1
Mo asase so atumfo
monnyɛ papa.
Monnwen AWURADE ho papayɛ mu,
na momfa nokwaredi nhwehwɛ no mo komam;
2Esiane sɛ wɔn a wɔsɔ no hwɛ no na wohu no
na ɔda ne ho adi kyerɛ wɔn a wogye no di.
3Efisɛ adwenhunu pam nnipa fi Nyankopɔn ho,
na sɛ wosɔ ne tumi hwɛ a,
ɛma wuhu wo mmerɛwyɛ
4ne nyansa renhyɛn onipa daadaafo mu,
na ɔrentena ɔbɔnefo mu.
5Onipa trenee bɛtwe ne ho afi nnaadaa ho,
na wagyaw nkwasea adwene ato nkyɛn
na sɛ bɔne rebɛn a obeguan
Onyankopɔn nim nea yɛka6Nyansa yɛ honhom pa
nanso ɔremma abusuyɛfo ho nyɛ wɔn tɔtrɔtɔɔ
efisɛ AWURADE hu wɔn komam nneyɛe nyinaa nokwarem;
na ɔte nea wɔka nyinaa.
7Efisɛ AWURADE Honhom ahyɛ wiase nyinaa ma,
na nea okura nneɛma nyinaa no, nim nea wɔka.
8Ne saa nti Awurade hu nea, ɔka nea ɛnteɛ no,
na atemmu ba a ɛbɛka wɔn
9Ɔnam sɛ wɔbɛhwehwɛ onipabɔne nsɛm mu
na wɔn anom nsɛm ho amanneɛbɔ
bɛba AWURADE anim
na wabu wɔn fɔ wɔn bɔne ho;
10Efisɛ AWURADE wɔ nunkutwe aso na ɔte nsɛm nyinaa
na ɔte anwiinwii nso.
11Nti hwɛ yiye wɔ anwiinwii hunu ho,
na kora wo tɛkrɛma fi atosɛm ho;
esiane sɛ asumasɛm biara nni hɔ a ɛrempue,
na ano a edi atoro no sɛe onipa kra.
Nyankopɔn ammɔ Owu12Nni abrabɔ mu mfomso mfrɛfrɛ owu,
anaa mfa wo nsaano dwuma ntwetwe ɔsɛe;
13 Hes 18.32; 33.11; 2 Es 3.7; 2 Pe 3.9 Efisɛ Nyankopɔn ammɔ owu,
na n’ani nnye ɔteasefo wu ho.
14Esiane sɛ ɔbɔɔ ade nyinaa sɛ wɔntena ase,
na mmeresanten ahonhom a
wɔwɔ wiase no di mu,
na bɔre a ɛsɛe ade nni mu;
na asaman tumi nni asase so.
15Ɔnam sɛ adetreneeyɛ bɛkyebo.
Abrabɔ no sɛnea wiasefo hu no16 Mmb 8.36; Yes 28.15; Sir 14.12 Na amumɔyɛfo de, wɔde wɔn anom asɛm
ne wɔn nneyɛe twetwee owu bae,
wɔfaa no sɛ wɔn nnamfo,
wosii mu, twaa mu kɔe,
na wɔne no yɛɛ apam,
efisɛ wɔfata sɛ wɔne no bɔ.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
