Yudit 16 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

Yudif ayeyi dwom

1Na Yudif kae sɛ:

Momfa asanku ne nnwom nto dwom

mma me Nyankopɔn,

momfa akasaa nto nnwom mma m’Awurade

Momma dwom foforo so mma no

Momma no so, na mommɔ ne din.

2Efisɛ Onyankopɔn ne Awurade a ɔma ɔko gyae;

ɔbɔ nsra wɔ ne nkurɔfo mu

ogyee me m'ataafo nsam,

na ɔde me aba ne nsra mu

wɔ ne nkurɔfo mfinimfini.

3Asiriani fi mmepɔw no so, atifi fam bae

Ɔne n’akofo no ara pii;

wɔn dodow siw petee mu akwan,

wɔn apɔnkɔsotefo kataa nkoko ani.

4Ɔhoahoaa ne ho sɛ ɔbɛhyew

me mpasua,

na ɔde nkrante akunkum me mmerante,

na wakunkum me nkokoaa

na wakyere me mma sɛ nkoa

na wafa me mmabaa sɛ asade.

5Nanso Otumfo Awurade abrɛ wɔn ase

ɔde faa ɔbea nsa so ama wɔahwe ase.

6Ɛnyɛ mmerante nsa so

na wɔn akatakyi hwehwee ase;

na ɛnyɛ Titan mma na etwaa no kyenee,

na ɛnyɛ nnipa atenten bi

na mmom Merari ba Yudif ni

ɔde n’ahoɔfɛ na eyii no

7Ɛnam sɛ oyii ne kunayɛ ntama

na ɔde maa wɔn a wɔrehyɛ

wɔn no so wɔ Israel.

Ɔde sradehuam sraa n’anim

8na ɔde ade soo ne ti nwi mu

na ɔhyɛɛ nwera atade

de daadaa no.

9Ne mpaboa yɛɛ fɛ n’ani so

na n’ahoɔfɛ faa n’adwene nnommum

ne nkrante twaa ne ti fii so.

10Persiafo bɔɔ hu wɔ n’akokoduru ho,

Medefo ho dwiriw wɔn

ne nnamyɛ ho.

11Na me nkurɔfo

a wɔwɔ ahokyere mu teɛteɛɛmu;

mmerɛwyɛfo dii ahurusi

na atamfo ho popoe;

na wɔmaa wɔn nneɛma so,

na atamfo no san wɔn akyi.

12Nkoa mma mu ababaa

de peaw wowɔɔ wɔn nyinaa;

opirapiraa wɔn sɛ akobɔfo mma,

na wɔhweree wɔn nkwa

wɔ Awurade asraafo anim.

13 Nnw 144.9 Mɛto dwom foforo ama me Nyankopɔn;

O, Awurade, woyɛ kɛse na w'anim yɛ nyam sɛ,

wo ho yɛ hu, wowɔ ahoɔden sɛ,

obi ntumi nni wo so nim.

14Ma w’abɔde nyinaa nsom wo,

wokae na ɛbae.

Wosomaa wo honhom bae,

na ɛbɛyɛɛ eyinom maa wo;

obiara nni hɔ a nea woaka no

otumi tutu gu.

15Efisɛ mmepɔw ne nsu

bɛwosow akodu wɔn fapem;

bɔ w'ani tɛtɛ, na abotan anan sɛ srade,

nanso wɔn a wosuro wo no,

w'ahummɔbɔ ba wɔn so.

16 1 Sa 15.22; Nnw 51.16, 17; Hos 6.6 Esiane sɛ afɔrebɔ a ɛyɛ huam biara yɛ ade ketewa

na ɔhyew afɔrebɔde nyinaa nso yɛ wo ade ketewa

nso nea osuro Awurade no yɛ kɛse afebɔɔ.

17Aman a wɔsɔre tia me nkurɔfo no nnue!

Otumfo Awurade bɛtɔ wɔn so were atemmuda no

ɔbɛsoma ogya ne asunson abewura wɔn honam mu;

wobesu daa wɔ yaw mu.

Yudif nna a edi akyi

18Mmere a woduu Yerusalem no wɔsom Nyankopɔn. Wɔtew wɔn ho ara pɛ, na wɔbɔɔ wɔn hyew afɔre, wɔn komam afɔre, na wɔde wɔn akyɛde mae.

19Holoferne agyapade nyinaa, ne akyɛde a nnipa de maa ɔno Yudif no, ɔde ne nyinaa sii hɔ, tew ho maa Awurade; na ntamadan a ɛkata mpadua no so a oyii wɔ pia no mu no nso, ɔde bɔɔ afɔre maa Awurade.

20Nnipa no ne Yudif gyee wɔn ani wɔ apontow ase saa asram abiɛsa wɔ Yerusalem kronkronbea hɔ.

21Eyi akyi no obiara kɔɔ ne fi nea n'ankasa agyapade wɔ. Yudif kɔɔ Bethulia na ɔkɔtenaa ne fi na ɔman mu no nyinaa hyɛɛ no anuonyam.

22Dodow no ara pɛe sɛ wɔware no, nanso wampene amfa ne ho amma ɔbarima biara fi bere a ne kunu Manase wui na wosiee no no.

23Ogyee din ara yiye, na onyin wɔ ne kunu fi, bɔɔ aberewa dii mfe ɔha ne anum. Ogyaa n’abaawa no kwan. Owui wɔ Bethulia, na wosiee no wɔ ne kunu Manase ɔbodan mu,

24na Israel fi yɛɛ no ayi nna nson. Ansa na ɔrebewu no ɔkyɛɛ n’agyapade mu maa ɔne ne kunu abusuafo.

25Na obiara ho anyɛ hu wɔ Israel wɔ Yudif bere so, na ne wu akyi mmere pii nso, obi ansɔre te sɛ ɔno.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help