Nnwom 23 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

AWURADE ne guanhwɛfo paDawid dwom

1 Gye 48.15; Yoh 10.12-16 AWURADE ne me hwɛfo,

hwee renhia me.

2 Hes 34.14; Adi 7.17 Ɔma meda adidibea a ɛhɔ nwura yɛ frɔmfrɔm,

ogya me kɔ nsu a ɛho dwo ho.

3 Yer 31.25 Odwudwo me kra,

ɔde me fa akwantrenee so,

ne din nti.

4 Nnw 46.2 Sɛ mpo menam owu sum kabii bon mu a,

minsuro bɔne bi,

efisɛ wo ne me na ɛwɔ hɔ,

w’abaa ne wo poma

na ɛkyekye me werɛ.

5 Nnw 36.8 Wotow me pon

m’atamfo anim,

wode ngo fɔw me tirim,

me kuruwa yɛ ma bu so.

6 Nnw 84.3-4 Ampa ara yiye ne adɔe nko na ebedi m’akyi

me nkwa nna nyinaa,

na mɛtena AWURADE fi daa.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help