1Na Yosua abɔ akora na wadi mfe pii; na AWURADE ka kyerɛɛ no sɛ: Woabɔ akora na woadi mfe pii, na asase a aka sɛ wɔbɛfa no da so dɔɔso bebree.
2Asase a aka no ni: Filistifo nsaase nyinaa ne Gesur nyinaa;
3ɛde fi Sihor a ɛwɔ Misraim apuei fam no ano de kosi Ekron hye so benkum fam no, wobu ma Kanaanfo; Filistifo ahemfo baanum no: Gasa de ne Asdod de, Askelon de, Gat de ne Ekron de, ne Awifo wɔ nifa fam;
4Kanaanfo asase no nyinaa, ne Meara a ɛyɛ Sidonfo de no de kosi Afek kodu Amorifo hye so;
5ne Gebalfo asase, ne Lebanon nyinaa wɔ owiapuei de fi Baal-gad a ɛwɔ Hermon bepɔw ase de kosi Hamat fam;
6Yos 11.8 wɔn a wote bepɔw no so nyinaa, de fi Lebanon ho de kosi Misrefot-maim, Sidonfo nyinaa; me ara, metu wɔn afi Israelfo anim; ɛso ntonto nko na bɔ ma Israel na wɔmfa nni so, sɛnea mehyɛɛ wo no.
7Na afei kyɛ asase yi mu na ɛnyɛ mmusuakuw akron ne Manase abusuakuw fa no agyapade.
8 Yos 13.15-32 Ne fa nso ne Rubenfo ne Gadfo anya wɔn agyapade a Mose de maa wɔn Yordan agya apuei no, sɛnea AWURADE akoa Mose de maa wɔn no,
9efi Aroer a ɛda Arnon subon no kɔn so no ho ne kurow a ɛda subon no mu no, ne Medeba asasetaw no nyinaa kosi Dibon,
10ne Amorifo hene Sihon a odii hene Hesbon no nkurow no de kosi Amonfo hye so,
11ne Gilead ne Gesurfo ne Maakatfo asase, ne Hermon bepɔw nyinaa ne Basan nyinaa de kosi Salka;
12Og a odii hene wɔ Astarotne Edrei ahenni a ɛwɔ Basan no nyinaa, ɔno na ɔkae abran akɛse no nkae no mu, na Mose kum wɔn na ogyee wɔn nsaase no.
13Nanso Israelfo antu Gesurfo ne Maakatfo, na Gesurfo ne Maakatfo no tenaa Israel mu de besi nnɛ.
14 Yos 13.33 Lewi abusuakuw no nko na wamma wɔn agyapade, AWURADE Israel Nyankopɔn gya afɔre so ade no, ɛno ne n’agyapade, sɛnea ɔka kyerɛɛ no no.
Yordan apuei fam asase yɛ mmusuakuw abien ne fa no dea15 Num 32 Na Mose maa Ruben mma abusuakuw no sɛ wɔn mmusua te.
16Na wɔn hye no fi Aroer a ɛda Arnon subon no kɔn so no ho, ne kurow a ɛda subon no mu, ne Medeba ho asasetaw no nyinaa.
17Hesbon ne ne nkurow a ɛdeda asasetaw no so nyinaa; Dibon ne Bamot-baal ne Bet-baal-meon,
18ne Yahas ne Kedemot ne Mefaat,
19ne Kiriataim ne Sibma ne Seret-sahar, obon no mu bepɔw so,
20ne Bet-Peor ne Pisga bepɔw ase ne Bet-yesimot,
21asasetaw no so nkurow no nyinaa; ne Amorifo hene Sihon a odii hene Hesbon no ahenni nyinaa; ɔno na Mose kum no ne Midian mmapɔmma, Ewi ne Rekem ne Sur ne Hur ne Reba, Sihon asafohene a wɔtenaa asase no so no.
22Num 22.5; 31.8 Na Beor ba Bileam, nkɔmhyɛfo no nso, Israelfo de nkrante kum no fraa atɔfo no mu.
23Na Ruben mma no hye ne Yordan ne ɛho hye. Eyi ne Ruben mma no agyapade sɛ wɔn mmusua te, nkurow no ne ɛho nkuraa.
24Na Mose maa Gad abusuakuw Gadfo, sɛ wɔn mmusua te.
25Na wɔn hye ne Yaser ne Gilead nkurow no nyinaa, ne Amonfo asase fa, de kosi Aroer a ɛda Raba anim no,
26na efi Hesbon de kosi Ramat-mispe ne Betonim, na ɛde fi Mahanaim de kosi Debir hye so;
27ne obon no mu: Bet-haram ne Bet-nimra ne Sukot ne Safon a ɛyɛ Hesbonhene Sihon ahenni no nkae, Yordan ne ɛho hye, de kosi Kineret po no awiei, Yordan agya apuei.
28Eyi ne Gadfo agyapade sɛ wɔn mmusua te, nkurow no ne ɛho nkuraa.
29Na Mose maa Manase abusuakuw fa no nso bi, na ɛyɛɛ Manase abusuakuw fa no de sɛ wɔn mmusua te.
30Ate 10.3-4 Na wɔn hye fi Mahanaim, Basan nyinaa, Basan hene Og ahenni nyinaa ne Yair nkurow a ɛwɔ Basan no nyinaa, nkurow aduosia;
31ne Gilead fa ne Astarot ne Edrei, Og ahenni nkurow a ɛwɔ Basan no. Wɔde maa Manase ba Makir mma, sɛ ɛnyɛ Makir mma fa no dea, sɛ wɔn mmusua te.
32Eyi ne agyapade a Mose kyekyɛɛ wɔ Moab tataw so, Yeriko, Yordan agya apuei.
33Num 18.20-21 Na Lewi abusuakuw no de, Mose amma wɔn agyapade bi, efisɛ AWURADE, Israel Nyankopɔn, ɔno ne wɔn agyapade, sɛnea ɔka kyerɛɛ wɔn no.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.