Nnwom 92 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

Onyankopɔn trenee nniso ho ayeyiDwom a wɔto no homeda

1 Nnw 147.1 Eye sɛ wɔda AWURADE ase

na wɔto dwom ma wo din, ɔsorosoroni,

2sɛ wɔka w’adɔe anɔpa

ne wo nokwaredi anadwo,

3 Nnw 33.2 sankuhan du ne bɛnta sanku so,

sanku ho adwempa dwom mu.

4Na wo, AWURADE, woma m’ani gye wo nneyɛe ho,

wo nsa ano nnwuma ho na medi ahurusi.

5 Nnw 104.24; Yes 55.9 AWURADE, wo nnwuma sosoe dɛn ara,

w’adwene mu dɔ pii.

6Ogyimifo nnim, na ɔkwasea nhu eyi mu.

7 Nnw 37.2 Abɔnefo fifi sɛ fan,

na amumɔyɛfo nyinaa si so sɛ nhwiren a,

ɛne sɛ wɔbɛsɛe wɔn korakora.

8 Nnw 97.9 Na wone nea ɔsorotena wɔ no daa, AWURADE.

9Nanso wo, AWURADE, wokrɔn daa,

Na hwɛ w’atamfo no, Ao! AWURADE,

W’atamfo no de wɔbɛyera

10 Nnw 23.5 Na woma m’abɛn so sɛ okoo de,

wode ngo foforo gu me so.

11 Nnw 91.8 Na m’aniwa hu nea mepɛ m’atɛwfo so,

na m’aso te nea ɛyɛ me dɛ,

abɔnefo a wɔsɔre hyɛ me no ho.

12 Nnw 52.8 Ɔtreneeni bɛfefɛw sɛ abɛ,

obenyin sɛ Lebanon so kyeneduru.

13 Nnw 84.2 Wɔn a wɔtɛw wɔn AWURADE fi no

bɛfefɛw yɛn Nyankopɔn abangua so.

14 Nnw 1.3 Wɔbɛkɔ so asow aba nkwakoraa bere,

wɔbɛyɛ akɛse ne frɔmfrɔm ara,

15 Deut 32.4 na wɔaka akyerɛ sɛ AWURADE teɛ,

ɔne me botan, na nea ɛnteɛ biara nni ne mu.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help