1 Eks 6.20 Na ɔbarima bi a ofi Lewi fi kɔwaree Lewi babea bi.
2Aso 7.20; Heb 11.23 Na ɔbea no nyinsɛnee, na ɔwoo babarima; na ohui sɛ ne ho yɛ fɛ no, ɔde no siei asram abiɛsa.
3Na ontumi nkora no so bio no, ɔfaa mmɛw adaka bi de ama ne mannɔ sraa ho, na ɔde abofra no too mu, na ɔde kɔtoo wura mu wɔ asubɔnten no ano.
4Eks 15.20 Na ne nuabea kogyinaa akyirikyiri sɛ ɔrehwɛ nea ɛbɛyɛ no.
5Na Farao babea sian baa asu no ano aguare, na ne mmaawa repase asu no kɔn so; na ohuu adaka no wɔ wura no mu no, ɔsomaa n'abaawa sɛ ɔnkɔfa mmra.
6Na obuee so no, ohuu akokoaa no, na hwɛ, ɛyɛ abarimaa a ɔresu. Na ɔyɛɛ no mmɔbɔ, na ose: Hebrifo mma no bi ni.
7Ɛnna ne nuabea no ka kyerɛɛ Farao babea no sɛ: So menkɔ menkɔfrɛ Hebrifo mmea no mu nufumafo bi memmrɛ wo, na ɔmmɛma akokoaa no nufu mma wo anaa?
8Na Farao babea no ka kyerɛɛ no sɛ: Kɔ ɛ! Na ababaa no kɔe kɔfrɛɛ abofra no na ankasa bae.
9Na Farao babea no ka kyerɛɛ no sɛ: Fa abofra yi kɔ kɔma no nufu ma me, na metua wo ka. Na ɔbea no faa abofra no kɔmaa no nufu.
10Na abofra no nyinii, na ɔde no kɔmaa Farao babea no, na ɔdan ne ba. Na ɔtoo no din Mose, efisɛ ose: Nsu mu na miyii no fii.
Mose guan kɔ Midian11 Heb 11.24-25 Na Mose nyinii no, da bi ofii adi kɔɔ ne nuanom nkyɛn sɛ ɔrekɔhwɛ wɔn adwumayɛ no; na ohui sɛ Misraimni bi reboro ne nuanom mu bi a ɔyɛ Hebrini.
12Aso 7.24 Na ɔhwɛɛ ha ne ha, na ohui sɛ obi nni hɔ no, ɔbɔɔ Misraimni no ade kum no, na ɔde no siee nwea mu.
13Na ade kyee no, ofii adi, na hwɛ, Hebrifo baanu reko. Na ɔka kyerɛɛ nea odi fɔ no sɛ: Ɛdɛn nti na woboro wo yɔnko?
14Aso 7.27-28, 35 Na ose: Hena na ɔde wo sii yɛn so otitiriw ne sennifo? Wopɛ sɛ wukum me sɛnea wukum Misraimni no anaa? Na Mose suroe, na ose: Asɛm no anya afi!
15 Heb 11.27 Na Farao tee asɛm yi no, anka ɔhwehwɛ Mose akum no, nanso Mose guan fii Farao anim kɔtenaa Midian asase so. Na ɔkɔtenaa asubura bi so.
16Eks 3.1 Nso Midian sɔfo wɔ mmabea baasɔn; na wɔbae bɛtow nsu de hyehyɛɛ adaase no amaama sɛ wɔrema wɔn agya nguan anom.
17Gye 29.10 Na nguanhwɛfo bi bae bɛpam wɔn; na Mose sɔre boaa wɔn, na ɔmaa wɔn nguan no nomee.
18Na wɔbaa wɔn agya Reuel nkyɛn no, ɔkae sɛ: Ɛyɛɛ dɛn na nnɛ de, moaba ntɛm sɛɛ?
19Na wose: Misraimni bi na oyii yɛn fii nguanhwɛfo no nsam, na ɔtow nsu po maa yɛn, na ɔmaa nguan no nomee.
20Na ɔka kyerɛɛ ne mmabea no sɛ: Na ɔwɔ he? Ɛdɛn nti na mugyaw ɔbarima no? Monkɔfrɛ no na ommedidi.
21Na Mose penee sɛ ɔne ɔbarima no bɛtena. Na ɔde ne babea Sipora maa Mose aware.
22 Eks 18.3 Na ɔwoo babanin, na Mose too no din Gersom, ase ne: Baabi hɔho, efisɛ ose: Mayɛ ɔhɔho wɔ ananafo asase so.
23 Eks 3.7 Na nna dodow yi mu no ɛbae sɛ Misraim hene wui. Na ɔsom no nti Israelfo no sii apini, na wosu frɛe, na wɔn som no mu sufrɛ no koduu Onyankopɔn anim.
24Gye 15.18; 26.3; 28.13-14 Na Onyankopɔn tee wɔn apinisi no, na Onyankopɔn kaee n'apam a ɔne Abraham ne Isak ne Yakob pamee no.
25Na Onyankopɔn hwɛɛ Israelfo no, na Onyankopɔn huu wɔn tebea a wɔwɔ mu no.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.