1 Deut 19.15; 1 Tim 5.19 Mpɛnsa ni a mereba mo nkyɛn. Adansefo baanu anaa baasa anom na asɛm biara begyina.
2Mebɔɔ wɔn a wɔyɛɛ bɔne kan no ne wɔn a aka no nyinaa kɔkɔ, saa ara nso na seisei a minni mo nkyɛn yi merebɔ wɔn kɔkɔ, sɛnea meyɛɛ bere a mebaa hɔ ne mprenu so no, sɛ meba bio a meremfa wɔn ho nkyɛ wɔn.
3Efisɛ mohwehwɛ Kristo a ɔkasa me mu no ho adansedi, ɔno na ɔnyɛ mmerɛw mo fam, na mmom ɔwɔ mo mu tumi.
4Flp 2.7-8 Na mmerɛwyɛ mu na wɔbɔɔ no asɛnnua mu de, nanso ɔnam Nyankopɔn tumi mu te ase. Na yɛn nso yɛyɛ mmerɛw wɔ no mu de, nanso yɛne no nam Nyankopɔn tumi so bɛtena ase mo fam.
Hwɛ wo ho so ade biako a ehia ho5 1 Ko 11.28 Monsɔ mo ho nhwɛ sɛ mowɔ gyidi no mu anaa? Mummisa mo ho nhwɛ! Anaasɛ munnim mo ho sɛ Yesu Kristo te mo mu? Ɛnne na anka momfata.
6Na m’ani da so sɛ mubehu sɛ yɛn de, yɛnyɛ nnipa a wɔmfata.
7Nanso yebɔ Nyankopɔn mpae sɛ monnyɛ bɔne biara, ɛnyɛ sɛ wobehu yɛn sɛ yɛfata, na mmom mo, mobɛyɛ nea ɛyɛ fɛ, na yɛn de yɛayɛ sɛ wɔn a wɔmfata.
8Na yentumi nyɛ hwee ntia nokware no, na mmom nea yetumi yɛ no, yɛyɛ ma nokware.
9Na sɛ yɛyɛ mmerɛw, na mo de, moyɛ den a, yɛn ani gye; na mo pɛyɛ ho na yebɔ mpae.
102 Ko 10.11; 10.8 Eyi nti na, minni mo nkyɛn yi, mekyerɛw eyi mabrɛ mo, na sɛ meba a, me ne mo anni no dennen, sɛnea tumi a Awurade de ama me sɛ ɛmma nkɔso na ɛnyɛ ɔsɛe no te no.
Awiei11 Flp 4.4; Rom 15.32 Afei awiei, anuanom, makra mo. Monyɛ pɛ, momma mo werɛ nkyekye, munnya adwenkoro, montena asomdwoe mu, na ɔdɔ ne asomdwoe Nyankopɔn bedi mo akyi.
121 Ko 16.20 Momfa mfewano kronkron nkyiakyia mo ho.
13Ahotefo no nyinaa kyiakyia mo.
14Awurade Yesu Kristo adom ne Nyankopɔn dɔ ne Honhom Kronkron ayɔnkofa nka mo nyinaa.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
