1 Hiob 14.6 So ɛnyɛ akodi na ɛwɔ hɔ ma ɔdasani asase
so na ne nna te sɛ ɔpaani nna?
2Sɛ akoa pere onwini ho,
ne sɛ ɔpaani hwɛ n’apaade kwan no,
3saa ara na wɔama madi asram hunu,
na wɔabu ɔhaw anadwo ama me.
4Sɛ mekɔda a, meka sɛ:
Da bɛn na mɛsɔre na anadwo atwam akɔ?
Nna mu aperepere fono me kosi ahemadakye.
5Me honam fura mmoawa ne dɔte abon,
me were ayɛ twaa, na ɛrefi nsu.
6 Yes 38.12 Me nna yɛ hare sen ɔnwemfo akurokurowa,
na ɛrehi, na anidaso bi nni hɔ.
7Kae sɛ me nkwa yɛ mframa,
m’aniwa rensan nhu papa.
8Nea ohu me aniwa renhu me bio,
w’ani tua me, nso na minni hɔ.
9Sɛnea omununkum sa na ɛkɔ no,
saa ara na nea osian kɔ asaman no remforo mma bio.
10 Hiob 10.21; 14.10-12; 16.22; Nnw 103.16 Ɔrensan mma ne fi bio,
na ne tenabea renhu no bio.
11Enti me nso meremmua m’ano,
mɛkasa me honhom ahohia mu,
mesi apini m’awerɛhow mu.
12So meyɛ ɛpo anaa asu mu bɔpɔn,
na ɛma wode awɛmfo sisi me ho?
13Sɛ mise: Me mpa bɛkyekye me werɛ,
na me dabere bedwudwo m’apinisi no a,
14ɛnne wode adaeso hyɛ me yaw,
na anisoadehu mu na woma mebɔ piriw.
15Na ɛma me kra paw menewamsiw ne owu
sen me nnompe yi.
16 1 Ah 19.4 Afono me, merentena ase daa.
Gyaa me, na me nna yɛ huruhuro.
17 Hiob 14.1-5; Nnw 8.4 Ɔdesani ne hena a wubu no ɔkɛse,
na wudwen ne ho?
18Na wohwɛ no daa anɔpa,
na wotaa sɔ no hwɛ ara?
19Worenyi w’ani mfi me so de rekosi da bɛn?
Wonto me kwan na memmene me ntasu po?
20Mayɛ bɔne a, dɛn na mayɛ wo, nnipa hwɛfo,
ɛdɛn na wode me ayɛ w’ade
a wo ne no anya na madan adesoa ama me ho?
21Na adɛn na womfa me mmarato nkyɛ,
na womma me mfomso nsen nkɔ?
Na afei mɛda mfutuma mu,
na wobɛhwehwɛ me.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
