1 Samuel 19 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

Saul taa Dawid

1Na Saul ka kyerɛɛ ne ba Yonatan ne ne nkoa nyinaa sɛ wonkum Dawid. Nanso Saul ba Yonatan pɛ Dawid asɛm sɛ.

21 Sa 18.3 Na Yonatan kɔka kyerɛɛ Dawid sɛ: M’agya Saul hwehwɛ wo akum wo, na afei, kora wo ho so anɔpa, na tena kokoa bi mu hintaw;

3na me de, mefi adi makogyina m’agya nkyɛn wuram baabi a wowɔ no, na me ne m’agya aka wo ho asɛm, na mete biribi a, maka makyerɛ wo.

4Na Yonatan kaa Dawid ho asɛmpa kyerɛɛ n’agya Saul, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Mma ɔhene nnyɛ n’akoa Dawid ho bɔne; na ɔnyɛɛ wo bɔne bi ɛ, na ne nneyɛe nso ayɛ wo yiye pii.

51 Sa 17.50 Na ɔde ne kra too ne nsam kokum Filistini no, na AWURADE dii nkonim kɛse maa Israel nyinaa. Wuhui na w’ani gyei; na ɛdɛn nti na worebɛyɛ mogya a edi bem ho bɔne na woakum Dawid kwa?

6Na Saul tiee Yonatan, na Saul kaa ntam sɛ: Sɛ AWURADE te ase yi, wɔrenkum no da!

7Na Yonatan frɛɛ Dawid; na Yonatan kaa nsɛm no nyinaa kyerɛɛ no. Ɛnna Yonatan de Dawid baa Saul nkyɛn, na ɔbɛtenaa n’anim sɛ kan no.

8Na ɔko baa bio, na Dawid fii adi ne Filistifo kɔkoe, na okum wɔn kunkɛse, na woguan fii n’anim.

91 Sa 18.10-11 Na AWURADE honhommɔne no baa Saul so; na ɔte ne fi, kura peaw, na Dawid de ne nsa rebɔ sanku.

10Na Saul hwehwɛɛ sɛ ɔde peaw no bɔ Dawid fam ɔfasu no ho, nanso ɔtwee ne ho fii Saul anim, na ɔtow peaw no wɔɔ ɔfasu no mu; na Dawid guanee, na ofii mu anadwo no.

11 Nnw 59.1 Ɛnna Saul somaa abɔfo kɔɔ Dawid fi sɛ wɔnkɔwɛn no na wonkum no anɔpa. Na Dawid yere Mikal ka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ woannye wo kra anadwo yi a, ɔkyena wobekum wo.

12Na Mikal de Dawid faa mfɛnsere mu sii fam, na ɔkɔe, na oguan fii mu.

13Na Mikal faa ohoni de too mpa no so, na ɔde abirekyi nwi sumii too atifi, na ɔde ntama kataa so.

14Na Saul somaa abɔfo sɛ wɔnkɔfa Dawid no, ɔkae sɛ: Ɔyare.

15Ɛnna Saul somaa abɔfo no sɛ wɔnkɔhwɛ Dawid, na ose: Momfa no mfi mpa no so mmrɛ me, na minkum no.

16Na abɔfo no duu hɔ no, na hwɛ, ohoni na ɛda mpa no so, na abirekyi nwi sumii da atifi.

17Na Saul ka kyerɛɛ Mikal sɛ: Ɛdɛn nti na woadaadaa me sɛɛ, na woagya me tamfo kwan na wafi mu afi yi? Na Mikal ka kyerɛɛ Saul sɛ: Ɔno na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Ma menkɔ! Ɛdɛn nti na minkum wo!

18Na Dawid guan fii mu, na ɔkɔɔ Samuel nkyɛn Rama kɔkaa nea Saul ayɛ no nyinaa kyerɛɛ no. Na ɔne Samuel kɔe kɔtenaa Naiot.

19Na wɔka kyerɛɛ Saul sɛ: Hwɛ, Dawid wɔ Naiot wɔ Rama.

201 Sa 10.10-12 Na Saul somaa abɔfo sɛ wɔnkɔfa Dawid; na wohuu adiyifo no sɛ wɔrehyɛ nkɔm na Samuel gyina hɔ rehwɛ wɔn so no, Onyankopɔn honhom baa Saul abɔfo no so, na wɔn nso hyehyɛɛ nkɔm.

21Na wɔbɛka kyerɛɛ Saul no, ɔsomaa abɔfo foforo; na wɔn nso hyehyɛɛ nkɔm saa ara. Na Saul somaa abɔfo bio, ne mprɛnsa so, na wɔn nso hyehyɛɛ nkɔm.

22Ɛnna ɔno ara kɔɔ Rama, na oduu abura kɛse a ɛwɔ Seku no ho no, obisae sɛ: Ɛhe na Samuel ne Dawid wɔ? Na wose: Hwɛ, wɔwɔ Naiot wɔ Rama.

23Na ɔkɔɔ Naiot wɔ Rama hɔ; na Onyankopɔn honhom baa ɔno nso so, na ɔrekɔ no, ɔhyɛɛ nkɔm ara kɔ kosii sɛ oduu Naiot wɔ Rama.

24Na ɔno nso worɔw ne ntade, na ɔno nso hyɛɛ nkɔm Samuel anim, na ɔde adagyaw daa hɔ da mu no nyinaa ne anadwo mu no nyinaa. Enti na wɔka sɛ: So Saul nso fra adiyifo no mu anaa?

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help