Nyansa 16 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

1Ne saa nti wɔnam saa abɔde no so ara twee saa nkurɔfo no aso

na mmoawammoawa pii haw saa nnipa no,

2 Eks 16.11-13; Num 11.31, 32 Anka wo nkurɔfo benya saa asotwe no,

mmom woyii w'ayamye adi kyerɛɛ wɔn,

na womaa wɔn nam ma wodii,

sɛ aduan de kum wɔn kɔm;

3sɛnea sɛ ɔkɔm de saa nkurɔfo no a,

wɔn kɔn rennɔ ade ketewaa bi mpo,

efisɛ wode nam brɛɛ wɔn,

wɔ bere tiaa bi mu a wo nkurɔfo dii kɔm no,

wonyaa wɔn akɔnnɔde di mee.

4Na ehia sɛ saa ahohiahiafo no nti, ahokyere pii ka wɔn,

na wo nkurɔfo fam de, wohu sɛnea ɔhaw tumi ba w'atamfo so.

5 Num 21.6-9 Bere a akekammoa de abufuhyew

kɛse baa wo nkurɔfo so no,

na awɔ de wɔn akekakeka ara kunkum wɔn no

w’abufuw antena hɔ ankosi awiei;

6wohuu amane bere tiaa bi sɛ kɔkɔbɔ,

na wonyaa nkwagye ho asɛnkyerɛnne

a ɛkae wɔn wo mmara ne kɔkɔbɔ.

7Na nea ɔba eyi ho no,

nya nkwa, nyɛ nea ɔde n'ani hui nti,

mmom ɛnam wo a woyɛ nnipa nyinaa Agyenkwa no so.

8Na wofa eyi so ma yɛn atamfo hu

sɛ wo na wugye nnipa fi mmusu nyinaa mu.

9Na mmɛbɛw ne nwansena

kekaa wɔn ma wowuwui,

na wɔanya ho aduru biara amma wɔn,

efisɛ na ɛfata sɛ wɔde saa

nneɛma yi twe wɔn aso.

10Nanso wo mma de, awɔ no se ne emu bɔre no antumi anni wɔn so,

esiane sɛ w’ahummɔbɔ bɛboaa wɔn na ɛsaa wɔn yare.

11Sɛnea wɔbɛkae w'awonwade

nti na wɔkekaa wɔn,

na woyɛɛ ntɛm gyee wɔn

nea ɛremma wɔn werɛ mmfi wo koraa

na wɔanyɛ boniayɛ wɔ w’ayamuye ho.

12Na ɛnyɛ ahabannuru anaa aduru bi na ɛsaa wɔn yare,

mmom ɛyɛ w’asɛm, Ao AWURADE,

na ɛsa nnipa nyinaa yare.

13Efisɛ wowɔ nkwa ne owu so tumi;

na wode adasamma sian kɔ asaman

na wosan nyan wɔn bio.

14Onipa bɔne kum ne nua,

nanso ontumi mma ne honhom nsan mma wiase bio,

anaasɛ ontumi nyi ne kra mfi afiase.

Ahum kɛse bɔ fa Misraim so

15Obi ntumi nguan mfi wo nsam.

16esiane sɛ amumɔyɛfo a wɔampɛ sɛ wobehu wo no,

w’abasam tumi kaa wɔn mpire,

na womaa osutɔ dennen ne amparuwbo hwee wɔn

na ogya hyew wɔn dwerɛbee.

17Na nea ɛyɛ hu kɛse koraa ne sɛ,

nsu a edum ade nyinaa no,

gya no mmom da so wɔ tumi kɛse,

efisɛ wiase no ko gye ɔtreneeni.

18Bere bi wɔbrɛɛ ogyatanaa no ase

na anhyew abɔde a wonnim Nyame no,

na ama wɔahu sɛ Onyankopɔn atemmu sa wɔn.

19Na bere bi nso, nsu no mu mpo na ɛhyehye sen ogyaframa

de sɛe wɔn a wonnim Nyame no

asase so nnɔbae.

Israelfo di Mana

20Na anka wo nkurɔfo behyia saa amanehunu yi bi no,

mmom womaa w'abɔfo bɛwɛn wɔn,

na womaa wɔn ɔsoro abodoo dii

kwa a emfi wɔn brɛ mu,

na obiara nyaa anigye a ɛfata.

21Na wo mmoa daa adi wɔ anigye a wo mma nyae wɔ wo ho;

ne abodoo bubu a wode ma

obiara a ne kɔn dɔ sɛ odi bi no.

ma ɛsakrae yɛɛ obiara apɛde

22Asukɔtwea ne sukyerɛma mpo gya ka a ɛnnan,

na ama wɔahu sɛ

gya a ɛrehyew wɔn atamfo no

tumi dɛw fi sukyerɛma mu

na eyi anyinam bere a nsu retɔ.

23Sɛnea ɛbɛyɛ a atreneefo

benya gyidi sɛ,

gya mpo werɛ fi ne tumi.

24Na w'abɔde resom wo ɔbɔadeɛ no,

wowɔ tumi sɛ wotwe abɔnefo aso

na w'adɔe nti wogow wo nsam

wɔ wɔn a wɔn werɛ hyɛ wo mu no ho .

25Ne saa nti, bere no so no, abɔde

sakra nya tebea nyinaa bi;

de som wo a woyɛ ɔmee ma obiara no

sɛnea ehia obiara no.

26Sɛnea wo mma a wodɔ wɔn no,

O AWURADE, besua sɛ

ɛnyɛ nnɔbae na wɔde hwɛ adasamma,

na mmom w’asɛm na ekura wɔn a,

wɔn werɛ hyɛ wo mu no.

27Na nea gya anhyew no no,

owia nsensan bɔ fa so pɛ a na anane,

28Na ama wɔahu sɛ ɛwɔ sɛ nnipa sɔre

de nnaase ma wo ansa na awia apue,

na wɔbɔ wo mpae ansa na awia ama ne ho so.

29Efisɛ onipa boniayɛfo anidaso

bɛnan sɛ anɔpabosu

na ayera sɛ nsu fi.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help