1 Tesalonikafo 4 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

Abrabɔ a ɛsɔ Nyankopɔn ani

1Nea edi akyiri no, anuanom, yɛsrɛ mo na yetu mo fo Awurade Yesu mu, sɛ nea moasua yɛn nkyɛn, sɛnea ɛsɛ sɛ mobɔ mo bra na mosɔ Onyankopɔn ani no, saa ara na monkɔ so mma ɛmmoro so.

2Na munim ahyɛde a yɛnam Awurade Yesu so de maa mo no.

3Na eyi ne nea Onyankopɔn pɛ, mo ahotew. Munyi mo ho mfi aguamammɔ mu,

41 Ko 6.13; 6.15 sɛ mo mu biara nhu sɛ obenya n’ankasa yere ahotew ne nidi mu,

5ɛnyɛ akɔnnɔ anibere mu sɛ amanaman a wonnim Nyankopɔn no;

6sɛ obiara nntra nnkosisi ne nua asɛm bi mu, efisɛ Awurade ne eyinom nyinaa weretɔfo, sɛnea yɛka kyerɛɛ mo kan na yedii mo adanse no.

7Na Onyankopɔn amfrɛ yɛn ankɔ efi mu, na mmom ahotew mu.

8Luka 10.16 Enti nea ɔtew ahi ntew onipa bi so atua, na mmom Onyankopɔn a ɔde ne Honhom Kronkron ahyɛ mo mu no.

9 Yoh 13.34; Yer 31.33-34 Na onuadɔ ho de, enhia mo sɛ wɔkyerɛw brɛ mo, efisɛ mo ankasa na Onyankopɔn akyerɛkyerɛ mo sɛ monnodɔ mo ho;

10na moyɛ saa nso anuanom nyinaa a wɔwɔ Makedonia nyinaa ho. Nanso, anuanom, yetu mo fo sɛ monkɔ so nyɛ mmoro so,

11Efe 4.28; 2 Te 3.8; 3.12 na mommɔ mmɔden nyɛ komm, na monyɛ mo ankasa ade, na momfa mo ankasa nsa nyɛ adwuma, sɛnea yɛhyɛɛ mo no,

12Kol 4.5 na moanantew sɛnea ɛfata, wɔn a wɔwɔ akyiri no anim, na biribiara anhia mo.

Awurade ba

13 1 Ko 15.20; Efe 2.12 Na, anuanom, wɔn a wɔadeda no ho de, mempɛ sɛ yesi mo so, na mo werɛ anhow sɛ wɔn a aka a wonni anidaso no.

14Rom 14.9; 1 Ko 15.3-4; 15.12 Na sɛ yegye di sɛ Yesu wui na wasɔre bio a, saa ara nso na Onyankopɔn de wɔn a wɔadeda no nam Yesu so bɛka ne ho aba.

151 Ko 15.51 Na yɛn de, yɛnam Awurade asɛm mu na yɛka kyerɛ mo sɛ, yɛn a yɛtete ase na yɛretena ase akosi Awurade ba mu no rensan wɔn a wɔadeda no ho,

161 Ko 15.23; 15.52 efisɛ Awurade ankasa de osebɔ, ɔbɔfo panyin nne ne Onyankopɔn torobɛnto fi soro besian, na Kristo mu awufo bɛsɔre kan,

17Yoh 12.26; 17.24 ansa na wɔaba abɛfa yɛn a yɛtete ase na yɛaka yi ne wɔn nyinaa amununkum mu sɛ yenkohyia Awurade ewim, na saa na yɛne Awurade bɛtena daa.

18Enti momfa nsɛm yi nkyekyekyekye mo werɛ.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help