Nyansa 13 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

Abɔde som yɛ nkwaseasɛm

1Nnipa a wonnim Nyame no

yɛ nkwaseafo fi wɔn awo mu;

sɛ wontumi nhu nneɛma pa a

atwa wɔn ho no, nhu nea ɔte ase no,

anaasɛ nso wɔamfa ne nnwuma so annhu odwumfo no,

2mmom wɔfaa no sɛ ogya anaa

mframa anaa mframaden bi,

anaa wim nneɛma bi a wɔyɛ anyame,

na wodi wiase so tumi.

3Sɛ ɛnam anigye a wonya no saa nneɛma yi ne ne fɛ nti,

nnipa fa wɔn sɛ wɔyɛ anyame a,

ma wonhu sɛ AWURADE so sen

eyinom nyinaa;

efisɛ sɛ ɔno a ɔyɛ ahoɔfɛ wura no na ɔbɔɔ wɔn.

4Na sɛ nnipa hu wɔn nnwuma na

na wɔn ho popo a,

ma wonhu sɛ nea ɔbɔɔ wɔn no wɔ tumi sen wɔn.

5Na sɛ abɔde kɛse ne ne fɛ te no,

saa ara so na yɛnam hu Ɔbɔadeɛ no.

6Nanso saa nkurɔfo yi

ɛnsɛ sɛ yebu wɔn fɔ pii,

esiane sɛ, ebia wɔfom kwan

bere a wɔrehwehwɛ Nyankopɔn

na wɔrepɛ sɛ wobehu no no.

7Efisɛ wɔte ne nnwuma mu no,

na wɔrehwehwɛ no ara

na wogye nea wohu no di,

esiane sɛ nneɛma a wohu no yɛ fɛ.

8Nanso mpo anoyi bi nni hɔ ma wɔn.

9Efisɛ sɛ wotumi hu eyinom,

sɛ wɔhwehwɛ abɔde mu a,

mpɛn ahe na wontumi nhwehwɛ no ntɛm nhu AWURADE?

Abosonsom yɛ nkwaseasɛm

10 Yes 44.9-20; Yer 10.1-16; Ltj Yer 8-73 Mmom ɛyɛ mmɔbɔ sɛ

saa nkurɔfo no anidaso

wɔ adefunu so sɛ wɔde din nyame

ma nnipa nsaano nnwuma,

sika ne dwetɛ a wɔde nyansa

awene no mmoa sɛso,

anaa ɔbo hunu bi a

ɛyɛ tete adwumfo bi nsaano dwuma.

11Duatwafo twa dua to fam,

na ɔde ne nyansa yiyi ho,

na akyiri yi ɔnam adwumfo so

yɛ nneɛma a mfaso wɔ so a,

ɛboa onipa asetena,

12na ɔhyew nnua asinasin a otwitwa gui

wɔ n’adwuma mu no bi

de noa aduan di mee.

13Mmom duasin no mu

bi a wamfa anyɛ hwee no,

dua kɔntɔnkye a emu apowapɔw ara nko no,

oyi na ɔtɔ ne bo ase sen no yiye

wɔ n’ahomegye bere mu,

na onni hwee yɛ nti,

onya bere sen no yiye, na

ɔyɛ no sɛ onipa dasani ara pɛ,

14anaasɛ ɔde dua no yɛ aboa hunu bi;

na ɔde srade kɔkɔɔ sra ho ma ɛyɛ kɔkɔɔ.

na ɛho nkae no ɔde ngo sra ho.

15Afei ɔyɛ adaka a ɛbɛkɔ mu pɛpɛɛpɛ,

na ɔde hyɛ ɔfasu mu,

na ɔde dade suso mu wɔ hɔ.

16Ɔdwene ho yiye nea ɛbɛyɛ a

emfi ntɔ esiane sɛ onim sɛ

tumi bi nni ne fam efisɛ

ɔyɛ ohoni ara kwa a ohia mmoa.

17Sɛ ɔbɔ mpae wɔ n’agyapade ho a,

n’aware ne ne mma ho a,

ɛnyɛ no aniwu sɛ ɔrekasa akyerɛ

ade a nkwa nni mu.

18Obisa apɔmuden fi

ade a ɛyɛ mmerɛw hɔ;

ɔsɔre a obisa nkwa fi ade a awu hɔ;

mmoa bi a, ɔhwehwɛ fi ade a enni nimdeɛ hɔ;

ɔbra akwantu mu asomdwoe no,

ontumi ntu anammɔn mpo;

19sikapɛ, dwumadi ne

nsaanodwuma mu nkonimdi ho,

obisa ahoɔden fi ade a,

ne nsam nni ahoɔden bi hɔ.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help