Yosua 19 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

Asase no kyekyɛ

1Na ntonto a ɛto so abien no ba maa Simeon, Simeonfo abusuakuw no, sɛ wɔn mmusua te; na wɔn agyapade da Yudafo agyapade ntam.

2Na nea wonyae wɔn agyapade mu ne Beer-seba ne Seba ne Molada,

3Hasar-sual, Bala ne Esem,

4ne Eltolad ne Betul ne Horma,

5Siklag, Bet-markabot ne Hasar-susa,

6Bet-lebaot ne Saruhen: Nkurow dumiɛnsa ne ɛho nkuraa.

7Ain, Rimon ne Eter ne Asan: Nkurow anan ne ɛho nkuraa;

8ne nkuraa a ɛdeda nkurow yi ho hyia de kosi Baalat-beer nyinaa, Ramat a ɛda nifa. Eyi ne Simeon mma abusuakuw no agyapade sɛ wɔn mmusua te.

9Yudafo kyɛfa no bi na ɛyɛɛ Simeonfo agyapade, efisɛ Yudafo kyɛfa no boroo wɔn so, enti Simeonfo nyaa agyapade wɔn agyapade no mu.

10Na ntonto a ɛto so abiɛsa no maa Sebulonfo, sɛ wɔn mmusua te. Na wɔn agyapade hye koduu Sarid.

11Na wɔn hye no foro kɔ atɔe wɔ Marala, na ɛkɔpem Dabeset, na ɛkɔpem subon a ɛwɔ Yokneam apuei fam no ano.

12Na ɛsan fi Sarid kɔ anim owiapuei de kɔ Kislot-abor hye so na efi kɔ Daberat, na ɛforo kɔ Yafia.

13Na efi hɔ twam kɔ apuei de kɔ Gat-hefer, Et-kasin, na efi Rimon a ehima de kɔ Nea.

14Na ɔhye no kɔntɔn kɔ benkum fam de kɔ Hanaton, na ano kodu Yifta-el bon no mu;

15Ate 1.30 ne Katat ne Nahalal ne Simron ne Yidala ne Betlehem: Nkurow dumien ne ɛho nkuraa.

16Eyi ne Sebulon mma agyapade, sɛ wɔn mmusua te, nkurow no ne ɛho nkuraa.

17Ntonto a ɛto so anan no yi maa Isakar, Isakarfo no, sɛ wɔn mmusua te.

182 Ah 4.8 Na wɔn hye kɔɔ Yesreel ne Kesulot ne Sunem,

19Hafraim, Sihon ne Anaharat,

20ne Rabit ne Kision ne Abes,

21ne Remet ne En-ganim ne En-hada ne Bet-pases.

22Na ɔhye no kɔpem Tabor ne Sahasima ne Bet-Semes, na wɔn hye no ano kodu Yordan ano: Nkurow dunsia ne ɛho nkuraa.

23Eyi ne Isakarfo abusuakuw no agyapade, sɛ wɔn mmusua te, nkurow no ne ɛho nkuraa.

24Na ntonto a ɛto so anum no yi maa Aserfo abusuakuw no, sɛ wɔn mmusua te.

25Na wɔn hye ne Helkat, Hali, Beten ne Aksaf,

26ne Alamelek, Amad ne Misel, na ɛkɔpem Karmel wɔ atɔe, ne Sihor-libnat.

27Na ɛsan kɔ owiapuei de kɔ Bet-dagon, na ɛkɔpem Sebulon ne Yifta-el bon mu, Bet-emek ne Neiel benkum fam, na efi kɔ Kabul benkum fam,

28ne Ebron ne Rehob ne Hamon ne Kana de kosi Sidon Kɛse.

29Yos 15.44; Ate 1.31 Na ɔhye no dan kɔ Rama kodu kurow dennen Tiro, na ɔhye no dan kɔ Hosa, na ano kɔpem po no Aksib fam,

30ne Uma ne Afek ne Rehob: Nkurow aduonu abien ne ɛho nkuraa.

31Ɛno ne Aserfo abusuakuw agyapade, sɛ wɔn mmusua te: Nkurow no ne ɛho nkuraa.

32Naftalifo na ntonto a ɛto so asia no ba maa wɔn, Naftalifo no, sɛ wɔn mmusua te.

33Na wɔn hye fi Helef, Saananim dupɔn no ho ne Adami-nekeb ne Yabneel de kɔ Lakum, na ano kɔpem Yordan.

34Na ɔhye no dan kɔ atɔe wɔ Asnot-abor, na efi hɔ kɔ Hukok, na ɛkɔpem Sebulon nifa fam, ne Aser wɔ atɔe, ne Yuda wɔ apuei, Yordan ano.

35Na nkurow a wɔatoto ho afasu ni: Sidim, Ser ne Hamat, Rakat ne Kineret,

36ne Adama ne Rama ne Hasor,

37ne Kedes ne Edrei ne En-hasor,

38Ate 1.33 ne Yiron ne Migdal-el, Horem ne Bet-anat ne Bet-semes: Nkurow dunkron ne ɛho nkuraa.

39Eyi ne Naftalifo abusuakuw agyapade, sɛ wɔn mmusua te: Nkurow no ne ɛho nkuraa.

40Dan mma abusuakuw no, sɛ wɔn mmusua te na ntonto a ɛto so ason no ba maa wɔn.

41Na wɔn agyapade hye ne: Sora ne Estaol ne Ir-semes,

42Ate 1.35 ne Saalabin ne Ayalon ne Yitla,

43ne Elon ne Timna ne Ekron,

44ne Elteke, Gibeton ne Baalat,

45ne Yehud ne Bene-berak ne Gat-rimon,

46Yona 1.3 ne Me-yarkon ne Rakon, ɛne Yafo anim hye no.

47Ate 18.27, 29 Na Danfo fii hɔ konyaa ɔhye foforo bi, na Danfo no foro kɔe ne Lesem kɔkoe, na wɔfae, na wɔde nkrante sɛee no, na wodii so, na wɔtenaa hɔ, na wɔfrɛɛ Lesem sɛ Dan, sɛ wɔn agya Dan din te.

48Ɛno ne Danfo abusuakuw agyapade, sɛ wɔn mmusua te: Nkurow no ne ɛho nkuraa.

49Na wowiee asase no mu kyɛ sɛ n’ahye no te no, Israelfo maa Nun ba Yosua agyapade wɔ wɔn mu:

50Yos 24.30 Sɛnea AWURADE hyɛɛ no, wɔmaa no kurow a obisae no, ɛne Timnat-sera a ɛda Efraim bepɔw so, na ɔkyekyee kurow no tenaa mu.

51 Yos 14.1; 18.1 Eyinom ne agyapade a ɔsɔfo Eleasar ne Nun ba Yosua ne Israelfo mmusuakuw agyanom mu atitiriw no de ntonto kyɛɛ mu wɔ Silo, AWURADE anim, ahyiae ntamadan no ano. Na wowiee asase no mu kyɛ.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help