;

9 Mmb 4.9 na ɛyɛ wo ti anuonyam abotiri

ne wo kɔn mu ntweaban.

Nnyigye ho kɔkɔbɔ

10Me ba, sɛ nnebɔneyɛfo gyigye wo a, mpene!

11Sɛ wose: Bra ma yenkobuw mogya,

ma yɛnkɔtɛw nea odi bem kwa;

12ma yɛmmemmene wɔn anikan sɛ asaman,

ne pɛyɛfo sɛ wɔn a wosian kɔ amoa mu;

13yebenya ade a ne bo yɛ den nyinaa,

yɛde asade bɛhyɛ yɛn afi ma.

14Fa wo kyɛfa bɛbɔ yɛn de mu,

yɛn nyinaa benya kotoku biako.

15Me ba, wo ne wɔn nnnantew ɔkwan so.

Twe wo nan fi wɔn sa so.

16Na wɔn nan tu mmirika kɔ bɔne mu,

na wɔpɛ ntɛm hwie mogya gu.

17Na ɔkwa ara na wɔasum afiri

ntakraboa nyinaa anim;

18na wɔn de, wɔn ankasa mogya na wobuw,

wɔtɛw wɔn ankasa kra.

19Saa, na amim mu mfasopɛfo nyinaa akwan te,

ɛfa ne wuranom kra kɔ.

Asoɔden so asotwe

20Nyansa teɛm mmorɔn so,

ɔma wɔte ne nne mmɔnten so;

21 Mmb 8.1 ɔteɛm aguabirim ti,

ɔka ne nsɛm, kurow apon ano, kurow no mu sɛ:

22Da bɛn ara na mo ntetekwaa, mobɛpɛ ntetekwaasɛm akosi?

Na afɛwdifo bɛpɛ wɔn fɛwdi, na nkwasea akyi nimdeɛ?

23Monnan mo ho mma me kasakyerɛ.

Hwɛ, mɛworo me honhom mama mo,

mɛma moahu me nsɛm.

24 Yes 65.2, 12 Sɛ mafrɛ, na mokame,

mateɛ me nsam, na obi mfa nyɛ hwee,

25na motow m’afotu nyinaa kyene,

na me kasakyerɛ no, mompɛ nti,

26 Mmb 3.34 me nso mɛserew mo, mo amane mu,

mo ahopopo bɛba no, meyi mo ahi.

27Mo ahopopo ba sɛ ɔprannaa,

na mo amane ba sɛ ahum,

ahohia ne ahokyere ba mo so a,

28 Yes 59.2; Mika 3.4 ɛno na wɔbɛfrɛ me, na merennye so,

wɔbɛhwehwɛ me ahema, na wɔrenhu me.

29Esiane sɛ wokyi nimdeɛ,

na wɔampɛ AWURADE suro,

30wɔampɛ m’afotu,

na wɔpoo me kasakyerɛ nyinaa,

31 Yes 3.10-11 enti wobedi wɔn kwan so aba,

na wɔn agyina a wotutui amee wɔn.

32 Mmb 8.36 Na ntetekwaa akyirisan bekum wɔn,

na nkwasea yiyedi bɛsɛe wɔn.

33 Mmb 8.34 Na nea otie me no de ɔbɛtena hɔ komm,

na ne ho adwo no a onsuro sɛ amane reba.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help