Numeri 29 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

Torobɛntohyɛn afahyɛ ho afɔrebɔ

1 Lew 23.24-25 Na ɔsram a ɛto so ason no da a edi kan no, munhyia nhyia kronkron; monnyɛ adwumaden biara; ɔnyɛ mo torobɛntohyɛn da.

2Na mommɔ ɔhyew afɔre a eyi hua huamhuam mma AWURADE: nantwinini biako, odwennini biako, nguanten mma a wɔadi afe afe ason a wodi mu;

3ne ɛho aduan afɔre: asikresam a wɔde ngo afɔtɔw abupɛn du mu abiɛsa nka nantwinini no ho, abupɛn du mu abien nka odwennini no ho,

4na abupɛn du mu biako nka nguammaa ason no mu biara ho;

5ne ɔpapo biako a wɔde bɛbɔ bɔne ho afɔre de apata ama mo;

6ɛsono ɔsram foforo so hyew afɔre ne ɛho aduan afɔre, ne daa ɔhyew afɔre ne ɛho aduan afɔre, ne ɛho ahwiesa sɛ ɛtetee; na ɛnyɛ AWURADE gya afɔre a eyi hua huamhuam.

Akra asebrɛ da afɔre

7 Lew 23.27-32 Na ɔsram a ɛto so ason no ara da a ɛto so du no, munhyia nhyia kronkron, na munni mmuada; monnyɛ adwuma biara;

8na momfa ɔhyew afɔre a eyi hua huamhuam mmrɛ AWURADE: nantwinini biako, odwennini biako, nguanten mma a wɔadi afe afe ason a wodi mu;

9ne ɛho aduan afɔre: asikresam a wɔde ngo afɔtɔw abupɛn du mu abiɛsa nka nantwinini no ho, abupɛn du mu abien nka odwennini no ho,

10abupɛn du mu biako nka nguammaa ason no mu biara ho;

11Lew 16.11-22 ne bɔne ho afɔre papo biako, ɛsono bɔne ho mpata afɔre ne daa ɔhyew afɔre ne ɛho aduan afɔre ne ɛho ahwiesa.

Asese afahyɛ afɔre

12 Lew 23.34-43 Na ɔsram a ɛto so ason no da a ɛto so dunum no, munhyia nhyia kronkron; monnyɛ adwumaden biara na monhyɛ fa nnansɔn mma AWURADE.

13Na momfa ɔhyew afɔre, ogya afɔre a eyi hua huamhuam mmrɛ AWURADE: anantwinini dumiɛnsa, adwennini abien, nguanten mma a wɔadi afe afe dunan a wodi mu;

14ne ɛho aduan afɔre: asikresam abupɛn du mu abiɛsa a wɔde ngo afɔtɔw nka anantwinini dumiɛnsa no mu biara ho, abupɛn du mu abien nka adwennini abien no mu biara ho,

15na abupɛn du mu biako nka nguammaa dunan no mu biara ho;

16ne bɔne ho afɔre papo biako; ɛsono daa ɔhyew afɔre, ɛho aduan afɔre ne ɛho ahwiesa.

17Na da a ɛto so abien no: anantwinini dumien, adwennini abien, nguanten mma a wɔadi afe afe dunan a wodi mu;

18ne anantwinini, adwennini ne nguammaa no ho aduan afɔre ne ahwiesa, wɔn dodow, sɛ ɛte wɔ mmara no mu;

19ne bɔne ho afɔre papo biako; ɛsono daa ɔhyew afɔre ne ɛho aduan afɔre ne ɛho ahwiesa.

20Na ɛda a ɛto so abiɛsa no: anantwinini dubiako, adwennini abien, nguanten mma a wɔadi afe afe dunan a wodi mu;

21ne anantwi, adwennini ne nguammaa no ho aduan afɔre ne ahwiesa, wɔn dodow, sɛ ɛte wɔ mmara no mu;

22ne bɔne ho afɔre papo biako; ɛsono daa ɔhyew afɔre ne ɛho aduan afɔre ne ɛho ahwiesa.

23Na da a ɛto so anan no: anantwinini du, adwennini abien, nguanten mma a wɔadi afe afe dunan a wodi mu;

24ne anantwinini, adwennini ne nguammaa no ho aduan afɔre ne ahwiesa, wɔn dodow, sɛ ɛte wɔ mmara no mu;

25ne bɔne ho afɔre papo biako, ɛsono daa ɔhyew afɔre ne ɛho aduan afɔre ne ɛho ahwiesa.

26Na da a ɛto so anum no: anantwinini akron, adwennini abien, nguanten mma a wɔadi afe afe dunan a wodi mu;

27ne anantwinini, adwennini ne nguammaa no ho aduan afɔre ne ahwiesa, wɔn dodow, sɛ ɛte wɔ mmara no mu;

28ne bɔne ho afɔre papo biako; ɛsono daa ɔhyew afɔre ne ɛho aduan afɔre ne ɛho ahwiesa.

29Na da a ɛto so asia no: anantwinini awotwe, adwennini abien, nguanten mma a wɔadi afe afe dunan a wodi mu;

30ne anantwinini, adwennini ne nguammaa no ho aduan afɔre ne ahwiesa, wɔn dodow, sɛ ɛte wɔ mmara no mu;

31ne bɔne ho afɔre papo biako; ɛsono daa ɔhyew afɔre ne ɛho aduan afɔre ne ɛho ahwiesa.

32Na da a ɛto so ason no: anantwinini asɔn, adwennini abien, nguanten mma a wɔadi afe afe dunan a wodi mu;

33ne anantwinini, adwennini ne nguammaa no ho aduan afɔre ne ahwiesa, wɔn dodow, sɛ ɛte wɔ mmara no mu;

34ne bɔne ho afɔre papo biako; ɛsono daa ɔhyew afɔre ne ɛho aduan afɔre ne ɛho ahwiesa.

35Ɛda a ɛto so awotwe no, munhyia afahyɛ nhyiam; monnyɛ adwuma den biara;

36na momfa ɔhyew afɔre, ogya afɔre a eyi hua huamhuam mmrɛ AWURADE: nantwinini biako, odwennini biako, nguanten mma a wɔadi afe afe ason a wodi mu;

37nantwinini ne odwennini ne nguammaa no ho aduan afɔre ne ahwiesa, wɔn dodow, sɛ ɛte wɔ mmara no mu;

38ne bɔne ho afɔre papo biako; ɛsono daa ɔhyew afɔre ne ɛho aduan afɔre ne ɛho ahwiesa.

39Eyinom na monyɛ mma AWURADE, mo fa a mohyɛ no mu, ɛsono mo bɔhyɛ ade ne mo ayamye afɔre, mo hyew afɔre ne mo aduan afɔre ne mo ahwiesa ne mo asomdwoe afɔre.

40Na Mose ka kyerɛɛ Israelfo no sɛnea AWURADE hyɛɛ Mose no nyinaa.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help