1Mfa wo ho nto w’ahonya so,
anaa nka se: manya ama adɔɔso.
2Nni w'akoma ne w’ahoɔden akyi
mfa nhwehwɛ nneɛma a wo koma pɛ.
3Nka se: hena na ɔwɔ tumi sen me?
Efisɛ ɛyɛ dɛn ara a Awurade bɛtwe w'aso.
4Nka se: meyɛɛ bɔne no,
dɛn na ɛbaa me so?
Efisɛ Awurade bo kyɛ fuw.
5Nnya awerɛhyɛm pii wɔ fakyɛ ho,
na nkɔ so ara nyɛ bɔne.
6Nka se: ne mmɔborohunu dɔɔso,
Ɔde me bɔne bebrebe no bɛkyɛ me.
Efisɛ mmɔborohunu ne abufuw nyinaa wɔ ne mu,
na n’abufuw bɛtena nnebɔneyɛfo so.
7Ntwentwɛn wo nan ase sɛ wobɛkɔ Awurade hɔ
na ntutu nhyɛ da,
na mpofirim ara Awurade abufuw no bɛba,
na asotwe bere no, wobɛyera
8Mfa w’ani nto ahonyade a wamfa kwan pa so annya so,
na ɛho remma wo mfaso amanehunu bere mu.
9Nnyae wo ho mma mframa biara a ɛrebɔ,
na mfa anammɔn kwan biara so,
.
10Gyina pintinn wɔ nea wonim ho,
na mma w’anom asɛm nsesa.
11Yɛ ntɛm tie,
na tɔ wo bo ase ma mmuae.
12Sɛ wunim asɛm bi a wobɛka a,
fa bua wo yɔnko,
na sɛ ɛnte saa a, yɛ komm.
13Anuonyam ne animguase fi ɔkasa mu,
na onipa asehwe fi ne tɛkrɛma.
14Mma wɔmmfrɛ wo ano ntanta.
Na mfa wo tɛkrɛma nsum afiri;
Efisɛ owifo anim gu ase,
na nea n'ano yɛ ntanta no
nya afɔbu a ano yɛ den.
15Asɛnkɛse o, asɛm ketewa o, nni mu fɔ.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
