Yudit 14 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

Yudif afotu

1Na Yudif see wɔn sɛ: Me nuanom, muntie me. Momfa ti yi nsɛn beae a ɛkrɔn wɔ mo fasu no ho.

2Na sɛ ade kye ara pɛ, na awia pue a, obiara mma n'akode so, na ɔbarima hoɔdenfo biara mmɔ ntoa, na omfi kurow yi mu, na si wɔn so sahene, sɛ gyama wɔrekɔ petee no mu akɔtoa Asiriafo wɔ wɔn nsra mu. Nanso monnsian nkɔ ase hɔ.

3Na wɔbɛfa wɔn akode na wɔakɔ nsra no mu, na wɔakɔnyanyan Asiriafo asraafo no mu asahene no, na wɔabɔbɔ krididi akɔ Holoferne ntamadan no mu, nanso wonhu no. Na ehu bɛka wɔn, na wobeguan afi mo anim.

4na mo ne wɔn a wɔte Israel ahyeso nyinaa bɛtaa wɔn na moakunkum wɔn bere a wɔreguan no.

5Mmom ansa na mobɛyɛ eyinom nyinaa no, momfa Akior, Amoni no mmrɛ me, na momma ɔnhwɛ na onhu nnipa a obuu Israel fi animtiaa no, na ɔde no brɛɛ yɛn sɛ gyama wokokum no.

6Nti wɔkɔfrɛɛ Akior fii Ussia fi bae. Na bere a obehuu Holoferne ti sɛ ekura nnipa a ahyiam no mu biako no, otwa hwee fam na ade tɔɔ no so.

7Bere a wɔmaa no so no, ɔhwee Yudif nan ase, na obuu nkotodwe wɔ n’anim, na ɔkae sɛ: Nhyira nka wo wɔ Yuda ntamadan nyinaa mu! Ɔman biara mu wɔn a wɔbɛte wo din no bɛbɔ hu.

8Afei ka nea woayɛ, nna yi nyinaa mu, kyerɛ me.

Bere a Yudif wiee ne nyinaa ka, wɔ nnipa no nyinaa anim no, fi da a ɔkɔe de kosii bere a ɔne wɔn rekasa no,

9n’ano sii ara pɛ, na dɔm no teɛɛm kɛse pa ara na wodii ahurusi yɛɛ dede wɔ wɔn kurow no mu.

10Na bere a Akior huu nea Israel Nyankopɔn ayɛ nyinaa no, ogyee Nyankopɔn dii yiye, na wotwaa no twetia ma ɔbɛkaa Israel fi no ho, na ɔda so wɔ mu ara de besi nnɛ.

11Mmere a wim retetew ara pɛ na wɔde Holoferne ti sɛn ɔfasu no ho. Enti ɔbarima biara bɔɔ ntoa, na wofii adi akuwakuw faa nkoko so akwan no so.

12Na bere a Asiriafo no huu wɔn no, wɔmaa nkra too wɔn asraafo akunini no, na fi wɔn so, kɔɔ asahene no ne asraafo mpanyimfo no hɔ.

13Nti wɔbaa Holoferne ntamadan mu, besee nea ɔhwɛ hɔ no sɛ, nyan yɛn wura, na nkoa no asi wɔn bo aba yɛn so sɛ, wɔne yɛn rebɛko na yɛasɛe wɔn pasaa.

14Enti Bagoas kɔɔ mu na ɔkɔbɔɔ kɔkɔɔkɔ wɔ ntamadan no pon ano, na n’adwene yɛɛ no sɛ, ɔne Yudif da hɔ.

15Obiara annye so no, obuei na ɔkɔɔ piam hɔ, kohuu sɛ wɔatow no akyene fam afi mpa no so a wawu, na wɔatwa ne ti afi so.

16Na ɔde nne kɛse teɛɛm, na osui, guu ahome, kekaa mu, na ɔtetew n'atade mu.

17Na ɔkɔɔ ntamadan a Yudif wɔ mu no mu, na wanhu no wɔ hɔ no, opuei ntɛm ara baa nnipa no hɔ na ɔteɛɛm kae sɛ:

18Afenaa no adaadaa yɛn! Hebrini bea biako de animguase aba ɔhene Nebukadnesar fi! Na hwɛ Holoferne na ɔda fam a ne ti nso nni so yi.

19Mmere a Asiria asraafo ne wɔn mpanyimfo tee eyi no, wosunsuanee wɔn ntade mu na wɔn ho dwiriw wɔn, na wɔn su ne nteɛteɛɛm gyigyee nsra no mu nyinaa.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help