1 Makabe 4 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

Emaus ko

1Afei Gorgia de asraafo anammɔn mufo mpemnum ne apɔnkɔ so asraafo apem, na saa dɔm yi puee anadwo.

2Sɛ wɔbɛtow ahyɛ Yuda mpasua no so mpofirim akyere wɔn. Mmarima a wofi aban dennen no mu na ɛbɔ ne ho ban.

3Na Yuda tee nka, enti ɔne n'asraafo pue kɔbɔ hyiaa ɔhene asraafo no wɔ Emaus,

4bere a na wonni nsraban no mu.

5Na Geogia hyɛn nsraban mu hɔ anadwo no wanhu obiara wɔ hɔ, enti ɔkɔ hwehwɛɛ wɔn wɔ mmew no so. Efisɛ ose: Saa nnipa yi reguan afi yɛn anim.

6Ade kyee no, wohuu Yuda ne asraafo mpensa wɔ sare no so. Nanso na wonkura akode ne nkrante sɛnea wɔpɛ.

7Na wohuu amanaman no nsraban sɛ ɛyɛ den na banbɔ no di mu. Apɔnkɔso asraafo atwa ho ahyia, na wonim akodi yiye.

8Nanso Yuda ka kyerɛɛ wɔn a wɔka ne ho no sɛ: Munnsuro wɔn dodow no, na wɔwosow wɔn ho a munsuro.

9Mokae sɛnea wogyee yɛn nenanom nkwa wɔ Mmɛw Po no mu.

10Afei momma yensu mfrɛ Awurade nhwɛ sɛ ɔbɛdom akae yɛne yɛn agyanom apam no, na wadi yɛn atamfo yi so ama yɛn.

11na ama amanaman ahu sɛ: Obi wɔ hɔ a ogye Israel nkwa.

12Bere a ahɔho huu wɔn sɛ wɔreba wɔn so no,

13Wofii wɔn ntamadan mu kohyiaa wɔn ne wɔn koe. Na mmarima a wɔka Yuda ho hyɛn wɔn torobɛnto,

14na wɔde ɔko bɔɔ ani, na wodii amanaman mufo no so, na woguan kɔɔ sare no so.

15Na wɔn a wodi wɔn akyi nyinaa totɔe nkrante ano. Wɔpam wɔn kɔɔ Gasara, ne Idumea sare so, koduu Asoto, ne Yamia, na nnipa mpensa wuwui.

16Na Yuda ne n'asraafo no gyae wɔn akyi di.

17na ɔka kyerɛɛ ne nkurɔfo no sɛ: Mommpere mmpɛ asade, na ɔko da yɛn anim.

18Gorgia ne ne dɔm no bɛn yɛn pɛɛ wɔ mmew yi so. Nanso munnyina atamfo no anim, ne wɔn nko, na akyi yi moasesaw asade no mmarima so.

19Yuda rewie ne kasa yi pɛ na dɔm no fa bi pue fii mmew no so bae.

20Wohuu wusiw a ɛkyerɛ sɛ wɔn asraafo no rehyew nsraban no.

21Wohuu eyi no, wɔn bo tui yiye, sɛ Yuda ne n'asraafo no ayɛ krado wɔ sare no so sɛ wɔne wɔn rebɛko.

22Na wɔn nyinaa, bɔɔ wɔn ho aguaa kɔ Filistifo asase so.

23Afei Yuda san bɛfow nsraban no mu ade, nyaa sika kɔkɔɔ, dwetɛ ne ntama a wɔde hoa ahyɛ no aduru, ne nea ɛsɛ po nsu, ne ahode pii.

24Wɔsan wɔn akyi bae no, wɔtoo dwom yii Awurade ayɛ: Efisɛ oye na n'adɔe wɔ hɔ daa.

25Enti Israel nyaa ogye saa da no.

26Ahɔho a ɛbɔɔ wɔn ho aguaa no, de wɔn ho kɔmaa Lisia kaa nea asi nyinaa kyerɛɛ no.

27Ɔtee no, ɛhaw no pii maa n'abasa mu tui, efisɛ nneɛma ankɔ amma Israel sɛnea anka ɔpɛ no.

28Afe dui no, ɔboaboaa asraafo a wɔnam fam a, wɔn dodow si mpem aduosia, ne apɔnkɔ so asraafo mpemnum kɔtoaa wɔn.

29Wobeduu Idumea no, wɔbɔɔ nsra wɔ Bet-sur, na Yuda de asraafo ɔpedu kohyiaa no.

30Ohui sɛ wɔn asraafo no ho yɛ den no, ɔbɔɔ mpae sɛ: Hyira ne wo Israel agyenkwa a wode w'akoa Dawid bubuu ɔkofoni kɛse ntoabɔ. Wo na wɔde Filistifo nsraban hyɛɛ Saul ba Yonatan akodekurafo nsa.

31Fa asraafo yi, hyɛ wo man Israel nsa, na gu wɔn ne apɔnkɔ sotefo yi anim ase.

32Ma wɔnan ahufo, na brɛ wɔn ahoɔden ase, ma wɔn ho mpopo wɔn sɛe mu.

33Ma wɔn a wɔdɔ wo no mfa wɔn nkrante nkunkum wɔn, na ma wɔn a wonim wo din no, nto ayeyi dwom mma wo.

34Afei afanu no de kosii anim, na Lisia asraafo no mpemnum totɔe akono hɔ.

35Lisia hui sɛ n'asraafo no adi nkogu no, na ohui akokoduru ne nkuranhyɛ, a ekura Yuda asraafo no, sɛ wobenya nkwa anaa wobewu anuonyam so no, oguan kɔɔ Antiokia kɔpɛɛ akofo, sɛnea ɛbɛyɛ a obetumi de asraafo dɔm kɛse akɔtoa Yuda bio.

Asɔrefi hɔ ahotew ne mpagyaw

36Na Yuda see ne nuanom sɛ: Hwɛ yɛabrɛ yɛn atamfo ase, momma yɛnkɔtew kronkronbea hɔ, na yɛmpagyaw no bio.

37Enti asraafo no nyinaa hyia kɔɔ bepɔw Sion so.

38Na wokohuu sɛ kronkronbea hɔ abɔ ntuw, na afɔremuka no ho agu fi, na n'apon nso wɔde gya ahyew. Wohuu sɛ nwura afifi sɛ kwae, anaasɛ bepɔw so nwura no bi, wɔ asɛnniibea hɔ. Wohuu bio sɛ asɔfo tenae hɔ nso asɛe.

39Na wɔtetew wɔn ntade mu, na wosuu pii, de nso yɛɛ wɔn ho nyinaa.

40Na wɔde wɔn anim butubutuw fam, na bere a wɔbɔɔ trobɛnto no, wɔteɛɛm su frɛɛ Awurade.

41Na Yuda de nnipa bi wɛn aban no, kosii sɛ wowiee kronkronbea no ho tew.

42Ɔpaw asɔfo a wɔn ho nni dɛm bi sɛ wɔnhwɛ mmara no so.

43Wɔtew kronkronbea hɔ, sesaw abo a ɛho agu fi no, kɔɔ beae pɔtɔɔ bi.

44Wosusuwii ɔhyew afɔre muka a ɛho agu fi no ho.

45Wogye too mu sɛ eye sɛ wobubu, na anyɛ animguase amma wɔn sɛ: Amanaman mufo agu ho fi. Enti wobubui.

46Na wɔkoraa abo no wɔ beae pa, wɔ asɔredan no atifi, kosii sɛ: Odiyifo bi bɛkyerɛ nea wɔmfa nyɛ.

47Na sɛnea mmara no kyerɛ no, wɔfaa abo a wɔnyɛɛ no hwee, de yɛɛ afɔremuka sɛ kan de no ara pɛ.

48Wɔsan sii kronkronbea no foforo, siesiee asɔredan no mu, na wɔtew asenniibea hɔ.

49Wɔyɛɛ asɔrefi nkuruwa foforo, na wɔde kaneadua no, ne aduhuam afɔremuka no, ne ɔpon no baa asɔredan mu hɔ.

50Na wɔde aduhuam bɔɔ afɔre wɔ afɔre muka no so, sɔɔ kanea wɔ kaneadua no so, na eyi hyerɛn asɔrefi hɔ nyinaa.

51Wɔde abodoo no too pon no so, de mmɔhɔɔ no sensɛn hɔ, de wiee adwuma a wɔde too wɔn ho so no.

52Ɔsram Kislew a ɛte sɛ Ɛbɔ sram a ɛto so akron afe no mu, da a ɛto so aduonu anum anɔpahema

53sɛnea mmara no kyerɛ no, wɔsɔre bɔɔ ɔhyew afɔre wɔ afɔre muka foforo no so.

54Saa bere no, da no ara a amanaman mufo guu ho fi no, wɔde asankubɔ, nnwonto atɛntɛbɛn ne bɔmaa pagyaw no, tew ho.

55Wɔn nyinaa de wɔn anim butubutuw fam, kotow Awurade hyiraa no, sɛ ɔne wɔn adi no yiye.

56Enti wɔde nna awotwe dii afɔre muka mpagyaw afahyɛ no. Na wɔde anigye bɔɔ ɔhyew afɔre, bɔɔ yiyedi afɔre, ne aseda afɔre nso.

57Wɔde sika ahenkyɛw ne nkatabo nketenkete siesiee asɔredan no anim. Wosiesiee apon no ne asɔfo mpia no na wɔde apon sisii ano.

58Nnipa no ani gyei papaapa, na woyii ahohora a amanaman mufo de aba wɔn so no hɔ.

59Afei Yuda ne ne nuanom ne Israel asafo nyinaa sii wɔn bo sɛ: Afe biara saa bere no, wɔde nna awotwe bedi afɔremuka mpagyaw afahyɛ no anigye so. Wɔde ɔsram Kislew da a ɛto aduonu anum no na ɛbɛhyɛ ase.

60Saa bere no, wɔbɔɔ bepɔw Sion ho ban, twaa afasu atenten ne mu aban tenten faa ho hyiae.

61Yuda de asraafo tenaa hɔ bɔɔ ho ban, ɔsan bɔɔ Bet-sur ho ban nea ɛbɛyɛ a, wobenya beae a ɛyɛ den a ɛkyerɛ Idumea so.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help