Yesaia 35 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

Ɔman no sanba

1 Yes 32.15 Num so ne nkyerekyerewa benya anika,

na anwea pradada adi ahurusi,

na ahan sɛ nhwiren;

2nhwiren ara na ebegu,

ahosɛpɛw ne osebɔ mu ara na ebedi ahurusi;

wɔde Lebanon anuonyam,

Karmel ne Saron ahyehyɛde, bɛma no;

wobehu AWURADE anuonyam,

yɛn Nyankopɔn ahyehyɛde no.

3 Heb 12.12 Monhyɛ nsa a ayɛ bɛtɛɛ den,

mummia anankoroma a agow mu;

4 Nnw 94.1 monka nkyerɛ wɔn a wɔn koma atu sɛ:

Monhyɛ mo ho den, munnsuro,

hwɛ, mo Nyankopɔn ni!

Aweredi, Onyankopɔn ananmuhyɛ na ɛreba.

Ɔno na ɔreba abegye mo nkwa!

5 Yes 29.18; Mat 11.5 Ɛno na anifuraefo aniwa bebue,

na asotifo aso abue;

6ɛno na apakye behuruw sɛ ɔforote,

na mum tɛkrɛma ato ahurusi dwom,

na nsu betue sare so,

na nsuwansuwa asen anwea pradada so;

7 Yes 41.18 na kumaforote bɛdan atare,

na asase kesee ayɛ nsuwansuwa;

sakraman tenabea a wobutuwii no,

wura befifi ayɛ sɛ demmire ne nkyɛkyerɛ.

8 Yes 62.10 Na ɔtempɔn ne ɔkwan bɛda hɔ,

na wɔbɛfrɛ no ɔkwan kronkron;

nea ne ho ntew remfa so,

na Onyame nkurɔfo na wɔde bɛma wɔn;

ɔkwantuni biara, nkwaseafo mpo remfom kwan wɔ mu.

9Gyata biara remma hɔ,

na anworanworaboa bi rensi so;

wɔrenhu bi wɔ hɔ,

wɔn a wɔagye wɔn na wɔbɛfa so.

10 Yes 51.11; Nnw 126.6; Adi 21.4 Wɔn a AWURADE apon wɔn no bɛsan aba,

na wɔde dwom aba Sion;

na daa anigye bɛtena wɔn atifi,

ahosɛpɛw ne anigye bɛka wɔn nsa,

na awerɛhow ne apinisi aguan.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help