1 2 Sa 12; Luka 18.13 Onyankopɔn, hu me mmɔbɔ, sɛ w’adɔe te no,
wo mmɔborohunu a ɛdɔɔso nti popa me mmarato.
2Hohoro me ho fi m’amumɔyɛ mu koraa,
na prapra me ho fi me bɔne mu.
3 Nnw 32.5 Na me mmarato no, mahu,
na me bɔne wɔ m’anim daa yi.
4 Rom 3.4, 19 Wo nko ara na mafom wo,
na mayɛ nea ɛyɛ w’ani so bɔne,
na woadi bem wo kasam,
na wo ho atew, w’atemmu mu.
5 Yoh 3.6 Hwɛ, wɔwoo me amumɔyɛ mu,
na bɔne mu na me na nyinsɛn me.
6Hwɛ, wopɛ nokware, m’asaabo mu,
na ma minhu nyansa me mu ahintawee mu.
7 Lew 14.6-7; Yes 1.18 Fa adwerɛ yi me ho bɔne, na me ho afi,
guare me, na mayɛ fitaa asen nsukyerɛma.
8 Nnw 32.3-4 Ma mente anigye ne abotɔyam nsɛm,
na nnompe a woabubu no adi ahurusi.
9Yi w’ani fi me bɔne ho hintaw,
na popa m’amumɔyɛ nyinaa.
10 Hes 36.26 Onyankopɔn, bɔ koma a emu tew ma me,
na yɛ honhom foforo a ase tim wɔ me mu.
11Ntow me mfi w’anim nkyene,
na nyi wo honhom kronkron mfi me so.
12Ma minnya wo nkwagye ho abotɔyam bio,
na ayamye honhom nso me mu.
13Mɛkyerɛ mmaratofo w’akwan,
na nnebɔneyɛfo adan aba wo nkyɛn.
14Onyankopɔn, me nkwagye Nyankopɔn,
gye me fi mogya ho fɔ mu,
na me tɛkrɛma ato wo trenee ho ahurusi dwom.
15AWURADE, bue m’ano,
na mede m’ano maka w’ayeyi.
16 Nnw 40.6; 50.8-13 Na wompɛ afɔrebɔ, anka mɛbɔ,
ɔhyew afɔre nsɔ w’ani.
17 Nnw 34.18 Onyankopɔn afɔre ne honhom a abubu;
Onyankopɔn, koma a abubu na apɛtɛw na worempo.
18Ma ɛnyɛ wo fɛ sɛ wobɛyɛ Sion yiye;
to Yerusalem afasu!
19Ɛno na wobɛpɛ trenee afɔre,
ɔhyew afɔre ne afɔre mu,
ɛno na wɔde anantwinini bɛkɔ w’afɔremuka so.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
