Nahum 1 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

1Ɛlkosini Nahum adehu nhoma a ɛfa Niniwe atemmu ho.

AWURADE abufuhyew no

2 Eks 20.5; Deut 4.24 Onyankopɔn yɛ ninkufo ne weretɔfo ne AWURADE,

ampa ara ɔweretɔfo ne AWURADE,

na abufuw tumi ahyɛ no ma.

AWURADE tɔ n’ahohiafo so were,

na n’abufuw wɔ hɔ ma n’atamfo.

3 Eks 34.7 AWURADE bo kyɛ fuw,

na n’ahoɔden so, na ɔremmu ɔbɔnefo bem ara da.

AWURADE no, ahum ne kyinhyia mframa mu na ne kwan wɔ,

na amununkum yɛ ne nan ase mfutuma.

4Ɔteɛteɛ ɛpo ma ɛyow,

na ɔma nsuten nyinaa mem;

Basan ne Karmel twintwam,

Lebanon nhwiren nso twintwam;

5 Nnw 97.5 mmepɔw wosow n’anim,

na nkoko hono; asase wosow n’anim,

yiw wiase ne emutefo nyinaa mpo.

6Hena na obegyina n’abohuru anim,

na hena na ɔbɛsɔre ahyɛ n’abufuw no?

N’anibere hwie sɛ ogya,

na abotan bubu n’anim.

7 Deut 4.31; Nnw 1.6 AWURADE ye,

ɔyɛ guankɔbea hia da mu,

na onim wɔn a woguan kɔdan no.

8Na n’atamfo de nsuyiri bɛma sibea ayera,

na watiw wɔn akodu esum mu.

9Atamfo, dɛn na mudwen AWURADE ho?

Obewie mo korakora,

na morensɔre ntia no mprenu.

10Na sɛ wɔtoatoam sɛ nguare mpo,

na wɔn mmorosa abobow mo nso a,

wɔbɛhyew koraa sɛ sakran guanguan.

11Wo Niniwe, wo mu na nea odwen AWURADE ho bɔne,

nea otuu agyina huhuw no fi.

Yuda te anigyesɛm

12Sɛ AWURADE se ni:

Sɛ mudi mu na mo dɔɔso saa po a,

wobetwitwa mo agu saa ara, na moatwam akɔ.

Ao Yuda, na sɛ mebrɛɛ wo ase mpo a,

afei de meremmrɛ wo ase bio;

13na afei mebubu Niniwe kɔnnua afi wo so,

na matetew wo nkyehama mu.

14Na wo Niniwe, AWURADE ahyɛ wo ho mmara sɛ

wo din bɛyera afi asase so;

metwitwa ohoni a wɔasen ne ogu honi afi wo nyame fi;

mɛbɔ wo damoa, efisɛ woadan atantanne.

15 Yes 52.7; Nah 1.11 Hwɛ, mmepɔw so

na asɛmpakafo nan wɔ, wɔreka asomdwoesɛm.

Yuda, di wo nnapɔnna,

ma w’aboade,

na ohuhuni no remfa wo mu bio,

woatwa no akyene koraa.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help