1 Mmb 19.17 Nhyira ne nea odwen ɔbrɛfo ho,
AWURADE begye no, da bɔne mu.
2AWURADE bɛhwɛ no so na wama no nkwa,
na wɔahyira no asase so.
Na worenyi no nhyɛ n’atamfo a wɔpɛ no nsa.
3AWURADE bɛwaw no ɔyarepa so;
ne yare a ɔyare da hɔ nyinaa,
wodan ma esi no yiye.
4 Nnw 6.2 Me de, mekae sɛ: AWURADE, hu me mmɔbɔ,
sa me kra yare, na mayɛ wo bɔne!
5M’atamfo kasa me ho bɔne sɛ:
Da bɛn na obewu na ne din ayera?
6Na sɛ ɔba bɛhwɛ me a, ɔka atosɛm,
ne koma tase nsɛnhunu fa, ofi adi kɔkeka.
7Wɔn a wɔtan me nyinaa tutu me ho asu,
wosusuw me ho bɔne ka sɛ:
8Abusude akita no,
na afei a ɔda hɔ yi, ɔrensɔre bio.
9 Nnw 55.13; Yoh 13.18; Aso 1.16 M’adamfo pa po a mede me ho metoo no so
a odii m’aduan bi no,
wama ne nantin so atia me.
10Na wo, AWURADE, hu me mmɔbɔ,
na ma me so, na mintua wɔn so ka!
11Eyi ho na mehu sɛ wopɛ me:
Sɛ m’atamfo renni me so ahurusi.
12Na me de, wuso me mu ma migyina hɔ,
me mu a midi mu,
na wode me gyina w’anim pintinn daa.
13 Nnw 72.18; 89.52; 106.48; 150.6 Nhyira ne AWURADE, Israel Nyankopɔn,
efi teteete de rekɔ daa. Amen ne Amen.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
