1Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ:
2Kasa kyerɛ Israelfo na ka kyerɛ wɔn sɛ: Mene AWURADE mo Nyankopɔn.
3Eks 23.24 Misraim asase a motenaa hɔ no so nneyɛe de, monnyɛ. Na Kanaan asase a mede mo merekɔ hɔ no so nneyɛe nso, monnyɛ, na munnni wɔn ahyɛde so.
4M'atemmude na monyɛ, na monkora m'ahyɛde sɛ, mubedi so.
5Neh 9.29; Hes 20.11; Rom 10.5; Gal 3.12 Mene AWURADE mo Nyankopɔn. Na monkora m'ahyɛde ne m'atemmude a onipa a ɔyɛ no benya mu nkwa no. Mene AWURADE.
6Obiara nnkɔ ne bogya biara a ɔyɛ ne honam no ho nnkoyi n'adagyaw so. Mene AWURADE.
7Nyi w'agya anaa wo na adagyaw so; wo na ne no, nyi n'adagyaw so.
8Gye 35.22; Deut 27.20; 1 Ko 5.1 Nyi w'agya yere adagyaw so; w'agya adagyaw ne no.
9Deut 27.22 Wo nuabea a ɔyɛ w'agya ba anaa wo na ba no, wɔwoo no ofie oo, wɔwoo no baabi oo, nyi wɔn adagyaw so.
10Wo babanin babea anaa wo babea babea, nyi wɔn adagyaw so, efisɛ ɛyɛ w'adagyaw.
11W'agya yere babea a w'agya awo no no, ɔyɛ wo nuabea, nyi n'adagyaw so.
12Nyi w'agya nuabea adagyaw so; ɔyɛ w'agya honam.
13Nyi wo na nuabea adagyaw so, efisɛ ɔyɛ wo na honam.
14Nyi w'agya nuabarima adagyaw so nkɔ ne yere ho; wo na kumaa ne no.
15Gye 38.16 Nyi w'ase adagyaw so; wo babarima yere ne no, nyi n'adagyaw so.
16Mar 6.18 Nyi wo nua yere adagyaw so; ɛyɛ wo nua adagyaw.
17Deut 27.23 Nyi ɔbea bi ne ne ba adagyaw so; mfa ne babanin babea anaa ne babea babea nyi wɔn adagyaw so; ne honam ne wɔn; ɛyɛ abusude.
18Na mma ɔbea ne ne nua nware, na wɔatwe kora, mmere a ɔda so te ase no, wubeyi n'adagyaw so aka ho.
19 Lew 15.24; Hes 18.6; 22.10 Na nkɔ ɔbea a n'asabu mu ne ho ntewee no ho nkoyi n'adagyaw so.
202 Sa 11.4 Na wo ne wo yɔnko yere nnna, na mfa wo ho nsu mma no mfa ngu wo ne no ho fi.
21Deut 18.10; 2 Ah 21.6; Nnw 106.37; Yer 7.31 Na mfa w'asefo mu bi mma ɔnnkɔfa ogya mu mmma Molek, na nhura wo Nyankopɔn din ho; mene AWURADE.
22Gye 19.5; Rom 1.27; 1 Ko 6.9 Na wo ne ɔbarima nnna, sɛ ɔbea; ɛyɛ akyide.
23Eks 22.19 Wo ne aboa biara nnna mmfa nngu wo ho fi; na ɔbea bi nnnyina aboa bi anim nnnan ne ho mmma no; ɛyɛ basabasayɛ.
24Mommfa nneɛma yi biara nngu mo ho fi, efisɛ eyinom nyinaa na amanaman a merebetu wɔn afi mo anim yi de agu wɔn ho fi,
25na asase no so agu fi, enti na meretua ɛso amumɔyɛ no so ka, na asase no afe ɛsotefo no agu.
26Na mo de, munni m'ahyɛde ne m'atemmude so, na monnnyɛ saa akyide yi mu biara, okuromani oo, ɔhɔho a wabɛsoɛ mo mu oo,
27efisɛ saa akyide yi nyinaa na asase no sofo a wodi mo kan no ayɛ, na asase no so agu fi;
28na asase no amfe mo sɛ moagu ho fi, sɛnea ɛfee amanaman a wodii mo anim no.
29Na obiara a ɔbɛyɛ saa akyide yi mu biara no, wobetwa akra a wɔyɛ no afi wɔn aman mu akyene.
30Enti monhwɛ m'ahwɛde, na moanyɛ ahyɛde a wokyi a wodii mo anim yɛe no amfa angu mo ho fi: Mene AWURADE mo Nyankopɔn.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.