Numeri 26 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

Wɔkan awo ntoatoaso foforo no

1Na ɔhaw no akyi no AWURADE ka kyerɛɛ Mose ne ɔsɔfo Aaron ba Eleasar sɛ:

2Num 1.2-47 Monkan Israelfo asafo no nyinaa dodow mfi nea wadi mfirihyia aduonu so mfa nkɔ, sɛ wɔn mpanyimfi te, Israel mu nnipa a wotumi kɔ ɔsa nyinaa.

3Na Mose ne ɔsɔfo Eleasar ka kyerɛɛ wɔn, Moab tataw so, Yordan fa a ɛbɛn Yeriko sɛ:

4Kan wɔn a wɔadi mfirihyia aduonu de rekɔ no, sɛnea AWURADE hyɛɛ Mose ne Israelfo a wofi Misraim asase so bae no.

5 Gye 46.8-27; 1 Be 4.7 Israel abakan ne Ruben: Ruben mma ne: Hanok, Hanokfo abusua; Palu de, Palufo abusua;

6Hesron de, Hesronfo abusua; Karmi de, Karmifo abusua.

7Eyinom ne Rubenfo mmusua, na wɔn nnipa a wɔkan wɔn no si ɔpeduanan abiɛsa ne ahansɔn aduasa.

8Na Palu mma: Eliab;

9Deut 16 na Eliab mma: Nemuel ne Datan ne Abiram. Eyinom ne Datan ne Abiram, asafo no mu aguasemfo a wɔne Mose ne Aaron hamee Kora asafo no mu, wɔn ham a wɔne AWURADE hamee no mu;

10na asase buee n'anom menee wɔn ne Kora, na asafo no wuwui, na ogya hyew mmarima ahanu aduonum no; na wɔbɛyɛɛ sɛnkyerɛnne.

11Nanso Kora mma de, wɔanwuwu.

12Simeon mma, sɛ wɔn mmusua te: Nemuel de, Nemuelfo abusua; Yamin de, Yaminfo abusua; Yakin de, Yakinfo abusua;

13Sera de, Serafo abusua; Saul de, Saulfo abusua.

14Eyinom ne Simeonfo mmusua. Wosi ɔpeduonu abien ne ahanu.

15Gad mma, sɛ wɔn mmusua te: Sefon de, Sefonfo abusua; Hagi de, Hagifo abusua; Suni de, Sunifo abusua;

16Osni de, Osnifo abusua; Eri de, Erifo abusua;

17Arod de, Arodfo abusua; Areli de, Arelifo abusua.

18Eyinom ne Gad mma mmusua, sɛ wɔn a wɔkan wɔn no te, ɔpeduanan ne ahanum.

19 Gye 38.7, 10 Yuda mma: Er ne Onan; na Er ne Onan wuwui Kanaan asase so.

20Na Yuda mma, sɛ wɔn mmusua te ni: Sela de, Selafo abusua; Peres de, Peresfo abusua; Sera de, Serafo abusua.

21Rut 4.18 Na Peres mma ni: Hesron de, Hesronfo abusua; Hamul de, Hamulfo abusua.

22Eyinom ne Yuda mmusua, sɛ wɔn a wɔkan wɔn no te, ɔpeduɔsɔn asia ne ahannum.

23Isakar mma, sɛ wɔn mmusua te: Tola de, Tolafo abusua; Puwa de, Puwafo abusua;

24Yasub de, Yasubfo abusua; Simron de, Simronfo abusua.

25Eyinom ne Isakar mmusua, sɛ wɔn a wɔkan wɔn no te, ɔpeduosia anan ne ahasa.

26Sebulon mma, sɛ wɔn mmusua te: Sered de, Seredfo abusua; Elon de, Elonfo abusua; Yahleel de, Yahleelfo abusua.

27Eyinom ne Sebulon mmusua sɛ wɔn a wɔkan wɔn no te, ɔpeduosia ne ahanum.

28Yosef mma, sɛ wɔn mmusua te: Manase ne Efraim.

29Yos 17.1-3 Manase mma: Makir de, Makirfo abusua; na Makir woo Gilead; Gilead de, Gileadfo abusua.

30Gilead mma ni: Yeser, Yeserfo abusua; Helek de, Helekfo abusua;

31ne Asriel, Asrielfo abusua; ne Sekem, Sekemfo abusua;

32ne Semida, Semidafo abusua; ne Hefer, Heferfo abusua;

33Deut 27.1 na Hefer ba Selofehad nni mmammarima, na ɔwɔ mmabea; na Selofehad mmabea din ne Mahla ne Noa, Hogla, Milka ne Tirsa.

34Eyinom ne Manase mmusua, na wɔn a wɔkan wɔn no si ɔpeduonum abien ne ahanson.

35Efraim mma, sɛ wɔn mmusua te ni: Sutela de, Sutelafo abusua; Beker de, Bekerfo abusua; Tahan de, Tahanfo abusua.

36Na Sutela mma ni: Eran de, Eranfo abusua.

37Eyinom ne Efraim mma mmusua, sɛ wɔn a wɔkan wɔn no te, ɔpeduasa abien ne ahanum. Eyinom ne Yosef mma, sɛ wɔn mmusua te.

38Benyamin mma, sɛ wɔn mmusua te: Bela de, Bela abusua; Asbel de, Asbel abusua; Ahiram de, Ahiram abusua;

39Sefufam de, Sefufam abusua; Hufam de, Hufam abusua.

40Na Bela mma ne Ard ne Naaman; Ard de, Ard abusua; Naaman de, Naaman abusua.

41Eyinom ne Benyamin mma, sɛ wɔn mmusua te; na wɔn a wɔkan wɔn no si ɔpeduanan anum ne ahansia.

42Dan mma, sɛ wɔn mmusua te ni: Suham de, Suhamfo abusua. Eyinom ne Dan mmusua, sɛ wɔn mmusua te.

43Suhamfo mmusua nyinaa sɛ wɔn a wɔkan wɔn no te si ɔpeduosia anan ne ahannan.

44Aser mma, sɛ wɔn mmusua te: Yimna de, Yimnafo abusua; Isui de, Isuifo abusua; Beria de, Beriafo abusua;

45Beria mma de: Heber de, Heberfo abusua; Malkiel de, Malkielfo abusua.

46Na Aser babea din de Sera.

47Eyinom ne Aser mma mmusua, sɛ wɔn a wɔkan wɔn no te: ɔpeduonum abiɛsa ne ahanan.

48Naftali mma, sɛ wɔn mmusua te: Yakseel de, Yakseelfo abusua; Guni de, Gunifo abusua;

49Yeser de, Yeserfo abusua; Silem de, Silemfo abusua.

50Eyinom ne Naftali mmusua, sɛ wɔn mmusua te; na wɔn a wɔkan wɔn no si ɔpeduanan anum ne ahanan.

51Eyinom ne Israelfo a wɔkan wɔn no: ɔpehansia ne baako, ahansɔn aduasa.

Asase no kyɛ ho nhyehyɛe

52Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ:

53Eyinom na wɔnkyɛ asase no mma wɔn na wonni so, sɛ wɔn din dodow te.

54Abusuakuw a ɛso no, ma ne kyɛfa nso, na nea esua no, ma ne kyɛfa nsua; sɛnea obiara nnipa a wɔkan wɔn no ano te na wɔmma no n'agyapade.

55Num 33.54; Yos 14.2 Nanso ntonto so na wɔmfa nkyɛ asase no; na wonnye wɔn kyɛfa no sɛnea wɔn agyanom mmusuakuw no din te.

56Ntonto so na wɔmfa nkyɛ agyapade mma wɔn a wɔdɔɔso ne wɔn a wosua.

Lewifo mmusua

57 Eks 6.16-25 Na Lewifo a wɔkan wɔn sɛ wɔn mmusua te ni: Gerson de, Gersonfo abusua; Kohat de, Kohatfo abusua; Merari de, Merarifo abusua.

58Eyinom ne Lewifo mmusua: Libnifo abusua, Hebronfo abusua, Mahlifo abusua, Musifo abusua, Korafo abusua. Na Kehat woo Amram.

59Na Amram yere din ne Yokebed, Lewi ba a wɔwoo no Misraim no; na ɔwoo Aaron ne Mose ne wɔn nuabea Miriam maa Amram.

60Na Aaron nso, wɔwoo Nadab ne Abihu, Eleasar ne Itamar maa no;

61Lew 10.1-2 nanso Nadab ne Abihu de anana gya bi baa AWURADE anim no, wowuwui.

62Na wɔn nnipa a wɔkan wɔn no si ɔpeduonu abiɛsa, mmarima a wɔadi ɔsram ne akyiri nyinaa; na wɔankan wɔn amfra Israelfo, na wɔamma wɔn agyapade Israelfo mu.

Kaleb ne Yosua

63Eyinom ne wɔn a Mose ne ɔsɔfo Eleasar kenkan wɔn, ɔkan a wɔkan Israelfo wɔ Moab tataw so, Yordan fa a ɛbɛn Yeriko no.

64Num 3.1-39 Nso ɔbarima biara mfra eyinom mu a ofi nnipa a Mose ne ɔsɔfo Aaron kan wɔn, bere a wɔkan Israelfo wɔ Sinai sare so no mu,

65Num 14.22-38 efisɛ AWURADE aka akyerɛ wɔn sɛ owu na wobewuwu sare so, na wɔn mu biara anka, sɛ Yefune ba Kaleb ne Nun ba Yosua.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help