Hiob 38 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

AWURADE mmuae

1 Hiob 31.35 Na AWURADE fi ahum no mu buaa Hiob sɛ:

2 Hiob 34.35 Hena ne nea obiri afotu ani,

nsɛm a emu nni nimdeɛ mu yi?

3 Hiob 40.7 Bɔ w’asen sɛ ɔbarima ɛ,

na memmisa wo, na kyerɛ me.

4Ɛhe na wowɔ, bere a metoo asase fapem no?

Sɛ wowɔ nhumu a, ka ɛ!

5Hena na ɔde ne nsusuwii too hɔ, wunim anaa?

Anaasɛ hena na ɔsaa so hama?

6Dɛn so na wɔde ne nnyinaso sii,

anaa hena na ɔde ne tweati bo toe,

7bere a adekyee nsoromma boom too ahurusi dwom,

na Ɔsoro dɔm nyinaa bɔɔ ose no?

8Na hena na ɔkaa po hyehyɛɛ apon mu,

bere a efii asase yam puei,

9na mede omununkum meyɛɛ ne nkataho,

ne sum kabii nso meyɛɛ n’abomu hann,

10 Mmb 8.29 na mitwaa no so hye,

na misisii adaban ne apon,

11 Nnw 104.8-9 na mekae sɛ: Ɛha yi na bra bedu, na ntra so,

na ɛha ara na w’asorɔkye ahantan mmɛso no?

12So efi wo nna mfiase woahyɛ bere ama anɔpa pɛn?

So woakyerɛ adekyee nso ne dibere,

13sɛ enso asase mmuano mu,

na wɔmporoporow abɔnefo mfi so,

14sɛ ɛnsakra sɛ dɔte nsɔano ase,

na ɛnyɛ sɛ atade a wɔahyɛ no aduru,

15na wɔde abɔnefo hann akame wɔn,

na nsa a wɔama so no, wɔabu mu?

16So woakɔ po aniwa ho,

na woanantew bun donkudonku ase?

17So wɔayi owu aponkɛse adi akyerɛ wo,

anaasɛ woahu esum kabii abobow no?

18Woahu asase trɛw mu anaa?

Sɛ wunim ne nyinaa a, ka ɛ!

19Ɛhe na hann tenabea kwan wɔ,

na esum nso, n’afa wɔ he?

20Na wode akɔ ne hye so,

na woahu ne fi akwan no?

21Yiw wunim, efisɛ saa bere no na wɔwoo wo,

na woadi nna bebree.

22So woakɔ sukyerɛma korabea,

anaa woahu amparuwbo akorae no,

23 Yos 10.11 ade a makora masie ahohia bere

ne ɔko ne dɔmdi da no?

24Ɛhe na ɔkwan a hann nam so hyerɛnhyerɛn no wɔ,

ne nea apuei mframa fa so bɔ asase so no wɔ?

25 Hiob 28.26 Hena na oyiyi aka ma osu,

ne ɔkwan ma aprannaa asraman no,

26sɛ ɔbɛma osu atɔ asase a obi nni hɔ so,

ne anwea pradada a onipa bi nni so so,

27na wama amamfo ne asase hunu amee,

na wama wura a efuw no afefɛw?

28So osu wɔ agya,

anaasɛ hena na ɔwo obosu a ɛsosɔ?

29 Nnw 147.16 Hena yam na nsu nkyenkyenee fi,

na ɔsoro bosu a akyenkyen no, hena na ɔwoe?

30Nsu kyenkyen sɛ ɔbo,

na ebun donkudonku ani pam.

31 Hiob 9.9 So wubetumi akyekyere Akokɔtan-ne-ne-mma hama,

anaasɛ wubetumi asan Nyɛnkrɛnte nhama mu?

32So wubetumi ayi owiakwanmu nsoromma adi wɔ ne bere mu,

anaa wubetumi akyerɛ sisi nsoromma ne ne mma kwan?

33So wunim ɔsoro nhyehyɛe

anaa wubetumi ahyehyɛ sɛnea enni asase so mfa?

34So woma wo nne so kɔ amununkum mu

sɛ nsu pii mmɛkata wo ho anaa?

35So wubetumi asoma anyinam ma akɔ,

na aka akyerɛ wo sɛ: Yɛn ni! Anaa?

36Hena na ɔde nyansa siee ayamde mu,

anaasɛ hena na ɔde nhumu maa adwene?

37 Gye 7.11 Hena na ɔde nyansa kenkan amununkum,

na ɔsoro nkotoku no, hena na ɔdan no

38ma mfutuma twe kɔhɔre siw,

na dɔte bɔ atɔwatɔw?

39So wo na woyɛ ha ma gyatabere nya nam,

anaa woma agyataforo mee,

40 Hiob 37.8 ɛbere a wobutubutuw wɔn atu mu,

na wɔtete adɔtɔ mu retɛw no?

41 Nnw 147.9 Hena na osiesie aduan ma anene,

ɛbere a ne mma su frɛ Onyankopɔn,

wokyini na wonni aduan no?

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help