1Eyi akyi no ankyɛ na ɔhene no somaa Atene baguani bi sɛ ɔmmɛhyɛ Yudafo no na wonyae wɔn agyanom mmara no no so di, na wɔmfa Onyankopɔn mmara no mmɔ wɔn bra bio.
2na afei nso wongu Yerusalem asɔrefi no ho fi, na wɔmfrɛ no Olimpus Seus asɔrefi, na biako a ɛwɔ Gerisim no, wɔmfrɛ no Ahɔho Adamfo Seus asɔrefi, sɛnea wɔn a wɔte saa beae no de frɛ no no.
3Ahoyeraw ne awerɛhow papa bi na ɛkɔɔ so.
4Ahɔho no maa basabasa pii kɔɔ so wɔ asɔrefi hɔ. Wɔne mmea asansafo dii agobɔne wɔ kronkronbea hɔ. Ɛno fi hɔ a, wɔde nneɛma a ɛho ntew baa hɔ bɛbɔɔ afɔre.
5Wɔde akyide a mmara mma ho kwan yɛɛ afɔremuka no so ma.
6Afei na nnipa ntumi nni homeda no, na nananom afahyɛ no nso wonni, na mpo ɛyɛ den sɛ wobɛfrɛ wo ho sɛ Yudani.
7Ɔhene awoda a wodi no bosom biara no, wɔhyɛɛ Yudafo no anibere so ara sɛ wɔmmɔ afɔre no bi; na sɛ Dionisus afahyɛ du so a, wɔhyɛ wɔn ma wɔkɔka santen no ho bobɔ Iwi nhwiren abotiri pue gua de hyɛ Dionisus anuonyam.
8Polemi nsusuwii no, wɔgye too mu ma ɛyɛɛ mmara kɔɔ Helafo ahenkurow a ɛbɛn no nyinaa mu sɛ: Wɔmma Yudafo ne Helafo no nyinaa nhyɛ mmara koro ase mmɔ afɔre.
9Na wonkunkum wɔn a wɔmpɛ sɛ wɔ bɛsakra abedi Helafo no mmara so no. Enti sɛ wohwɛ a, wobehu ɔhaw a ɛbaa wɔn so.
101 Mak 1.60, 61 Ebi ne sɛ wɔde mmea baanu bi bae sɛ wɔatwa wɔn mma twetia. Wɔ de saa mmea no twaa ahenkurow no mu hyiae, a na wɔn mma no sensɛn wɔn kɔn mu ne wɔn bo so, na akyi no wofi afasu no so wɔɔ wɔn akɔmfo.
111 Mak 2.32-38 Ebinom nso a wokohyiaa ɔbodan mu wɔ nkyɛn baabi, redwen sɛnea wobedi homeda no ho no, wokoyii wɔn maa Filipo, na wɔhyew wɔn nyinaa bɔɔ mu. Esiane wɔn nyamesom nti, wɔammue wɔn ano anka hwee, efisɛ homeda no ho hia wɔn sen ade nyinaa.
Ɔdomankoma ho mfaso wɔ ɔtaa ho12Afei mehyɛ wɔn a wɔkenkan nhoma yi sɛ wɔmmma wɔn werɛ nnhow wɔ saa amanehunu yi ho, mmom wɔnte ase sɛ, saa amanehunu yi amma sɛ ɛrebɛsɛe yɛn, na mmom ɛbɛhyɛ yɛn den.
13Nokwarem no, ɛyɛ ayamye nsɛnkyerɛnne kɛse sɛ onnyaw nyamesurofo bra mmma wɔmmfa wɔn ho nni nkyɛ, na mmom ɔbɛteɛ wɔn ntɛm ara.
14Amanaman bi de, Awurade twɛn, nya wɔn ho abotare ara kodu sɛ, wɔn bɔne bɛyɛ pii, adu ne mpompɔn so, nso ɔne yɛn anni no saa kwan so,
15amma n'abufuw amma yɛn so akyiri yi a yɛn bɔne adɔɔso no.
16Nti n’ahummɔbɔ da so wɔ yɛn so. Ɛwom ɔde amane ba yɛn so de, nanso onnyaa ne nkurɔfo da.
17Momma nea yɛaka yi nkaekae yɛn; ɛsɛ sɛ yɛtoa yɛn nsɛm yi so bio.
Eleasar wu wɔ ne gyidi mu18Eleaser, akyerɛwfo no mu biako a ne dibea korɔn, na ne nna akɔ anim, na ɔyɛ onuonyamfo no, wɔhyɛɛ no sɛ ommue n’ano nwe prakonam.
19Nanso ɔno a ɔrehwɛ owu kwan no, sɛ obegu ne ho fi n'asetena mu de, ɔde n'ankasa pɛ foroo owu antweri no, na opuw nam no fii n’anom gui.
20sɛnea nkurɔfo a wɔwɔ akokoduru tumi po nneɛma a enni sɛ wɔde ka wɔn ano no, sɛ ɛba sɛ wɔn kra mpo a.
21Wɔn a wɔhwɛ afɔrebɔ a mmara mma ho kwan no so no, de ɔbarima no a wonim no mfe pii no, kɔɔ nkyɛn, na wɔsee no sɛ, ɔno ara mfa nam a ɛfata sɛ odi mmra, na ɔmpatuw nyɛ sɛ ɔredi nam a ɛyɛ afɔrebɔ nam a, ɔhene ahyɛ ho mmara no,
22sɛnea sɛ ɔyɛ saa a, wɔagye no afi wu mu, na wɔayɛ ne mfɛfo no nyinaa saa, efisɛ onim wɔn dedaw nti.
23Nanso ɔkaa ntam sɛ, nea ne mfe adu yi a dwen gu n'atifi yi, ne ɔbra pa, a efi ne mmofraase wabɔ a fi bi nni ho, na afei Awurade mmara kronkron no nti, ɔde ne ho mae ntɛm ara sɛ wompia n’atiko nkɔ asaman.
24Ɔkae sɛ: Saa nyaatwom yi mfata sɛ wɔyɛ no wɔ yɛn mmere yi so. Ebia nnɛmmafo no mu pii adwene bɛyɛ wɔn sɛ Eleaser mfe aduɔkron mu no, agyaw ne som akɔsom anyame foforo.
25Na me nyaatwom, ne nna kakra a medi aka ho, na me nti nkyirimma bɛyera, na magu me ho fi ne me mpanyinyɛ anim ase.
26Na sɛ mprempren yi ara, miguan adasamma asotwe, nanso mpo, mete ase o, mewu o, meremmfi Otumfo no nsa.
27Ne saa nti sɛ mprempren yi mede me nkwa ma a, ɛbɛkyerɛ sɛ me mpanyinyɛ no som bo,
28na mede ayɛ nhwɛso pa, ama nkyirimma, sɛ nnipa wu wɔ abodwoe, nidi, ne mmara kronkron, a ɛsom bo no nti a, eye.
Bere a ɔkaa eyi wiei ara pɛ na ɔforoo owu antweri no.
29Na wɔn a ɛnkyɛe pii bi, wɔakyerɛ ɔtema bi ama no no, afei wɔbɛyɛɛ n'atamfo, esiane sɛ nsɛm a ɔkae no, wobuu no sɛ ɔyɛ abɔdamfo bi.
30Na bere a aka kakra na wawu wɔ akuturuku a wɔde bobɔɔ no nti no, ɔde nne kɛse teɛɛm kae sɛ: Awurade nim pefee wɔ ne kronkronyɛ mu sɛ, anka wobegye me afi owu mu mpo a, meresoa amanehunu yayaayaw yi wɔ boro a wɔde reboro me yi ho, mmom me kra mu de, midi dɛw sɛ meresoa eyinom esiane sɛ mesuro Awurade.
31Enam ɔkwan yi so, na owui, de gyaw nhwɛso pa a ɛnyɛ mmofra nko de mmom ɔman mu no nyinaa.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.