1Me ba, di me nsɛm so,
na fa me mmara nsɛm sie.
2Di me mmara nsɛm so na nya nkwa,
na bu me mmara sɛ w’aniwa kurutiayisi.
3 Mmb 3.3 Fa kyekyere wo nsatea so,
kyerɛw wo koma pon so.
4Ka kyerɛ nyansa sɛ: Me nuabea ne wo!
Na frɛ nhumu sɛ w’adamfowa,
5 Mmb 2.16 na ahwɛ wo so afi ɔbea sansani ho,
afi ɔbea sansani a ɔka adɔkɔdɔkɔsɛm ho.
6Na mifi me dan mfɛnsere mu,
m’ahunuaniankansa mu mehwɛe;
7na mehwɛɛ ntetekwaafo mu,
mihuu mmofra no mu aberantewa bi a onni ti,
8ɔperee abɔnten bɛn ne twea,
na ɔsen faa ne fi kwan,
9ɛbere a ade resa, anadwofa,
anadwo kɔnkɔn ne sum mu.
10Na hwɛ, ɔbea bi hyiaa no,
ofura aguamantam, ne koma asen;
11wagyigya na n’aso asorow,
ne nan ntena ne fi;
12mprempren ɔwɔ mmorɔn so,
seisei yi ɔwɔ gua so,
na ɔtetɛw twea nyinaa so.
13Ɛnna osoo no mu, na ofew n’ano,
na ɔhyɛɛ n’ani den ka kyerɛɛ no sɛ:
14 Lew 3.3-4 Asomdwoe afɔrebɔ da me so,
ɛnnɛ na mama m’aboade;
15enti na mifi mibehyiaa wo yi,
mebɛhwehwɛɛ w’anim, na mahu wo yi.
16Mede mmommo makata me mpa so,
Misraim nkyeremu;
17mede kurobow ne pɛprɛ ne dupapo
mapete me nnae so.
18Bra ma ɔdɔ mmee yɛn nkosi anɔpa,
ma yɛmfa akɔnnɔde nsɛpɛw yɛn ho.
19Na ofiwura nni fie,
watu kwan kɔ akyirikyiri;
20wafa fotow ne sika akura,
ɔsram korokumatwa da mu ansa na ɔbɛba fie.
21Ɔde brada pii too no,
ɔde n’ano fremfrem nyaa no de no kɔe.
22Odii n’akyi prɛko sɛ nantwi a wɔrekokum no,
sɛ mpokyerɛ a wɔde twe ogyimifo aso,
23kosii sɛ agyan hwirew ne mmerɛbo mu,
te sɛ anomaa de ahoɔhare kɔ afiri mu,
na onnim sɛ ne nkwa na ɛda mu.
24Na afei, me mma, muntie me,
na monyɛ aso mma m’anom nsɛm.
25Mma wo koma mmman nnkɔ n’atempɔn so,
mfom nkɔ n’akwan so.
26Na wapirapira nnipa pii agugu hɔ,
na wɔn a wakunkum wɔn dɔɔso;
27 Mmb 2.18-19 ne fi ne asamando kwan,
esan kɔ owu mpia mu.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
