Hesekiel 40 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

AWURADE ma Hesekiel so adehu mu kɔ Yerusalem

1 1 Ah 6 Yɛn tukɔ afe a ɛto so aduonu anum no, afe no asefi mu ɔsram no da a ɛto so du no, kurow no bɔ akyi afe a ɛto so dunan mu no, ɛda no ara na AWURADE nsa baa me so, na ɔde me baa hɔ;

2Onyankopɔn anisoadehu mu na ɔde me baa Israel asase so, na ɔde me kogyinaa bepɔw a ɛkorɔn papaapa so, na ɛso te sɛ kurow bi a wɔakyekye anafo fam.

3Hes 47.3; Sak 2.1; Adi 21.15 Na ɔde me baa hɔ no, na hwɛ, ɔbarima bi a ne su te sɛ kɔbere de ni, na siwabiri hama ne susuw demmire kura ne nsam, na ogyina ɔponkɛse no ano.

4Hes 44.5 Na ɔbarima no kasa kyerɛɛ me sɛ: Onipa ba, fa w’aniwa hwɛ, na fa w’aso te, na fa wo koma to nea merema woahu no nyinaa so; na sɛ ɛbɛyɛ na mama woahu nti na wɔde wo baa ha. Ka nea wuhu yi nyinaa kyerɛ Israel fi.

Apuei pon no

5Na hwɛ, ɔfasu atwa ofi no ho ahyia, na ɔbarima no kura demmire a ne tenten yɛ basafa abiɛsa wɔ ne nsam, ne nsam trɛw da anammɔn biako ne fa biara so, na osusuw ɔfasu no trɛw, demmire no biako, na ne korɔn nso demmire biako.

6Ɛnna ɔbaa ɔponkɛse a ani kyerɛ apuei fam kwan so no ho, na ɔforoo n’atrapoe no, na osusuw ɔponkɛse no ano, ɔpon ase a ne trɛw yɛ demmire biako, ɛne ɔpon ase biako a ne trɛw yɛ demmire biako.

7Ne pia atwemu demmire biako ne ne trɛw demmire biako; ne mpia no ntam basafa abien ne fa abien ne fa; ne ɔponkɛse no pon ase a ɛwɔ ntwironoa a ɛkyerɛ ofi no ho no, demmire biako;

8na osusuw ɔponkɛse no ntwironoa a ɛkyerɛ ofi no, demmire biako;

9na osusuw ntwironoa no basafa anan, ne n’adum no, basafa baako, na ntwironoa no kyerɛ ofi no emu fam.

10Na apuei fam ponkɛse no mpia no, abiɛsa wɔ ha na abiɛsa wɔ ha, n’abiɛsa nyinaa nsusuwii yɛ biako, na ha ne ha adum no nsusuwii yɛ biako.

11Na osusuw ɔponkɛse no ano trɛw basafa anum, na ɔponkɛse no atwemu si basafa asia ne fa.

12Na mpia no anim hyekwan anammɔn biako ne fa wɔ ha ne ɛha, na pia biako yɛ basafa abiɛsa wɔ ha ne basafa abiɛsa wɔ ha.

13Na osusuw ɔponkɛse no fii pia biako atifi de kosii biako atifi, ne trɛw basafa dumien ne fa, ɔpon ne ɔpon di nhwɛanim.

14Na ɔyɛɛ adum no basafa du, na adum no ho wɔ abangua a etwa ɔponkɛse no ho hyiahyia.

15Na efi ɔponkɛse a wɔfa mu hyɛn mu no anim kosi emu fam ponkɛse no ntwironoa anim yɛ basafa aduonum anum.

16Na mfɛnsere ahunaniankansa wowɔ mpia no ne n’adum no ho kɔ ɔponkɛse no mu fam de twa ho hyiahyia, ne ntam fasu no ho saa ara, na mfɛnsere twa mu hyiahyia, na mmɛ wowɔ adum no ho.

Ɛho abangua no

17Ɛnna ɔde me kɔɔ ɛho fam abangua no so, na hwɛ, adammaa wowɔ hɔ, ne abo nsɛwee a wɔayɛ abangua so hɔ atwa ahyia; adammaa aduasa na ɛwɔ abo nsɛwee no ho;

18na abo nsɛwee no wɔ aponkɛse no nkyɛn mu ma ɛne aponkɛse no atwemu sɛ; ɛne ase abo nsɛwee no.

19Na osusuw akyiri abangua no, ne trɛw fi ɔponkɛse no anim de kosi emu fam abangua no anim, basafa aduonum, apuei fam ne atifi fam.

Atifi pon no

20Na ɔponkɛse a ani kyerɛ fam, ɛho fam abangua no ho no, osusuw ne ntwemu ne ne trɛw,

21ne ne mpia, abiɛsa wɔ ha, na abiɛsa wɔ ha, ne n’adum, ne ne ntam fasu; ne nsusuwii te sɛ kan ponkɛse no de no, ne ntwemu basafa aduonum anum, na ne trɛw basafa dumien ne fa;

22na ne mfɛnsere ne ntam afasu ne mmɛ no nsusuwii te sɛ ɔponkɛse a ani kyerɛ apuei fam no de no; na ntrapoe ason na wɔforo kɔ mu, na ne ntam fasu no sisi anim.

23Na emu fam abangua no ponkɛse si ɔponkɛse a ɛkyerɛ atifi fam ne nea ɛkyerɛ apuei fam no ntentenso, na osusuw fii ɔponkɛse ano kosii ɔponkɛse ano basafa aduonum.

Anafo pon no

24Ɛnna ɔde me kɔɔ anafo fam, na hwɛ, ɔponkɛse wɔ anafo fam nso, na osusuw n’adum ne ne ntam fasu sɛ saa nsusuwii no te;

25na mfɛnsere twa ɛno ne ne ntam fasu ho hyia sɛ saa mfɛnsere no te; ne ntwemu basafa aduonum na ne trɛw basafa dumien ne fa,

26na n’aforoe yɛ ntrapoe asɔn, na ne ntam fasu sisi anim, na mmɛ wowɔ ho, biako wɔ ha na biako wɔ ha, n’adum ho.

27Na emu fam abangua no ponkɛse wɔ anafo fam, na osusuw fii ɔponkɛse ano de kosii ɔponkɛse ano anafo fam basafa aduonum.

28Ɛnna ɔde me faa nifa fam ponkɛse no mu kɔɔ emu fam abangua so; na osusuw nifa fam ponkɛse no sɛ saa nsusuwii no te,

29ne ne mpia ne n’adum ne ne ntam fasu sɛ saa nsusuwii no te, na mfɛnsere wowɔ ho ne ne ntam fasu ho hyia; ne ntwemu si basafa aduonum anum, na ne trɛw basafa dumien ne fa;

30na ntam fasu twa ho hyia, ne ntwemu basafa dumien ne fa, na ne trɛw basafa abien ne fa;

31na ne ntam fasu no kyerɛkyerɛ ɛho fam abangua so, na mmɛ wowɔ n’adum ho, na aforoe no yɛ ntrapoe awotwe.

Mfinimfini abangua no ne apuei pon no

32Ɛnna ɔde me kɔɔ emu fam abangua no so apuei fam; na osusuw ɔponkɛse no sɛ saa nsusuwii no te,

33na ne mpia na n’adum ne ne ntam fasu te sɛ saa nsusuwii no te, na mfɛnsere twa ɛno ne ne ntam fasu ho hyia, ne ntwemu basafa aduonum anum, na ne trɛw basafa dumien ne fa;

34na ne ntam fasu no kyerɛkyerɛ ɛho fam abangua so, na mmɛ wowɔ n’adum ho ɛha ne ɛha, na n’aforoe yɛ ntrapoe awotwe.

Mfinimfini abangua no: Atifi pon no

35Ɛnna ɔde me kɔɔ atifi fam ponkɛse no ano, na osusuwii sɛ saa nsusuwii no te,

36ne mpia, n’adum ne ne ntam fasu; na mfɛnsere twa ho hyia; ne ntwemu basafa aduonum anum, na ne trɛw basafa dumien ne fa;

37na ne ntam fasu kyerɛkyerɛ ɛho fam abangua so, na mmɛ wowɔ n’adum ho ɛha ne ha, na n’aforoe yɛ ntrapoe awotwe.

Adan a ɛwɔ Atifi pon no ho

38Na ɔdammaa ne ano pon wowɔ aponkɛse no adum no ho, ɛhɔ na wɔhohoro ɔhyew afɔre ho.

39Na ɔponkɛse no ntwironoa no mu no, apon abien sisi ha na abien nso sisi ha, na ɛho na wokum ɔhyew afɔre ne bɔne ho afɔre ne asodi afɔre;

40na ntwironoa no akyi nkyɛn mu a ɛda nea woreforo akɔ ɔponkɛse no ano no benkum fam hɔ, apon abien sisi hɔ, na ɔponkɛse no ntwironoa no nkyɛn mu ha nso, apon abien nso sisi hɔ;

41apon anan wɔ ɔfa ha, na apon anan nso wɔ ɔfa ha, ɔponkɛse no nkyɛn mu, apon awotwe ho na wokum mmoa;

42na apon anan sisi aforoe no ho, ɛyɛ abo a wɔasen, ne ntwemu basafa biako ne fa, ne trɛw basafa biako ne fa, ne korɔn basafa biako; ɛno so na wɔde ade a wɔde kum ɔhyew afɔre ne okum afɔre no gu;

43na akɔtɔkoro nta a ɛyɛ nsam trɛw hyehyɛ ɔdan no mu hyia; na apon no so na wɔde ayɛyɛde nam no gu.

44Na emu fam ponkɛse no akyi na adammaa abien wowɔe, emu fam abangua no so, biako si benkum fam ponkɛse no nkyɛn mu, na anim kyerɛ anafo fam, biako nso si anafo fam ponkɛse no nkyɛn mu, na anim kyerɛ atifi fam.

45Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Ɔdammaa a ani kyerɛ anafo fam yi yɛ asɔfo a wɔhwɛ ofi no so no dea,

46Hes 43.19; 44.15; 1 Ah 1.8, 39; 1 Be 6.8 na ɔdammaa a ani kyerɛ atifi fam no yɛ asɔfo a wɔhwɛ afɔremuka no so no dea. Wɔne Sadok mma a wofi Lewifo no mu a wɔbɛn AWURADE bɛsom no no.

Mfinimfini abangua no ne asɔredan no

47 Hes 43.19 Na osusuw abangua no atwemu basafa aduonum ne ne trɛw basafa aduonum, ɛyɛ ahinanan; na afɔremuka si ɔdan no anim.

48 1 Ah 6.3 Ɛnna ɔde me kɔɔ ɔdan no ntwironoa mu, na osusuw ntwironoa no adum no, basafa abien ne fa wɔ ha na basafa abien ne fa wɔ ha, ne ɔponkɛse no trɛw, biako ne fa wɔ ha na basafa biako ne fa wɔ ha;

491 Ah 7.21 ntwironoa no ntwemu si basafa du, na ne trɛw si basafa anum ne fa, ntrapoe a wɔforo kɔ mu no so; na adum nkuruwankuruwa sisi ntwironoa adum no anim, biako wɔ ha na biako wɔ ha.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help