Nnwom 26 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

Onyankopɔn fam ahotewDawid de

1AWURADE, bu me bem,

na me pɛyɛ mu na mebɔɔ me bra,

na mede me ho metoo AWURADE so, manwatiri.

2 Nnw 17.3 AWURADE, hwehwɛ me mu na sɔ me hwɛ,

nan m’asaabo ne me koma.

3Na w’adɔe wɔ m’ani so,

nso menam wo nokware mu.

4 Nnw 1.1 Me ne nnipa huhuw antena,

na me ne nyaatwomfo anhyia mu.

5Metan nnipa bɔne guabɔ,

na me ne nnebɔneyɛfo ntena.

6 Nnw 122 Mɛhohoro me nsa, bemdi mu,

na metwa w’afɔremuka ho mahyia, AWURADE,

7sɛ merema wɔate m’aseda dwom,

na maka w’anwonwade nyinaa.

8 Nnw 27.4 AWURADE, medɔ wo fi tenabea

ne faako a w’anuonyam wɔ.

9Nhwim me kra nka nnebɔneyɛfo ho,

anaa me nkwa nka mogyapɛfo ho nkɔ.

10Wɔn na mmusu hyɛ wɔn nsam,

na kɛtɛasehyɛ ayɛ wɔn nifa ma.

11Na me de, pɛyɛ mu na mebɔ me bra:

Gye me, na hu me mmɔbɔ.

12 Nnw 22.22 Me nan gyina nea ɛhɔ da fam,

asafo ahyiae kɛse no mu na mehyira AWURADE.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help