1Akyiri yi osee wɔn sɛ wɔmfa no mmra dan a wɔde dwetɛ nneɛma a wodidi mu sie no mu, na ɔhyɛɛ wɔn sɛ wɔntow pon mma abaawa no na wɔmma no n'aduan a odi no bi, na wɔmma no n'ankasa nsa a ɔnom no bi.
2Mmom Yudif kae sɛ: Merenni bi, efisɛ ɛbɛyɛ mmarato, m'aduan a mikurae no dɔɔso.
3Holoferne see no sɛ: Sɛ w’aduan yi sa a, hefa na yebenya bi ama wo? Efisɛ wo nkurɔfo no mu biara nni yɛn nkyɛn ha.
4Yudif buae sɛ: Sɛ wote ase yi, me wura, w’afenaa aduan a ɔwɔ yi ase rentu, ansa na Awurade nam me so ayɛ nea ɔpɛ.
5Na Holoferne asomfo no de no bae bɛhyɛn ntamadan no mu, na ɔdae ara kɔpem anadwo dasum. Ade rekye pɛ na ɔsɔree.
6na ɔsoma kɔɔ Holoferne hɔ kosee no sɛ: Afei me wura, ma wɔmma w’afenaa kwan ma omfi adi nkɔbɔ mpae.
7Nti Holoferne ka kyerɛɛ n’awɛnfo no sɛ, mma wɔnhyɛ no so. Na ɔtenaa nsra no mu ara nnansa, na anadwo biara ɔkɔ Berthulia bon no mu na wakoguare wɔ nsuaniwa a ɛwɔ nsra mu hɔ no mu.
8Sɛ ofi aguare ba a, ɔbɔ mpae srɛ Israel A Nyankopɔn sɛ ɔnkyerɛ no kwan a ɔnam so bɛma ne nkurɔfo so.
9Afei ɔsan bae a ne ho atew na ɔbɛhyɛɛ ntamadan no mu koduu sɛ odii n'anadwofa aduan.
Yudif wɔ Holoferne apontow ase10Da a ɛto so anan no, Holoferne too pon maa n'asomfo nkutoo, na wamfrɛ ne mpanyimfo no mu biara anka ho.
11Na osee Bagoas a ɔyɛ obi a ɔhwɛ n'ankasa ne nneɛma nyinaa so no sɛ: Kɔ daadaa Hebrini bea no a ɔhyɛ wo nsa no, na ɔmmɛka yɛn ho na yennidi na yɛnom.
12Na ɛbɛyɛ animguase sɛ yɛbɛma saa ɔbea yi akɔ a, obiara amfa ne ho anka no, sɛ yɛannto no brada a, ɔbɛsrew yɛn.
13Nti Bagoas fii Holoferne anim kɔɔ ababaa no nkyɛn kosee no sɛ: Ababaa hoɔfɛfo, me wura pɛ sɛ ɔhyɛ wo anuonyam wɔ n’anim, nti yɛ ntɛm na wo ne yɛn mmɛnom nsa nsɛpɛw wo ho, nnɛ da yi, sɛ Asaria mmabaa no bi a wɔsom wɔ Nebukadnesar ahemfi no mu baako.
14Na Yudif buae see no sɛ: Me ne hena na mapo me wura abisade? Ampa ara, biribiara a ɛsɔ n’ani no, mɛyɛ no ntɛm so, na ɛbɛyɛ anigyede ama me akɔpem da a mewu!
15Nti ɔsɔre siesiee ne ho fɛfɛɛfɛ, sɛ ɛfata ababaa biara. Na n'abaawa no dii kan de nguanhoma tofotofo a Bagoas de maa no sɛ daa ɔredidi a ɔnkyea ne ho nto so no, kɔsɛw fam wɔ Holoferne anim.
16Afei Yudif bae bɛdaa hɔ, na Holoferne kɔn dɔɔ no pii wɔ ne komam, efisɛ efi da a odii kan huu no ara pɛ, na onyaa atenka sɛ ɔbɛto no brada.
17Nti Holoferne see no sɛ: Afei nom nsa na ma yɛn ani nnye!
18Yudif buae see no sɛ: Me wura, mede anigye bɛnom nsa no, efisɛ nnɛ yɛ da kɛse wɔ m'abrabɔ mu.
19Afei ɔfaa nea n’abaawa no asiesie no na odidii na ɔnomee wɔ Holoferne anim.
20Holoferne ani gyei yiye, na ɔnom nsa pii ara sɛ, efii sɛ wɔwoo no, ɔnnom bi saa da.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.