Hiob 30 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

Hiob kyerɛ ne mprempren asetena mmɔbɔ a ɛyɛ

1 Hiob 29.8-11 Na afei wɔn a midi wɔn panyin koraa serew me,

wɔn a mepo wɔn agyanom

sɛ mede wɔn mɛhyɛ m’akraman a wɔhwɛ me nguankuw so no mu,

2wɔn nsam tumi nso bɛyɛ me dɛn,

wɔn a wɔn ahoɔden asa?

3Ohia ne ɔkɔm nti wɔatwintwam,

wɔwewe nkyerekyerewa so

nea ɛhɔ yɛ sakasaka, kusuu ne basabasa;

4wɔtetew nkyenhaban nnua so,

na sare so nnua ntini ne wɔn aduan.

5Wɔatu wɔn afi nnipa mu,

wohuro wɔn sɛ owifo.

6Mmonhwa a ɛhɔ yɛ hu mu na wɔtetee,

ɛfam ne abotan mu ntokuru mu;

7Nnua ntam na wɔbobom,

nsasono ase na wɔsam.

8Nnyennyentwi mma ne wɔn,

wɔn a wonni din mma nso,

wɔapam wɔn afi asase so.

9 Hiob 17.6; Nnw 69.12; Kwa 3.63 Na afei madan wɔn sanku dwom,

na mayɛ wɔn sɛmmɔdɛ.

10 Mat 26.27 Wokyi me, wɔma me ne wɔn ntam pan,

na wɔnkame sɛ wɔtetew ntasu gu m’ani so.

11Na sɛ Onyankopɔn asan me hama na wabrɛ me ase nti,

wɔn nso atow ahohyɛso akyene wɔ m’anim.

12Me nifa so na ahuhufo no asɔre,

wosum me nan,

na wɔdan wɔn sɛe akwan ba me so.

13Wodwiriw me kwan, wɔboa me sɛe,

nso obi bi nsianka wɔn.

14Wɔba sɛ obuba a emu trɛw,

wɔnam huuyɛ no mu munimuni ba.

15Ahuyide adan akyerɛ me so,

wɔpam me bakomadi sɛ mframa,

na me yiyedi asen kɔ sɛ omununkum.

16 Nnw 42.4 Na afei me kra nan gu me mu,

amanehunu nna asuso me mu.

17Anadwo gurow me nnompe wɔ me mu,

na ɛyaw a ɛwe me no nnyae;

18 Hiob 7.5 emu den nko ara nti m’atade asakra,

emia me sɛ me kamisaa kɔn.

19Watow me akyene atɛkyɛ mu,

me ho ayɛ sɛ dɔte ne nso.

20 Hiob 19.7; Nnw 22.2 Misu mefrɛ wo, na wunnye me so,

migyina hɔ, na wohwɛ me haa.

21Woadan ayɛ sɛ otirimmɔdenfo ama me,

wode wo nsa a ɛyɛ den ne me di asi.

22Woma me so ma metena mframa so kɔ,

na woma menan huuyɛ mu.

23Na minim sɛ wode me bɛsan ama owu

ne ofi a ateasefo hyia mu no.

24Nanso so obi nteɛ ne nsa nhwehwɛ ogye odwiriw mu,

na sɛ obi reyera a,

onsu mfrɛ ɔboafo anaa?

25So mansu mamma nea ɔwɔ amane mu,

ohiani anyɛ me kra mmɔbɔ anaa?

26 Yer 14.19 Na metwɛn adepa, nso bɔne na aba,

na m’ani daa hann so, na esum kabii aba.

27M’ayamde huru, na ennyae,

amanehunu nna ato me.

28Mabiri tumm menenam,

nso emfi awia,

mesɔre bagua mu na meteɛm.

29Madan sare so akraman nua,

ne sohoribere adamfo.

30Me were abiri rewae afi me ho,

na ahohuru nti me nnompe ahyew.

31 Nnw 30.11 Na me sanku adan abooboodi,

na me bɔtɔwa adan asufo nne.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help